26
Ahyiae Ntamadan Ho Nhyehyɛe
“Fa asaawa a ɛyɛ fɛ a woafura bamma du ne ntama a wɔahyɛ no aduru tuntum, ɔtam bibiri, koogyan a wɔanwen kerubim sɛso agu mu si Ahyiae Ntamadan no. Ɛsɛ sɛ nkataano du no nyinaa kɛse yɛ pɛ. Emu biara tenten yɛ anammɔn aduanan abien na ne trɛw nso yɛ anammɔn asia. Mompam saa ntama no anum mmɔ mu mma ɛnyɛ baako. Anum a aka no nso, monyɛ no saa ara. Momfa ntama bibiri bamma aduonum nwurawura ntama no afa abien a ɛsensɛn hɔ no mu. Ɛsɛ sɛ mobɔ nkɔtɔkoro aduonum ma edi nhwɛanim wɔ ɔfa biara. Bɔ sikakɔkɔɔ nkɔtɔkoro aduonum na fa kyekyere nkɔtɔkoro no bɔ mu, sɛnea ɛbɛyɛ na Ahyiae Ntamadan hɔ no bɛyɛ ɔdan baako.
“Monwen mmirekyi nwi mfa nkuru Ahyiae Ntamadan no so. Ɛsɛ sɛ nkuruso no dodow yɛ dubaako. Nkurusotam dubaako no nyinaa tenten ne ne trɛw nyɛ pɛpɛɛpɛ. Ne tenten nyɛ anammɔn aduanan anum na ne trɛw nyɛ anammɔn asia. Ka saa nkataso yi anum bɔ mu na ɛnyɛ ade tɛtrɛɛ baako; na fa asia a aka no bɔ mu na ɛno nso nyɛ ade tɛtrɛɛ baako. Wobebu nkuruso a ɛto so asia no ato so ama asensɛn fam sɛ ɔdan kronkron no nhiniano. 10 Yɛ nkɔtɔkoro aduonum aduonum a wɔabobɔ hyehyɛ ntama asinasin akuw abien no biara ano. 11 Na yɛ nsusomu aduonum na fa saa nsusomu no hyehyɛ nkɔtɔkoro no mu na ɛnka asɔredan no mmɔ mu na ɛnyɛ mua. 12 Ɔdan no nkurusotam anammɔn baako ne fa bɛsensɛn Ahyiae Ntamadan no akyi, 13 na anammɔn baako ne fa nso asensɛn anim. 14 Momfa nneɛma ahorow abien mmɔ ɔdan no so. Nea edi kan no nyɛ odwennini were a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, nea ɛto so abien nyɛ abirekyi were a ɛsɔ.
15 “Fa ɔkanto yɛ ntaaboo na fa twa Ahyiae Ntamadan no ho. 16 Mpuran biara sorokɔ nyɛ anammɔn dunum na ne trɛw nyɛ anammɔn abien ne kakra. 17 Ɛsɛ sɛ nkɔtɔkoro abien wɔ mpuran biara ase, na mpuran biara yɛ pɛ. 18 Mobɛyɛ Ahyiae Ntamadan no ntaaboo ama emu aduonu akyerɛ nʼanafo. 19 Wɔde besisi dwetɛ nnyinaso aduanan so; nnyinaso no abien abien nhyehyɛ mpuran biara ase. 20 Ahyiae Ntamadan no atifi fam nso, wɔbɛyɛ ntaaboo aduonu atwa ho. 21 Ɛno nso wɔde besisi dwetɛ nnyinaso aduanan so a mpuran baako besi nnyinaso abien so. 22 Ahyiae Ntamadan no fa a ɛkyerɛ atɔe fam no bɛyɛ nʼakyi. Ɛno nso wɔde ntaaboo asia na ebetwa ho 23 a ntaaboo abien sisi twea biara. 24 Wɔde nkɔtɔkoro besuso ntaaboo abien no soro ne ne fam. 25 Wɔka ne nyinaa bɔ mu a, ntaaboo awotwe na wɔde bɛyɛ ɔdan no fa hɔ a wɔde besisi dwetɛ nsisiso dunsia so. Mpuran biara bɛfa nsisiso abien.
26 “Fa ɔkanto sen mmeamu nnua bi na fa bea ntaaboo no mu. Mmeamu nnua no anum nkɔ ntaaboo no fa baako 27 na anum a aka no nso nkɔ ɔfa baako. Fa mmeamu nnua no anum bobɔ ntaaboo a ɛwɔ ntamadan no akyi, a ani kyerɛ atɔe fam no. 28 Ma mmeamu dua a ɛbea mfimfini no nkɔ ntaaboo no soro kakra mma emfi ti nkɔka ti. 29 Fa sikakɔkɔɔ dura ntaaboo no ho na fa sikakɔkɔɔ nkaa suso mmeamu dua no mu na ennyina. Fa sikakɔkɔɔ dura mmeamu dua no nso ho.
30 “Fa hyehyɛbea a mekyerɛɛ wo wɔ bepɔw no so hɔ no so pɛpɛɛpɛ si Ahyiae Ntamadan no.
31 “Fa ntama tuntum, koogyan bibiri, koogyan ne asaawatam a ɛyɛ fɛ yɛ ntwamtam a wɔanwen kerubim sɛso agu mu no. 32 Fa sɛn ɔkanto nnua fadum anan a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho a sikakɔkɔɔ nsusomu anan suso ano no so. Ma ɔfadum anan no mu biara nsi dwetɛ nnyinaso anan no baako so. 33 Fa ntwamtam no sensɛn nsusomu no so na fa twa ɔdan no mu. Fa adaka a ɔbo a wɔakyerɛw Onyankopɔn mmara agu so no da mu no si ntama ntwamu no akyi. Ntama ntwamu no betwa kronkronbea hɔ ne kronkron mu kronkron no ntam. 34 Afei, fa adaka no mmuaso a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ no bua so na fa si kronkron mu kronkron hɔ. 35 Fa ɔpon no ne kaneadua no twa dan no mu wɔ ntwamtam no akyi. Kaneadua no besi kronkronbea no anafo, na ɔpon no asi nʼatifi.
36 “Fa ntama foforo a ɛyɛ ɔtam bibiri ne koogyan asaawatam yɛ Ahyiae Ntamadan no ano nkataanim. 37 Fa saa ntwamtam no sɛn ɔkanto mpuran anum a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho no nsusomu no so. Wɔde saa mpuran no besisi ayowa ntaease anum no mu.