2
Eyinom ne Yudafo nnommum a wɔwɔ amantam no mu a wofi asutwa mu baa Yerusalem ne Yuda nkurow bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na otwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia. Na wɔn ntuanofo yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia,* Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana.
 
Israel mmarima a wofi asutwa mu bae no dodow ni:
Dodow a wɔyɛ
   Paros asefo 2,172
Sefatia asefo 372
Arah asefo 775
Pahat-Moab asefo (Yesua ne Yoab asefo) 2,812
Elam asefo 1,254
Satu asefo 945
Sakai asefo dodow yɛ 760
10 Bani asefo dodow yɛ 642
11 Bebai asefo dodow yɛ 623
12 Asgad asefo dodow yɛ 1,222
13 Adonikam asefo dodow yɛ 666
14 Bigwai asefo dodow yɛ 2,056
15 Adin asefo dodow yɛ 454
16 Ater asefo (Hesekia asefo) dodow yɛ 98
17 Besai asefo dodow yɛ 323
18 Yora asefo dodow yɛ 112
19 Hasum asefo dodow yɛ 223
20 Gibar asefo dodow yɛ 95
21 Betlehemfo dodow yɛ 123
22 Netofafo dodow yɛ 56
23 Anatotfo dodow yɛ 128
24 Asmawetfo dodow yɛ 42
25 Kiriat-Yearimfo, Kefirafo ne Beerotfo dodow yɛ 743
26 Ramafo ne Gebafo dodow yɛ 621
27 Mikmasfo dodow yɛ 122
28 Bet-Elfo ne Aifo dodow yɛ 223
29 Nebo ɔmanmma dodow yɛ 52
30 Magbis ɔman dodow yɛ 156
31 Elam ɔmanmma dodow yɛ 1,254
32 Harim ɔmanmma dodow yɛ 320
33 Lod, Hadid ne Ono manmma dodow yɛ 725
34 Yeriko ɔmanmma dodow yɛ 345
35 Senaa ɔmanmma dodow yɛ 3,630
 
36 Eyinom ne asɔfo dodow a wofi nnommum mu bae:
Yedaia asefo (a wɔnam Yesua fi so) dodow yɛ 973
37 Imer asefo dodow yɛ 1,052
38 Pashur asefo dodow yɛ 1,247
39 Harim asefo dodow yɛ 1,017
 
40 Eyinom ne Lewifo a wofi nnommum mu bae:
Yesua ne Kadmiel asefo (Hodawia asefo) dodow yɛ 74
 
41 Nnwontofo:
Asaf asefo mu nnwontofo dodow yɛ 128
 
42 Aponanohwɛfo:
Salum, Ater, Talmon asefo
Akub, Hatita ne Sobai asefo 139
 
43 Saa asɔredan mu asomfo asefo yi na wofi nnommum mu bae:
Siha, Hasufa, Tabaot,
44 Keros, Siaha, Padon,
45 Lebana, Hagaba, Akub,
46 Hagab, Samlai, Hanan,
47 Gidel, Gahar, Reaia,
48 Resin, Nekoda, Gasam,
49 Usa, Paseah, Besai,
50 Asna, Meunim, Nefisi,
51 Bakbuk, Hakufa, Harhur,
52 Baslut, Mehida, Harsa,
53 Barkos, Sisera, Tema,
54 Nesia ne Hatifa.
55 Ɔhene Salomo asomfo asefo yi nso fi nnommum mu bae:
Sotai, Hasoferet, Peruda,
56 Yaala, Darkon, Gidel,
57 Sefatia, Hatil,
Pokeret-Hasebaim ne Ami.
58 Na asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no dodow yɛ 362
 
59 Saa bere no, kuw foforo a wofi Tel-Melah, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkurow so san baa Yerusalem. Nanso wɔantumi ankyerɛ mu sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafo yɛ Israel asefo.
Saa nnipakuw yi ne:
60 Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua a wɔn dodow yɛ 652
 
61 Asɔfo mmusua abiɛsa:
Habaia, Hakos ne Barsilai no nso san baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ofi Gilead no mmabea no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.)
62 Nanso, na wɔayera wɔn anato nhoma no nti wɔmma wɔn ho kwan ansom sɛ asɔfo. 63 Na amrado no mma kwan mma wonnni afɔrebɔ nnuan mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfo bi wɔ hɔ a ɔnam ntontobɔ kronkron so bisa Awurade.
 
64 Enti nnipa a wɔsan baa Yuda no nyinaa dodow yɛ mpem aduanan abien, ahaasa ne aduosia (42,360), 65 a asomfo mpem ason ahaasa aduasa ason (7,337) nka ho, ne nnwontofo§ ahannu (200) a wɔyɛ mmarima ne mmea. 66 Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa asia (736), mfurum ahannu aduanan anum (245), 67 yoma ahannan aduasa anum (435) ne mfurumpɔnkɔ mpem asia ne ahanson aduonu (6,720) kaa wɔn ho kɔe.
 
68 Bere a woduu Awurade asɔredan no ho wɔ Yerusalem no, abusua ntuanofo no bi fii koma pa mu yii ntoboa a wɔde besiesie Awurade asɔredan no wɔ ne sibea dedaw mu hɔ. 69 Na ntuanoni biara maa nea obetumi. Akyɛde a wɔde mae no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika nnwetɛbona mpem aduosia baako (61,000), dwetɛ nkaribo pɔn mpem ahansia ahannu aduonum (600,250) na asɔfotade ɔha (100) a wɔde bɛma asɔfo.
70 Enti asɔfo, Lewifo, nnwontofo, aponanohwɛfo, asɔredan mu asomfo ne ɔmanmma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem no. Nkae no san kɔɔ Yuda nkurow afoforo bi a wofi hɔ bae no so.
* 2:2 Saa Nehemia yi nyɛ Nehemia a ɔkyerɛw Nehemia Nhoma no. 2:41 Na Asaf yɛ Lewifo no mu baako a Dawid yii no ma ɔhwɛɛ nnwomkyerɛ so. 2:42 Na aponanohwɛfo no yɛ Lewifo a wɔwɛn Asɔredan no kwan ano. § 2:65 Lewifo nnwontofo no akyi no na nnwontofo foforo bi wɔ hɔ a wɔto nnwom wɔ afahyɛ, aware ne ayi ase.