13
Abakan Biara Yɛ Onyankopɔn Dea
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Tew Israelfo mmabarima ne aboa biara abakan ho ma me; wɔn nyinaa yɛ me dea.”
Na Mose ka kyerɛɛ nnipa no se, “Nnɛ yɛ da a ɛsɛ sɛ mokae daa—da a mutu fii Misraim asase a na moyɛ nkoa wɔ so no so. Awurade ayɛ anwonwade akɛse bebree akyerɛ mo. Enti monkae sɛ, sɛ afe du na moredi afahyɛ yi a, mommfa mmɔkaw mfra mo aduan; na mommfa bi nkɔ mo afi nso mu koraa. Afe biara mu Abib ɔsram awiei (bɛyɛ Ɔbɛnem awiei), monkae saa otukɔ yi. Awurade de mo baa Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Hewifo ne Yebusifo nsase a ɛwo ne nufusu sen so a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma mo no so. Mubedi brodo a mmɔkaw nni mu nko ara nnanson. Na da a ɛto so ason no, monto pon kɛse mma Awurade. Ɛnsɛ sɛ obiara kora mmɔkaw wɔ ne fi anaa mo asase no ahye so baabiara. Edu afirihyia na moredi nna yi a, monkyerɛ mo mma nea enti a moredi saa afahyɛ no. Ɛyɛ afahyɛ a mode bɛkae nea Awurade yɛ maa mo bere a mutu fii Misraim asase so no. Saa afe biara mu nnaawɔtwe afahyɛ yi nyɛ nsɛnkyerɛnne te sɛ agyiraehyɛde a wɔde abɔ mo nsa ho anaa mo moma so sɛ nkae ade. Momma Awurade mmara ntena mo anom, efisɛ tumi kɛse na ɔde yii mo fii Misraim. 10 Afe biara, ɛrekɔ Abib (bɛyɛ Ɔbɛnem) awiei no, munni afahyɛ yi.
11 “Sɛ Awurade de mo ba asase a ɔhyɛɛ mo agyanom ho bɔ tete no a Kanaanfo te so mprempren no so a, monkae sɛ 12 mo mmabarima a wɔyɛ mmakan nyinaa ne nyɛmmoa mmakan a wɔyɛ mmarima no nyinaa yɛ Awurade dea. Enti momfa mma no. 13 Mutumi de oguan ba anaa abirekyi ba bɛsesa afurum* ba abakan. Na sɛ woyɛ wʼadwene sɛ woremfa afurum no nni nsesa a, ɛsɛ sɛ wubu afurum no kɔn mu kum no. Nanso mo mmabarima abakan de, ɛsɛ sɛ motɔ wɔn ti.
14 “Na sɛ daakye bi mo mma bisa mo se, ‘Eyinom nyinaa ase ne dɛn a, monka nkyerɛ wɔn se, Awurade nam anwonwade akɛse a ɔyɛe so na oyii yɛn fii nkoasom mu wɔ Misraim. 15 Na Farao mpɛ sɛ ɔma yɛn kwan ma yɛkɔ nti, Awurade kum mmabarima ne mmoanini a wɔyɛ mmakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa. Ɛno nti na yɛde mmabarima a wɔyɛ mmakan rema Awurade yi, nanso nnipa mmabarima mmakan no de, wɔtɔ wɔn ti.’ 16 Na afahyɛ yi bɛda mo nsow sɛ moyɛ Onyankopɔn mma te sɛnea ɔde nʼagyiraehyɛde abɔ mo moma so a ɛkyerɛ sɛ Awurade nam ne tumi kɛse no so na ɔde yii yɛn fii Misraim.”
Omununkum Ne Ogya Akwankyerɛ
17 Farao maa nnipa no kwan sɛ wɔnkɔ no, Onyankopɔn amma wɔamfa ɔkwan a ɛfa Filistifo man no mu a na ɛyɛ tiaa no so. Efisɛ Onyankopɔn kae se, “Sɛ wokohyia ɔko a, ebia na wɔasesa wɔn adwene ama wɔasan akɔ Misraim.” 18 Enti Onyankopɔn dii wɔn anim de wɔn faa sare so de wɔn ani kyerɛɛ Po Kɔkɔɔ. Israelfo no sii mu fii Misraim a na wɔasiesie wɔn ho ama ɔko.
19 Mose rekɔ no, ɔfaa Yosef nnompe de kaa ne ho kɔe, efisɛ na Yosef ama Israel mma aka Onyankopɔn ntam sɛ, “Sɛ ɔreyi wɔn afi Misraim a, wɔde ne nnompe bɛkɔ bi, efisɛ na onim sɛ Onyankopɔn beyi wɔn afi Misraim asase so.”
20 Wofi Sukot no, wɔkɔkyeree nsraban wɔ Etam sare no ano. 21  Awurade de omununkum kyerɛɛ wɔn kwan awia na ɔde ogya nso kyerɛɛ wɔn kwan anadwo. Enti na wotumi tu wɔn kwan no awia ne anadwo nyinaa. 22 Awia mununkum fadum anaa anadwo gya fadum no amfi nʼafa wɔ nnipa no anim da.
* 13:13 Mfurum nyɛ mmoa a wɔn ho tew (4 Mose 18.15) sɛ wotumi de wɔn bɔ afɔre, nanso ɔkwan a na ɛwɔ ho sɛ wɔde nguamma si wɔn anan no nso kyerɛ wɔn ho hia a ehia wɔ sikasɛm mu.