10
Mmoadabidɔm Haw
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “San kɔ Farao nkyɛn efisɛ mapirim ɔne ne mpanyimfo nyinaa koma sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ayɛ me nsɛnkyerɛnne ahorow yi wɔ wɔn mu na ɛnam so ama woatumi aka anwonwade a mayɛ wɔ Misraim asase so no akyerɛ wo mma ne wo nenanom, sɛnea me ne Misraimfo no dii no nwenweenwen ne sɛnea meyɛɛ nsɛnkyerɛnne ahorow wɔ wɔn mu no, na ama woahu sɛ mene Awurade no.”
Enti Mose ne Aaron kohuu Farao ka kyerɛɛ no se, “Awurade a ɔyɛ Hebrifo Nyankopɔn no se mimmisa wo se, ‘Enkosi da bɛn na wubebu me animtiaa? Ma me nkurɔfo nkɔ na wɔnkɔsom me. Sɛ woamma wɔn ankɔ a, ɔkyena nko ara mɛma mmoadabi aba wo man yi mu. Wɔbɛkata asase no ani nyinaa. Na wɔbɛwe biribiara a ɛkae a mparuwbo a ɛtɔe no ansɛe no no nyinaa a wuram nnua nyinaa ka ho. Mmoa no bɛhyɛ wʼahemfi hɔ, wo mpanyimfo afi mu ne Misraimfo afi nyinaa ma tɔ. Ɛbɛyɛ ɔhaw a, efi bere a mo agyanom bɛtenaa asase yi so de besi nnɛ no, bi nsii saa da.’ ” Na Mose fii Farao anim kɔe.
Farao mpanyimfo bisaa no se, “Enkosi da bɛn na saa ɔbarima yi bɛyɛ yɛn konnua? Wunhuu sɛ Misraim nyinaa adan amamfo? Ma nnipa no kwan na wɔnkɔ nkɔsom Awurade wɔn Nyankopɔn no!”
Enti wɔsan de Mose ne Aaron baa Farao anim. Farao kae se, “Eye, monkɔsom Awurade, mo Nyankopɔn no. Na ɛhefo na mo ne wɔn bɛkɔ?”
Mose buaa Farao se, “Yɛde mmofra ne mpanyin, yɛn mmabarima, yɛn mmabea, yɛn nguan ne yɛn anantwi na ɛbɛkɔ. Yɛde yɛn agyapade nyinaa na ebetu saa kwan no, efisɛ ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ Awurade afahyɛ no.”
10 Farao de abufuw buae se, “Sɛ mɛma mode mmofra nketewa yi akɔ a, ɛno de, Awurade ankasa nka mo ho. Mahu sɛ mowɔ adwemmɔne. 11 Ɛnsɛ sɛ ɛba saa. Mo mmarima no, monkɔsom Awurade, efisɛ ɛno na mobisaa me.” Farao pam wɔn fii nʼahemfi hɔ.
12  Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Teɛ wo nsa wɔ Misraim so na mmoadabi mmɛkata asase no nyinaa so, na wonni biribiara a mparuwbo no ansɛe no no.”
13 Enti Mose maa ne pema so kyerɛɛ Misraim asase so maa Awurade bɔɔ mframa bi fii apuei fam awia ne anadwo. Ade kyee no, na apuei mframa no de mmoadabi no abegu asase no so nyinaa. 14 Mmoadabi no kataa Misraim asase no so mmaa nyinaa. Misraim abakɔsɛm kyerɛ se, mmoadabi mmaa ɔman no mu saa da na bi nso remma saa bio. 15 Mmoa no kataa asase ani nyinaa ma wosiw owia ani enti wɔmaa sum duruu asase no so. Wɔwee biribiara a mparuwbo no ansɛe no no; biribiara a ɛyɛ ahabammono anka; sɛ ɛyɛ dua anaa afifide a ɛwɔ ɔman no mu baabiara no.
16 Ntɛm pa ara Farao tuu abɔfo kɔfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn se, “Mayɛ bɔne atia Awurade, mo Nyankopɔn no, ne mo nyinaa. 17 Afei, momfa me bɔne nkyɛ me bio na monsrɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, sɛ onyi owu yi mfi yɛn so.”
18 Enti Mose fii Farao anim kɔsrɛɛ Awurade. 19  Awurade bɔɔ atɔe fam mframa dennen bi ma epiaa mmoadabi no nyinaa koguu Po Kɔkɔɔ no mu, a anka ɔbaako pɛ koraa wɔ Misraim asase no so. 20 Nanso Awurade pirim Farao koma nti wamma Israelfo no ankɔ.
Sum Kabii Duru
21  Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Teɛ wo nsa kyerɛ soro mma sum kabii mmeduru Misraim asase so.” 22 Enti Mose teɛɛ ne nsa hwɛɛ soro maa sum kabii beduruu Misraim asase no so nnansa. 23 Sum no duruu saa no, na obiara nhu hwee na wontumi ntu wɔn anan nso nnansa. Nanso Israelfo no de, na nea wɔte hɔ yɛ hann.
24 Farao frɛɛ Mose ka kyerɛɛ no se, “Kɔ na kɔsom Awurade. Wubetumi de wo mma aka wo ho akɔ; nanso wo nguan ne wʼanantwi no de, ma wɔnka ha.”
25 Nanso Mose buae se, “Dabi, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nguan ne yɛn anantwi kɔ na yɛde wɔn mu bi bɔ ɔhyew afɔre ma Awurade, yɛn Nyankopɔn. 26 Aboa tɔte koraa yɛrennyaw wɔ ha; ɛsɛ sɛ yɛbɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn no afɔre. Yennim nea ɔbɛpɛ gye sɛ yedu hɔ.”
27 Nanso Awurade pirim Farao koma nti wamma wɔn ankɔ. 28 Farao teɛteɛɛ Mose se, “Fi mʼani so kɔ! Mɛhwɛ sɛ woremma mʼanim bio! Da a wubehu mʼanim no, wubewu.”
29 Mose buae se, “Meremma wʼanim bio sɛnea woreka no pɛpɛɛpɛ.”