14
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ nnipa no na wɔmman mfa Pihahirot a ɛwɔ Migdol ne po no ntam a ɛne Baal-Sefon di nhwɛanim no. Sɛ wodu hɔ a, wonsi wɔn ntamadan wɔ mpoano hɔ. Sɛ wɔyɛ saa a, Farao besusuw sɛ, ‘Saa Israelfo no aka sare no ne po no ntam.’ Na mɛsan apirim Farao koma bio ama wataa mo. Mayɛ saa nhyehyɛe yi, sɛnea ɛbɛma manya anuonyam ne nidi wɔ Farao ne nʼasraafo mu na ama Misraimfo no nso ahu sɛ, mene Awurade no.” Enti wosii ntamadan wɔ faako a wɔkyerɛɛ wɔn hɔ no.
Misraimfo Taa Israelfo
Nnansa akyi a Misraimhene no tee sɛ Israelfo no abɔ wɔn tirim sɛ wɔrensan mma Misraim bio na mmom kɔ ara na wɔrekɔ no, Farao ne ne dɔm koma sɔree bio. Wobisae se, “Dɛn na yɛayɛ yi? Yɛama Israelfo no kwan ma wɔkɔ ama yɛahwere wɔn som!” Enti Farao faa ne teaseɛnam dii nʼasraafo no anim taa wɔn. Ɔmaa Misraim apɔnkɔsotefo dɔm a wɔn dodow yɛ ahansia ne apɔnkɔ foforo bi a asraafo tete wɔn so ka wɔn. Farao taa Israelfo no, efisɛ na wɔde Misraimfo agyapade bebree kɔ. Farao de nʼapɔnkɔdɔm nyinaa taa Israelfo no bɛtoo wɔn sɛ wɔasisi wɔn ntamadan wɔ Pihahirot mpoano wɔ Baal-Sefon anim.
10 Bere a Farao asraafo no rebɛn no, Israelfo no huu wɔn sɛ wɔde mmirika reba enti wɔn koma tui, na wosu frɛɛ Awurade sɛ ɔmmoa wɔn. 11 Ɛmaa wɔn ani beree Mose so bisaa no se, “Wode yɛn aba sare yi so sɛ yemmewuwu wɔ ha, efisɛ nna nni Misraim a sɛ yewuwu a wobesie yɛn wɔ mu ana? Adɛn nti na woma yetu fii Misraim? 12 Bere a yɛwɔ nkoasom mu no, yɛanka ankyerɛ wo se ma yɛmpɛ yɛn baabi ntena? Yɛkae se yɛpɛ sɛ yɛbɛhyɛ nkoasom ase wɔ Misraim sen sɛ yebewu agu sare so ha.”
13 Nanso Mose ka kyerɛɛ nnipa no se, “Munnsuro. Munnyina pintinn na mubehu anwonwakwan a Awurade nam so begye mo nnɛ. Misraimfo a muhu wɔn nnɛ yi, morenhu wɔn bio. 14  Awurade bɛko ama mo; montɛm dinn kɛkɛ!”
15 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Adɛn nti na wusu frɛ me? Ka kyerɛ Israelfo no na wɔnkɔ wɔn anim. 16 Fa wo pema no. Fa kyerɛ nsu no so na po no mu bɛpae ama ɔkwan ada mu ma Israelfo no afa asase wosee so. 17 Mepirim Misraimfo no koma ama wɔataa mo na di a medi Farao ne ne dɔm so no bɛma moahu mʼanuonyam. 18 Na Misraimfo nyinaa behu sɛ, mene Awurade.”
19 Onyankopɔn bɔfo a odi Israelfo anim no twee ne ho bedii Israelfo no akyi. Na omununkum dum no nso bedii Israelfo no akyi. 20 Ebetwaa Israelfo no ne Misraimfo no ntam. Na anadwo no, ɛdan ogya maa sum tɔɔ Misraimfo no so maa ne hann no kyerɛɛ Israelfo no kwan. Enti Misraimfo no anhu Israelfo no akyi kwan.
21 Mose teɛɛ ne nsa wɔ po no so, na anadwo no nyinaa Awurade de apuei mframa dennen maa po no san nʼakyi maa asase no yɛɛ wosee. 22 Enti Israelfo no faa po kwan a mu wosee no so. Na nsu no yɛɛ afasu wɔ benkum ne nifa maa wɔn.
23 Misraimfo no nso ne Farao apɔnkɔ, nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo no tiw wɔn koduu po no mfimfini. 24 Na anɔpahema no, Awurade de ogya ne omununkum dum no too Misraimdɔm no so maa wɔn ho yeraw wɔn. 25 Wɔn nteaseɛnam no nan tutui, enti na wontumi nkɔ bio. Enti Misraimfo no kae se, “Momma yenguan mfi Israelfo anim, efisɛ Awurade reko ama wɔn na yɛn de, ɔreko atia yɛn.”
26  Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Teɛ wo nsa wɔ po no so, na nsu no nsan mmra Misraimfo ne wɔn nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo no so.” 27 Mose yɛɛ saa, na ade kyee anɔpa no, po no san nʼakyi bɛsen sɛnea na ɛte. Misraimfo no pɛɛ sɛ woguan, nanso Awurade maa nsu no faa wɔn. 28 Nsu no kataa kwan no ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo no nyinaa so. Farao asraafo dodow a wɔfaa po no mu taa Israelfo no nso, anka ɔbaako koraa.
29 Israelfo no nantew faa asase wosee a nsu yɛ ɔfasu wɔ benkum ne nifa no so. 30 Saa da no Awurade gyee Israelfo fii Misraimfo nsam. Na Israelfo no huu Misraimfo no sɛ wɔawuwu deda mpoano. 31 Bere a Israelfo huu tumi a Awurade ada no adi de atia Misraimfo no, wosuroo Awurade, na wogyee Awurade ne nʼakoa Mose dii.