37
Apam Adaka No Yɛ
Afei, Besaleel yɛɛ Apam Adaka no. Ɔde ɔkanto na ɛyɛe. Na ne tenten yɛ anammɔn abiɛsa ne fa, ne trɛw nso yɛ anammɔn abien ne fa ne ntwemu ne sorokɔ nso yɛ anammɔn abien ne fa. Na wɔde sikakɔkɔɔ duraa ho ne emu nyinaa na wɔde bi beabea ho nyinaa. Na wɔde sikakɔkɔɔ nkaa hyehyɛɛ nʼanan anan no a nkaa abien wɔ ɔfa biara. Osen ɔkanto nnua bi de sikakɔkɔɔ duraa ho. Na wɔde nnua no hyehyɛɛ adaka no nkyɛn nkaa no mu wɔde bɛsoa.
Afei, ɔde sikakɔkɔɔ ankasa yɛɛ ne mmuaso a wɔfrɛ no Mpata Agua. Na ne ntwemu yɛ anammɔn abiɛsa ne fa, na ne trɛw nso yɛ anammɔn abien ne fa. Ɔboroo sikakɔkɔɔ ma ɛyɛɛ tratraa de yɛɛ kerubim abien na ɔde tetaree adaka no mmuaso no ti ne ti. Wɔde kerubim no tetaree adaka no atifi ne nʼanafo na ɛne adaka no nkataso no yɛɛ baako. Na kerubim no di nhwɛanim a wɔasisi wɔn ti ase rehwɛ Mpata Agua no na wɔatrɛtrɛw wɔn ntaban mu akata so.
10 Afei, ɔde ɔkanto yɛɛ ɔpon a ne ntwemu yɛ anammɔn abiɛsa; ne trɛw yɛ ɔnammɔn baako ne fa na ne sorokɔ yɛ anammɔn abien ne fa. 11 Na wɔde sikakɔkɔɔ duraa ho na woguu bi wɔ ne ntwea so nyinaa. 12 Wɔyɛɛ adaka no ho ntetareho a ne trɛw yɛ nsateaa anan twaa ɔpon no ano ho hyiae, na wɔde sikakɔkɔɔ hankare faa ho. 13 Afei, wɔyɛɛ sikakɔkɔɔ nkaa anan, na ɔde hyehyɛɛ ɔpon no anan anan no nyinaa ase. 14 Wɔde nnua no hyehyɛɛ saa nkaa no mu a wɔde bɛma ɔpon no so asoa. 15 Wɔde ɔkanto nnua a wɔde sikakɔkɔɔ agu ho yɛɛ nnua a wɔde bɛsoa. 16 Wɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ nsanka, mprɛte, nsukuruwa ne nkoraa. Saa nneɛma yi na wɔde bedi ahwiesa afɔrebɔ ho dwuma.
17 Bio, wɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro yɛɛ kaneadua. Ne nnyinaso, nʼabaa, nea wɔde akanea no hyehyɛ mu ne nhwiren a wɔde siesiee no nyinaa bɔ mu yɛ ade baako. 18 Kaneadua a ɛhyɛ mfimfini no wɔ nkorata asia a abiɛsa wɔ fa na abiɛsa nso wɔ fa. 19 Wɔde nhwiren abiɛsa siesiee nkorata biara ho. 20 Na saa ara nso na kaneadua no, wodii nhwiren a ɛyɛ fɛ bi adwinni de siesiee no. 21 Nhwiren no bi wɔ ne dua no ase wɔ nkorata abien biara ase. Afei, nhwiren no bi wɔ nkorata abien a ɛwɔ ase no ase, na bi nso wɔ nkorata abien a ɛwɔ soro no so. Ne nyinaa yɛ asia. 22 Nea wɔde siesiee kaneadua no ne ne nkorata no nyinaa yɛ ade baako a sikakɔkɔɔ ankasa a wɔaboro na wɔde yɛe.
23 Afei, ɔyɛɛ akanea ason, adaban adabaw, ne apampaa. Ne nyinaa wɔde sikakɔkɔɔ ankasa na ɛyɛe. 24 Na kaneadua no ne ho nneɛma no mu duru yɛ kilogram aduasa anan a ne nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ.
25 Wɔde ɔkanto na ɛyɛɛ aduhuam afɔremuka no. Wɔyɛɛ no ahinanan a ne fa biara susuw nsateaa dunwɔtwe. Na ne sorokɔ yɛ basafa baako a mmɛn a etuatua ne ntwea so ntwea so no nso nyinaa ka bɔ mu ma ɛyɛ ade baako. 26 Wɔde sikakɔkɔɔ duraa ne nyinaa ho, na oguu bi nso wɔ ne ntwea so nyinaa. 27 Wɔde sika nkaa abien abien susoo afanu no mu wɔ nea wɔyɛɛ nguguho no ase a wɔde besuso nnua a wɔde bɛsoa no mu. 28 Nnua a na wɔde soa no yɛ ɔkanto nnua a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho.
29 Wɔfaa nnuhuamyɛfo mu abenfo kwan so fii nnuhuam mu yɛɛ ɔsrango kronkron a wɔde sra asɔfo ne ɔhyew nnuhuam no nso.