24
Israelfo Gye Apam No To Mu
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Wo ne Aaron, Nadab, Abihu ne Israelfo mpanyimfo aduɔson mforo mmra ha. Mo nyinaa, momma me ne mo ntam ntwe na monsom me. Mose nko ara na ɔbɛbɛn Awurade; na monkae nso sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔaka no twiw bɛn bepɔw no koraa.”
Mose kaa mmara a Awurade hyɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ nnipa no ma wɔn nyinaa bɔ gyee so se, “Yebedi ne nyinaa so.” Mose kyerɛw Awurade mmara no nyinaa guu hɔ.
Ade kyee anɔpa no, osii afɔremuka wɔ bepɔw no ase. Ɔde adum dumien twaa ho hyiae, efisɛ na Israel mmusuakuw no yɛ dumien. Afei, ɔsomaa mmabun a wɔwɔ wɔn mu no bi sɛ wɔnkɔbɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre mma Awurade. Mose sɔn mmoa no mogya no fa de guu nkankyee mu, na ɔtow fa a aka no petee afɔremuka no so. Ɔkenkan nhoma a wakyerɛw a ɛyɛ Apam Nhoma a Awurade akwankyerɛ ne ne mmara wɔ mu no kyerɛɛ nnipa no. Nnipa no bɔ gyee so bio se, “Yɛhyɛ bɔ sɛ, yebedi mmara no nyinaa so.”
Afei, Mose de mogya a ɛwɔ nkankye no mu no petee nnipa no so kae se, “Saa mogya yi hyɛ apam a mo ne Awurade ayɛ ne mmara a ɔde ama mo no mu den.”
Mose, Aaron, Nadab, Abihu ne Israelfo mpanyimfo aduɔson no foro kɔɔ bepɔw no so 10 na wohuu Israel Nyankopɔn. Na nʼanan ntiaso hyerɛn te sɛ hoabo a ne hyerɛn te sɛ wim ahosu. 11 Ɛwɔ mu sɛ mpanyimfo no huu Onyankopɔn de, nanso wansɛe wɔn. Nokwarem, wɔn nyinaa bɔɔ mu didii wɔ Awurade anim.
12 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Foro bra me nkyɛn wɔ bepɔw so ha na tena ha, na mede mmaransɛm a makyerɛw agu ɔbo so no bɛma wo, na woafa so akyerɛkyerɛ nnipa no.”
13 Enti Mose ne ne boafo Yosua foro kɔɔ Onyankopɔn bepɔw no so. 14 Ɔka kyerɛɛ mpanyimfo no se, “Montena ha ntwɛn yɛn kosi sɛ yɛbɛba. Sɛ asɛm bi kyere obi so a, obetumi akɔ Aaron ne Hur nkyɛn.”
15 Mose foro kɔɔ bepɔw no so hɔ na ɔyeraa wɔ omununkum mu. 16 Na Awurade anuonyam hyɛɛ Sinai bepɔw no so ma. Na omununkum sii bepɔw no so nnansia. Ne nnanson so no, ɔfrɛɛ Mose fii omununkum no mu. 17 Wɔn a wɔwɔ bepɔw no ase no huu anwonwade no. Na Awurade anuonyam a ɛwɔ bepɔw no so no te sɛ ogya a ɛredɛw. 18 Na Mose yeraa wɔ bepɔw no so mununkum no mu. Odii bepɔw no so adaduanan.