11
Misraimfo Mmakan Wu Ho Kɔkɔbɔ
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Mɛma ɔhaw a etwa to aba Farao ne nʼasase so. Na ɛno akyi no, ɔbɛma mo akɔ. Nokware, ne ho bɛpere no sɛ mubefi ne ho ama ɔno ara apam mo afi ɔman no mu. Monka nkyerɛ Israelfo mmarima ne mmaa nyinaa se wɔnsrɛ wɔn amannifo Misraimfo no na wɔmma wɔn sikakɔkɔɔ ne dwetɛ adwinne.” Awurade maa Misraimfo no huu Israelfo no mmɔbɔ, na Mose nso yɛɛ onipa kɛse a na Farao mpanyimfo ne Misraimfo no bu no yiye wɔ ɔman no mu.
Mose bɔɔ Farao amanneɛ se, “Nea Awurade se ni, ‘Anadwo nnɔndumien metwa mu wɔ Misraim asase so. Na Misraim fi biara mu ɔbabarima panyin bewu. Efi Farao babarima panyin so, ne dehye a obedi nʼade, ne somfo mu somfo kumaa koraa ba panyin ne ne nyɛmmoa abakan nyinaa bewuwu. Na owu no ho agyaadwotwa bedu Misraim asase so nyinaa. Awerɛhow a ɛte saa mmaa Misraim asase so da, na bi nso remma da bio. Na Israelfo mu de, biribiara bɛyɛ dwoodwoo na ɔkraman mpo rempɔw.’ Na ɛbɛma woahu sɛ, Awurade de nsonoe ato Misraimfo ne Israelfo ntam! Wo mpanyimfo yi nyinaa betu mmirika, adi mʼakyi, akotow asrɛ sɛ, ‘Yɛpa wo kyɛw, fi ha ntɛm na kɔfa wo nkurɔfo nyinaa ka wo ho kɔ.’ Sɛ ɛba saa a ansa na mɛkɔ!” Mose wiee kasa no, ɔde abufuwhyew fii ahemfi hɔ kɔe.
Na Awurade aka akyerɛ Mose se, “Asɛm a wobɛka no, Farao rentie. Na ɛno so na megyina ayɛ anwonwade de ada me tumi adi.” 10 Ɛwɔ mu sɛ Mose ne Aaron yɛɛ saa anwonwade no nyinaa wɔ Farao anim de, nanso Awurade pirim ne koma sɛnea ɔremma nnipa no mfi asase no so nkɔ.