16
Nnuan A Efi Ɔsoro
Afei, wotu fii Elim baa Sin sare a ɛda Elim ne Bepɔw Sinai ntam no so. Wotu fii Misraim no, ɔsram a ɛto so abien no nnaawɔtwe abien so na woduu hɔ. Woduu hɔ no nso, nnipa no kasa tiaa Mose ne Aaron se, “Sɛ yɛwɔ Misraim na anka Awurade rekunkum yɛn wɔ hɔ a, anka yɛpɛ. Na yenya nnuan bebree di wɔ hɔ. Nanso mode yɛn abegu sare so ha ama ɔkɔm rekum yɛn.”
Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Merebɛtɔ aduan afi ɔsoro abegu asase so ama wɔn. Obiara betumi akɔboaboa dodow biara a ɔpɛ ano ama nea obedi no da koro. Mede eyi bɛsɔ wɔn ahwɛ sɛ wobedi mʼahyɛde so anaasɛ wɔrenni so. Ka kyerɛ wɔn na nnaawɔtwe biara mu da a ɛto so asia no, wɔmmoaboa aduan no ano sɛnea daa wɔboaboa no no, mmɔho abien.”
Enti Mose ne Aaron frɛɛ Israelfo no nyinaa ne wɔn hyia ka kyerɛɛ wɔn se, “Anwummere yi, mubehu sɛ Awurade na oyii mo fii Misraim asase so. Sɛ edu anɔpa a, mubehu nʼanuonyam bebree; efisɛ wate sɛnea munwiinwii tia no no. Na yɛn ne hena a munwiinwii tia yɛn? Anwummere yi, Awurade bɛma mo nam awe, na wama mo aduan anɔpa, efisɛ wate mo anwiinwii a etia no no. Moannwiinwii antia yɛn, na munwiinwii tiaa Awurade.”
Na Mose ka kyerɛɛ Aaron se, “Ka kyerɛ Israelfo no nyinaa sɛ wɔmmra Awurade anim na wommetie wɔn anwiinwii no ho mmuae.”
10 Enti Aaron frɛɛ wɔn boaa ano, na prɛko pɛ, wɔmaa wɔn ani so kyerɛɛ baabi a omununkum a ɛrekyerɛ wɔn kwan no wɔ no, Awurade fii mu daa nʼanuonyam kɛse no adi.
11  Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 12 “Mate wɔn anwiinwii no, ka kyerɛ wɔn se, ‘Anwummere, mubenya nam awe na anɔpa nso mubenya aduan pii adi na mubehu sɛ mene Awurade, mo Nyankopɔn, no.’ ”
13 Anwummere no, nnomaa pii bebuu so wɔ wɔn atenae hɔ na anɔpa no, obosu tɔ guu sare no so maa ɛyɛɛ fɔkyee. 14 Obosu no yowee no, nsinsenii nketenkete bi a ɛte sɛ sukyerɛmma beguu asase no so. 15 Israelfo no hui no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Dɛn ni?”
Na Mose buaa wɔn se, “Ɛyɛ aduan a Awurade de ama mo sɛ munni no. 16 Awurade aka se, ‘Obiara mmoaboa dodow biara a ɛbɛso ɔne ne fifo di no ano.’ ”
17 Enti Israelfo no fii adi kɔboaboaa aduan no bi ano. Ebinom faa pii na bi nso faa kakraa bi. 18 Wohwiee nea wɔaboaboa ano no nyinaa guu susukoraa mu no, na ɛdɔɔso sɛ obiara benya bi. Wɔn a wonyaa pii no, ebi anka, na wɔn a wonyaa kakraa bi no nso, ɛsoo wɔn. Ofi biara nyaa ne so ne ne de.
19 Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Mommma ade nkye so.”
20 Nanso ebinom yɛɛ asoɔden maa ade kyee so. Ade kyee so no, na adɔ nsaammoa ma ɛbɔn enti Mose bo fuw wɔn yiye.
21 Afei na wɔkɔtase aduan no anɔpa anɔpa, na wɔtase dodow biara a, ɛso ofi biara. Na awia bɔɔ denneennen guu so no, aduan no nyinaa nanee. 22 Da a ɛto so asia no, wɔtasee sɛnea wɔtase no daa no mmɔho abien. Wɔtasee susukoraa asia, nanso daa na wɔtase susukoraa abiɛsa. Mpanyimfo a wotuatua nnipa no ano no bebisaa Mose nea nti a aba saa. 23 Mose buaa wɔn se, “Efisɛ Awurade aka ato hɔ se, ‘Ɔkyena yɛ homeda. Ɛyɛ homeda kronkron ma Awurade a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn nnwuma biara. Enti monnoa dodow biara a mopɛ nnɛ, na nea ɛbɛka no, munnyaw mma ade nkye so.’ ”
24 Na ade kyee so no, na nsaammoa biara nni mu na ɛmmɔn nso. 25 Mose kae se, “Nnɛ, mo aduan ni, efisɛ nnɛ yɛ Awurade homeda enti aduan biara rentɔ ngu asase so. 26 Momfa nnansia mmoaboa aduan ano, efisɛ da a ɛto so ason no yɛ homeda enti morennya aduan biara saa da no.”
27 Homeda no, nnipa no bi fii adi sɛ wɔrekɔpɛ aduan no bi, nanso na ebi nni hɔ. 28  Awurade bisaa Mose se, “Saa nnipa yi bɛyɛ asoɔden akosi da bɛn? 29 Wonhu sɛ nnansia so no, memaa wɔn mmɔho abien sɛnea ɛbɛso wɔn nnaanu? Awurade se momfa da a ɛto so ason no sɛ homeda; montena mo ntamadan mu. Mummfi adi nkɔtase aduan mfi asase so.” 30 Enti da a ɛto so ason no, nnipa no homee.
31 Israelfo no too aduan no din se Mana, ase ne “Ɛyɛ dɛn?” Ɛyɛ fitaa sɛ wusa aba na ɛyɛ dɛ te sɛ tetare a ɛwo wɔ mu. 32 Mose kaa asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ wɔmfa aduan no susukoraa abiɛsa na wɔmfa nkosie wɔn adekorabea afebɔɔ sɛnea ɛbɛyɛ a, nkyirimma behu aduan a Awurade de maa wɔn dii wɔ sare so bere a oyii wɔn fii Misraim no.
33 Mose ka kyerɛɛ Aaron se ɔmfa kuruwa na ɔmfa mana lita abiɛsa ngu mu na ɔmfa nsie kronkronbea bi mma nkyirimma.
34 Aaron yɛɛ sɛnea Awurade kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no na ɔnkora no wɔ Apam Adaka no mu wɔ kronkronbea hɔ. 35 Enti Israelfo dii mana yi mfe aduanan kosii sɛ woduu Kanaan asase so a ɛhɔ de, na afumduan wɔ no.
36 Lita abiɛsa yɛ omer baako.