4
Atamfo Sɔre Tia Asɔredan No Asiesie
Yuda ne Benyamin* atamfo no tee sɛ wɔn a wotwaa wɔn asu no resiesie Awurade, Israel Nyankopɔn, asɔredan no. Enti wɔkɔɔ Serubabel ne ntuanofo no a wɔaka no nkyɛn, na wɔkae se, “Momma yɛne mo nsi, efisɛ yɛsom mo Nyankopɔn sɛnea mosom no no. Efi bere a Asiriahene Esarhadon de yɛn baa ha yi, yɛabɔ afɔre ama no.”
Na Serubabel, Yesua ne Israel ntuanofo bi buae se, “Munni kyɛfa wɔ saa dwuma yi di mu, efisɛ yɛne mo nni hwee yɛ. Yɛn nko ara na yebesi Awurade, Israel Nyankopɔn, asɔredan no sɛnea Persiahene Kores ahyɛ yɛn no.”
Na ɔmanfo no pɛɛ sɛ wobu Yudafo no aba mu na wohunahunaa wɔn wɔ adwuma no yɛ ho. Wɔhyɛɛ ananmusifo bi afono mu sɛ wɔnhaw wɔn na wɔnsɛe wɔn botae no. Eyi kɔɔ so wɔ Persiahene Kores ahenni nyinaa mu kosii bere a Persiahene Dario bedii ahengua no.
Bere a Ahasweros dii ade mfe kakraa bi akyi no, Yudafo atamfo kyerɛw no krataa, bɔɔ kwaadu tiaa Yuda ne Yerusalem.
Na ɛno akyi no mpo, Persiahene Artasasta bere so no, Yuda atamfo a Bislam, Mitredat ne Tabeel di anim, kyerɛw krataa wɔ Arameike kasa mu kɔmaa Artasasta, na wɔkyerɛɛ ase kyerɛɛ ɔhene no.
Amrado Rehum ne Simsai a ɔyɛ asennii kyerɛwfo kyerɛw krataa kɔkyerɛɛ ɔhene Artasasta sɛnea ɔman Yerusalem mu te.
Wokyiaa ɔhene no ma ɛkɔtoo wɔn a wɔne wɔn bɔ, atemmufo ne ɔman no mu ntuanofo, Tarpela manfo, Persiafo, Babelfo ne Elamfo. 10 Wɔsan kyiaa nnipa a wɔaka no a ɔkɛse ne otitiriw Asurbanipa atwa wɔn asu, de wɔn akogu Samaria ne nsase a atwa hɔ ahyia wɔ asu Eufrate atɔe fam no so no.
11 Eyi yɛ krataa a wɔde kɔmaa no no nsɛso:
Efi wʼasomfo a wɔwɔ asu Eufrate agya no nkyɛn de kɔma Artasasta:
12 Yɛrebɔ wo amanneɛ sɛ, Yudafo a wofi Babilonia baa Yerusalem ha no resiesie atuatewfo ne abɔnefo kurow no. Wɔato afasu no fapem dedaw, na ɛrenkyɛ na wɔawie.
13 Na yɛpɛ sɛ wote sɛ, sɛ wosiesie kurow yi ne nʼafasu no wie a, ɛremmoa wo koraa, efisɛ Yudafo no rentua wɔn tow ne aguade biara mma wo. 14 Esiane sɛ yɛyɛ wʼasomfo nokwafo nti, yɛmpɛ sɛ wʼanim begu ase wɔ saa kwan yi so nti na yɛrebɔ wo saa amanneɛ yi. 15 Yɛpɛ sɛ wohwehwɛ wʼagyanom nkrataa mu, hu sɛnea saa kurow yi yɛɛ atuatew kurow tete no. Nokware ni, wɔsɛee no, esiane abakɔsɛm tenten a ɛda hɔ sɛ wɔsɔre tiaa ahemfo ne aman a wɔpɛe sɛ wodi wɔn so no nti. 16 Yɛpae mu ka se, sɛ wosiesie kurow yi na wowie nʼafasu no a, wobɛhwere asu Eufrate agya asase no.
17 Artasasta mmuae ni:
Mede krataa yi kɔma amrado Rehum, asennii kyerɛwfo Simsai ne wɔn mfɛfo a wɔte Samaria ne wɔn a wɔwɔ asu Eufrate agya no nyinaa.
18 Mikyia mo nyinaa. Krataa a mokyerɛwee no, wɔakyerɛ ase, akenkan akyerɛ me. 19 Mahyɛ sɛ wɔnkɔyɛ nkrataa mu mpɛnsɛnpɛnsɛnmu, na mahu sɛ, ampa ara, mmere bi a atwa mu no, na Yerusalem yɛ atuatewman a etiaa ahemfo bebree a na abantugu yɛ ade a wɔyɛ daa wɔ hɔ. 20 Ahemfo atumfo a adi ade wɔ Yerusalem ne asu Eufrate agya no nyinaa agye tow ne aguade bebree. 21 Ɛno nti, hyɛ na saa nnipa yi nnyae wɔn adwuma. Ɛnsɛ sɛ wosiesie kurow no, gye sɛ mema ho kwan. 22 Monntwentwɛn so koraa, efisɛ ɛnsɛ sɛ yɛma asɛm no gye nsam.
23 Bere a wɔkenkan saa krataa a efi ɔhene Artasasta nkyɛn kyerɛɛ Rehum, Simsai ne wɔn mfɛfo no, wɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Yerusalem kɔhyɛɛ Yudafo no ma wogyaee adansi no.
 
24 Wogyaee Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho adwumayɛ, wɔ nea adu hɔ ara, kosii Persiahene Dario ahenni afe a ɛto so abien no so.
* 4:1 Na Benyaminfo yɛ Samariafo.