36
Adwumfo a wɔaka a Onyankopɔn ama wɔn ɔdom akyɛde no nyinaa bɛboa Besaleel ne Oholiab na wɔasi asiesie Ahyiae Ntamadan no mu sɛnea Awurade ahyɛ no.”
Enti Mose ka kyerɛɛ Besaleel ne Oholiab ne wɔn a wɔaka na wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔboa dwumadi no sɛ womfiti ase. Mose de nneɛma a nnipa no de bɛkyɛɛ no maa wɔn, na adekyee biara nso, na wonya akyɛde foforo. Akyiri no, adwumayɛfo no nyinaa gyaee wɔn adwumayɛ no kɔɔ Mose nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Nneɛma a yɛn nsa aka no dɔɔso sen nea yehia.”
Enti Mose somaa obi maa ɔkɔɔ wɔn nyinaa so kɔka kyerɛɛ wɔn se, afei de, obiara mmmɛkyɛ wɔn ade bio. Na obiara amfa hwee amma bio. Efisɛ na nneɛma a wɔwɔ no bɛso dwuma no di ama aboro so mpo.
Wɔn a wonim adwinni pa ara no de asaawa a wɔanwen yɛɛ Ntamadan no nsɛnanotam du a emu bi yɛ tuntum, bibiri ne koogyan a wɔayɛ kerubim agu mu. Nkataano du no nyinaa kɛse yɛ pɛ. Emu biara tenten yɛ anammɔn aduanan abien na ne trɛw nso yɛ anammɔn asia. 10 Wɔkekaa ntama bamma anum sisii anim nyaa nkataano baako. Na wɔkekaa ntama bamma anum a aka no nso sisii anim nyaa nkataano foforo. 11 Wɔde ntama bibiri bamma aduonum wurawuraa nkataano a wɔkeka sisii anim no mu biara ano 12 a hentia baako biara ne baako di nhwɛanim. 13 Afei, wɔyɛɛ sika nkɔtɔkoro aduonum de susoo nkɔtɔkoro no mu maa nkataano ahorow abien no yɛɛ nkataano baako.
14 Wɔde ntama nkataso dubaako a wɔde mmirekyi nwi na ayɛ 15 a ne nyinaa tenten yɛ anammɔn aduanan anum na ne trɛw yɛ anammɔn asia kataa Ntamadan no so. 16 Besaleel kekaa saa nkataso yi anum sisii anim ma ɛyɛɛ bamma tenten baako na ɔsan de afoforo asia sisii anim maa ɛno nso yɛɛ bamma tenten baako. 17 Afei, ɔbobɔɔ nkɔtɔkoro aduonum wɔ emu biara ano 18 na ɔyɛɛ kɔbere nkɔtɔkoro aduonum de koakoaa nkɔtɔkoro no, sɛnea ɛbɛma nkataho no akyere pintinn. 19 Wosiesiee nneɛma ahorow abien de bɔɔ ɔdan no so. Nea edi kan no yɛ odwennini were a wahyɛ no kɔkɔɔ, nea ɛto so abien yɛ abirekyi were a ɛsɔ.
20 Wɔde ɔkanto yɛɛ ntaaboo de twaa Ahyiae Ntamadan no ho. 21 Mpuran biara sorokɔ nyɛ anammɔn dunum na ne trɛw nyɛ anammɔn abien ne kakra, 22 nkɔtɔkoro abien wɔ mpuran biara ase, na mpuran biara yɛ pɛ. 23 Na Ahyiae Ntamadan no ntaaboo aduonu kyerɛ nʼanafo 24 a wɔn ase sisi dwetɛ nnyinaso aduanan so. Nnyinaso no abien abien hyehyɛ mpuran biara ase. 25 Ahyiae Ntamadan no atifi fam nso, na wɔde ntaaboo aduonu atwa ho 26 a esisi dwetɛ nnyinaso aduanan so a mpuran baako besi nnyinaso abien so. 27 Ahyiae Ntamadan no fa a ɛkyerɛ atɔe fam no yɛ nʼakyi. Ɛno nso, wɔde ntaaboo asia na atwa ho, 28 na ne twɔtwɔw biara so nso ntaaboo abien sisi hɔ. 29 Na mpuran a ɛbobɔ so abien abien sisi twɔtwɔw abien no biara so fi ase de kosi soro a wɔde nkaa asuso mu a ne nyinaa yɛ pɛ. 30 Enti mpuran awotwe ne dwetɛ nnyinaso dunsia a abien wɔ mpuran biara ase na wɔde yɛe.
31 Afei, ɔyɛɛ ɔkanto nnua bi de beabeaa ntaaboo no mu. Mmeamu nnua no anum kɔ mpuran no fa baako. 32 Wɔyɛɛ afoforo anum nso kɔɔ ɔfa baako. Na mmeamu nnua no anum bɔ ntaaboo a ɛwɔ ntamadan no akyi a ani kyerɛ atɔe fam. 33 Wɔbɔɔ mmeamu dua baako de bɔɔ ntaaboo no mfimfini. Wɔde twaa mu fi ti kɔkaa ti. 34 Na wɔde sikakɔkɔɔ adura ntaaboo no ho, na wɔde sikakɔkɔɔ nkaa asuso mmeamu dua no mu ama no agyina. Na sikakɔkɔɔ dura mmeamu dua no nso ho.
35 Wɔde ntama pa a ɛyɛ tuntum, bibiri ne koogyan a wɔanwen kerubim agu mu fɛfɛɛfɛ na ayɛ ntwamtam no wɔ Ntamadan no mu. 36 Na wɔyɛɛ ɔkanto nnua afadum anan a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho ne sikakɔkɔɔ nsusomu anan maa ntwamtam no. Na afadum anan no mu biara si dwetɛ nnyinaso anan no baako so. 37 Afei, wɔyɛɛ Ahyiae Ntamadan no ano nkataanim. Wɔde asaawatam a ɛyɛ fɛ a wɔde tuntum, bibiri ne koogyan adi mu adwinni na ɛyɛe. 38 Wɔde nkɔtɔkoro anum na asuso saa nkataanim yi mu de akyekyere nnua anum no. Nnua no ne ɛho nneɛma ne pema no nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ adura ho na ne nnyinaso anum no nso, wɔde kɔbere na ɛyɛe.