17
Ɔbotan Mu Nsu
Awurade hyɛe maa Israelfo no fii Sin sare no so kokɔɔ nkurow nkurow so, koduu Refidim. Woduu hɔ no, na nsu a wɔbɛnom biara nni hɔ. Ɛha nso nnipa no nwiinwii bio tiaa Mose sɛ, “Ma yɛn nsu nnom!”
Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Monyɛ dinn! Adɛn nti na mo ne me regye akyinnye? Adɛn nti na mopɛ sɛ mosɔ Awurade hwɛ?”
Na osukɔm a ɛde wɔn no nti, wɔteɛteɛɛ mu se, “Adɛn nti na wuyii yɛn fii Misraim? Adɛn nti na wode yɛn baa ha? Yɛn, yɛn mma ne yɛn anantwi nyinaa bewuwu!”
Mose su frɛɛ Awurade se, “Dɛn na menyɛ saa nkurɔfo yi? Wɔpɛ sɛ wosiw me abo.”
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Fa Israelfo mpanyimfo no bi ka wo ho na fa pema a wode bɔɔ Nil mu no na di wɔn anim fa wɔn kɔ. Mehyia wo wɔ ɔbotan a ɛwɔ bepɔw Horeb ho. Sɛ wudu hɔ a, fa wo pema no bɔ ɔbotan no mu sɛnea wode bɔɔ Nil mu no na nsu befi mu aba ama obiara anya bi anom amee.” Mose yɛɛ nea Awurade kae no wɔ Israel mpanyimfo no anim maa nsu tue fii ɔbotan no mu. Enti Mose too beae hɔ din Masa a ase ne Sɔhwɛbea ne Meriba a ase ne Akyinnyegyebea, efisɛ ɛhɔ na Israelfo ne Mose gyee akyinnye, sɔɔ Onyankopɔn hwɛe, bisae se, “Awurade ka yɛn ho anaa ɔnka yɛn ho?”
Israelfo Di Amalekfo So Nkonim
Afei, akofo a wofi Amalek* bɛtow hyɛɛ Israelfo no so wɔ Refidim ne wɔn koe. Mose ka kyerɛɛ Yosua se, “Yi asraafo ma yɛn na yɛne Amalekfo no nkɔko. Ɔkyena megyina bepɔw no apampam a mikura Onyankopɔn pema no.”
10 Enti Yosua ne ne dɔm kɔtoaa Amalekfo asraafo no ne wɔn koe sɛnea na Mose ahyɛ no, na Mose ne Aaron ne Hur foro kɔɔ bepɔw no apampam pɛɛ. 11 Mmere dodow a Mose kura pema no mu kyerɛ soro na Israelfo no redi nkonim na sɛ ɔbrɛ pema no ase a, na Amalekfo no nso redi Israelfo no so. 12 Mose brɛ a na ontumi mma pema no so bio enti Aaron ne Hur pirew ɔbo bi too hɔ ma ɔtenaa so. Wogyinagyinaa Mose benkum ne nifa memaa ne nsa abien no so kosii sɛ owia kɔtɔe. 13 Ɛbaa saa no, Yosua ne ne dɔm dii Amalekfo no so, kunkum wɔn wɔ afoa ano.
14 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Kyerɛw eyi ma ɛnna hɔ afebɔɔ ma wɔnkae daa na ka kyerɛ Yosua se, mɛtɔre Amalekfo nyinaa ase wɔ ɔsoro ase.”
15 Mose sii afɔremuka hɔ na ɔtoo no din Awurade Nissi a ase ne Awurade ne me frankaa. 16 Mose kae se, “Efisɛ wɔama wɔn nsa so atia Awurade ahengua nti, Awurade ne Amalekfo bedi ako afi awo ntoatoaso so akosi awo ntoatoaso so.”
* 17:8 Amalekfo no yɛ Esau nena barima asefo, na wɔtow hyɛ afoforo so fom wɔn nneɛma wɔ nweatam no so.