25
Hyiadan Afɔrebɔ
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Israelfo no se, wɔmmɔ afɔre mma me.
 
“Saa nneɛma a edidi so yi mu na womfi mmɔ me afɔre no:
 
“sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere,
ntama tuntum, koogyan bibiri tam; koogyan tam, sirikyi,
abirekyi ho nwi,
odwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, mmirekyi nhoma,
ɔkanto dua,
kanea ngo,
ɔsra ngo, nnuhuam a wɔhyewee,
abo a nʼahosu te sɛ apopobibiri, abo a wɔde betuatua asɔfotade* ne nkatabo mu.
 
“Afei monyɛ kronkronbea mma me, na mɛtena wɔn mu. Monyɛ ntamadan yi ne ne nsiesiemu nyinaa sɛnea mɛkyerɛ mo no pɛpɛɛpɛ.
Apam Adaka No Yɛbea
10 “Momfa ɔkanto dua nyɛ Apam Adaka a ne ntwemu yɛ anammɔn abiɛsa ne fa, ne trɛw nyɛ anammɔn abien ne fa na ne sorokɔ nso nyɛ anammɔn abien ne fa. 11 Na momfa sikakɔkɔɔ ankasa nnura ho ne mu nyinaa. 12 Momfa sikakɔkɔɔ nkaa anan nhyehyɛ adaka no anan anan no ho, wɔ fam pɛɛ. Ma nkaa no abien nkɔ ɔfa baako na abien a aka no nso nkɔ fa. 13 Fa ɔkanto sen mmaa, na fa sikakɔkɔɔ duradura ho. 14 Fa mmaa no hyehyɛ nkaa no mu na wɔde asoa apam adaka no. 15 Munnyiyi nnua a wɔde soa adaka no mfi nkaa no mu. Momma ɛnhyehyɛ mu afebɔɔ. 16 Muwie adaka no a, momfa ɔbo a makyerɛw Mmaransɛm Du no agu so no nto mu.
17 “Momfa sikakɔkɔɔ nyɛ adaka no ti a ne ntwemu yɛ basafa abien ne fa na ne trɛw nso yɛ anammɔn abien ne kakra. Ɛha ne baabi a mubenya mo bɔne so ahummɔbɔ afi. 18 Momfa sikakɔkɔɔ a wɔaboro nyɛ kerubim abien. Momfa ɔbaako nsi adaka no nkataso atifi na momfa ɔbaako nsi anafo. 19 Fa kerubim no tetare adaka no ti ne nʼanafo na ɛne adaka no nkataso no nyɛ mua. 20 Kerubim a wɔyɛ abɔfo no bedi nhwɛanim a wɔasisi wɔn ti ase rehwɛ mpata agua no na wɔatrɛtrɛw wɔn ntaban mu akata so. 21 Momfa ɔbo kyerɛwpon a mede bɛma mo no nto adaka no mu, na momfa ne ti no nkata so. 22 Na mehyia mo wɔ hɔ na makasa afi mpata agua wɔ soro hɔ afa abɔfo no ntam. Na adaka no mu na wɔbɛkora mʼapam no ho mmara. Ɛhɔ na mɛda me mmaransɛm a mode bɛma Israelfo no adi akyerɛ mo.
Ɔpon No Yɛbea
23 “Momfa ɔkanto dua nyɛ ɔpon a ne ntwemu mu yɛ anammɔn abiɛsa, ne trɛw yɛ ɔnammɔn baako ne fa na ne sorokɔ yɛ anammɔn abien ne fa. 24 Momfa sikakɔkɔɔ nnura ho na momfa sikakɔkɔɔ hankare ntwa ho nhyia. 25 Yɛ adaka no ho ntetareho a ne trɛw yɛ nsateaa anan twa ɔpon no ano ho hyia, na fa sikakɔkɔɔ hankare fa ho. 26 Yɛ sikakɔkɔɔ nkaa anan na fa nkaa anan no tuatua nʼanan anan no biara akyi 27 twɔtwɔw so wɔ soro. Wɔde nnua no bɛhyehyɛ saa nkaa a wɔde bɛma ɔpon no so asoa no mu. 28 Fa ɔkanto yɛ nnua no, na fa sikakɔkɔɔ dura ho. 29 Momfa sikakɔkɔɔ nyɛ nsanka, mprɛte, ntere, nhina ne nsatoa. 30 Da biara, fa brodo to ɔpon no so wɔ mʼanim.
Kaneadua Yɛbea
31 “Momfa sikakɔkɔɔ a wɔaboro nyɛ kaneadua. Kaneadua no ase, nʼabaa, akanea no nhwiren ne ɛho asiesie no nyinaa nyɛ ade baako. 32 Kaneadua a ɛhyɛ mfimfini no benya nkorata asia a abiɛsa wɔ fa na abiɛsa nso wɔ fa. 33 Momfa nhwiren abiɛsa nsiesie nkorata biara ho. 34 Na kaneadua no, momfa nhwiren a ɛyɛ fɛ nni adwinni mfa nsiesie no. 35 Nhwiren no bi bɛwɔ ne dua no ase wɔ nkorata abien biara ase. Afei, nhwiren no bi bɛwɔ nkorata abien a ɛwɔ ase no ase, na bi nso bɛwɔ nkorata abien a ɛwɔ soro no so. 36 Saa nneɛma a wɔde siesie kaneadua no ne ne nkorabata no nyinaa nyɛ ade baako a wɔde sikakɔkɔɔ ankasa a wɔaboro ayɛ.
37 “Monyɛ akanea dua ntuatuaho ason wɔ kaneadua no ho wɔ ɔkwan bi so a ne hyerɛn no bɛtow hann agu nʼanim. 38 Kanea ntamabamma adabaw no ne ne mpampaa no nso, momfa sikakɔkɔɔ ankasa nyɛ. 39 Sikakɔkɔɔ kilogram aduasa anan na ɛho behia sɛ mode bɛyɛ kaneadua no ne ɛho nneɛma nyinaa. 40 Biribiara a mobɛyɛ no nso, monyɛ no pɛpɛɛpɛ sɛnea makyerɛ mo wɔ bepɔw so ha yi no.
* 25:7 asɔfotade yuu no, ɔsɔfopanyin no nko ara na ɔhyɛ (28.6-14).