3
Wɔsan Si Afɔremuka No
Ɔsram a ɛto so ason mfiase a Israelfo abɔ atenase wɔ wɔn nkurow mu no, nnipa no nyinaa hyiaa sɛ nnipa koro wɔ Yerusalem. Na Yosadak babarima Yesua ne ne mfɛfo asɔfo ne Sealtiel babarima Serubabel ne nʼabusuafo fii ase siesiee Israel Nyankopɔn afɔremuka no, sɛnea wobetumi abɔ ɔhyew afɔre wɔ so, sɛnea wɔahyɛ wɔ Mose a ɔyɛ Onyankopɔn nipa no mmara mu no. Ɛwɔ mu sɛ na nkurɔfo no suro amannifo a wɔtete hɔ no de, nanso wɔsan sii afɔremuka no wɔ ne dedaw mu hɔ. Ɛhɔ ara na wofii ase bɔɔ ɔhyew afɔre maa Awurade. Wɔyɛɛ saa anɔpa ne anwummere biara. Wodii Asese Afahyɛ no sɛnea wɔakyerɛ wɔ Mose mmara nhoma no mu no, na wɔbɔɔ ɔhyew afɔre, sɛnea afahyɛ da biara de te no. Ɛno akyi no, wɔbɔɔ daa ɔhyew afɔre no ne afɔre a ɛsɛ sɛ wɔbɔ ma Ɔsram Foforo Afahyɛ no ne mfe ahorow afahyɛ de maa Awurade. Na nnipa no bɔɔ ɔpɛ pa mu afɔre nso de maa Awurade. Aka nnaawɔtwe abien na Guankɔbea Afahyɛ no adu so no, asɔfo no fii ase bɔɔ ɔhyew afɔre maa Awurade. Wofii eyi nso ase ansa na wɔreto Awurade asɔredan no fapem.
Na wɔbɔɔ adansifo ne nnuadwumfo paa na wɔtɔɔ sida nnua fi Tirofo ne Sidonfo nkyɛn, na wɔde nnuan, nsa ne ngo tuaa wɔn ka. Wɔde nnua no fi Lebanon mmepɔw so guu po ani baa Yopa, a na ɔhene Kores ama ho kwan.
Wofii Onyankopɔn asɔredan no si ase wɔ ɔsram a ɛto so abien mu afe a ɛto so abien fi bere a wokoduu Yerusalem no. Wɔn a wofi asutwa mu bae no nyinaa yɛɛ ho adwumayɛfo a Sealtiel babarima Serubabel, Yosadak babarima Yesua ne ne mfɛfo asɔfo ne Lewifo nyinaa nso ka ho. Lewifo a na wɔadi mfe aduonu ne wɔn a wɔboro saa no na wɔde Awurade asɔredan no asiesie hyɛɛ wɔn nsa. Yesua ne ne mmabarima ne nʼabusuafo ne Kadmiel ne ne mmabarima ne Hodawia asefo nyinaa na wɔde Onyankopɔn asɔredan ho adwumayɛfo hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔnhwɛ wɔn so. Henadad abusuafo Lewifo na wɔboaa hwɛɛ saa dwumadi yi so.
10 Bere a adansifo no wiee Awurade asɔredan no fapem no, asɔfo no hyɛɛ wɔn asɔfotade, kɔtenaa wɔn tenabea, hyɛn wɔn ntorobɛnto. Na Asaf asefo Lewifo no bɔɔ wɔn kyɛnkyɛn, de kamfoo Awurade sɛnea na ɔhene Dawid ahyɛ no pɛpɛɛpɛ. 11 Wɔde nkamfo ne aseda too saa dwom yi maa Awurade se:
“Oye,
Na nʼadɔe wɔ hɔ daa ma Israel afebɔɔ!”
Na ɔmanfo no nyinaa teɛɛ mu ahoɔden so, de kamfoo Awurade, efisɛ Awurade asɔredan fapem no, wɔato. 12 Asɔfo mpanyimfo no bebree, Lewifo ne ntuanofo no kaee asɔredan a edi kan no, sui bere a wohuu asɔredan foforo no fapem a wɔato no. Na afoforo nso teɛteɛɛ mu anigye so. 13 Anigye nteɛteɛmu ne osu a adi afra no ano yɛɛ den, na nnipa tee wɔ akyirikyiri.