9
Nyɛmmoa Wu
Awurade hyɛɛ Mose se, “San kɔ Farao nkyɛn na kɔka kyerɛ no se, ‘Sɛnea Awurade a ɔyɛ Hebrifo Nyankopɔn no se ni,’ Ma me nkurɔfo no nkɔ na wɔatumi abɔ afɔre ama me.” Sɛ wampene amma wɔn ankɔ a, Onyankopɔn nsa de ɔyaredɔm bɛba abekum mo apɔnkɔ, mo mfurum, mo yoma, mo anantwi, mo nguan ne mo mmirekyi nyinaa. Nanso Awurade de nsonoe bɛto Israelfo mmoa ne Misraimfo mmoa ntam. Israelfo mmoa de, ɔbaako mpo renwu.
Awurade ahyɛ bere pɔtee na ɔkae se, Ɔkyena, Awurade bɛyɛ eyi wɔ asase no so. Na ade kyee no, nyɛmmoa a wɔwɔ Misraim no wuwui, nanso Israelfo no ayɛmmoa baako mpo koraa anwu. Farao somaa nnipa kɔɔ Israel kɔhwɛɛ sɛ ampa ara ɛhɔ nyɛmmoa no bi anwu koraa ana. Nnipa no bɛbɔɔ Farao amanneɛ se Israelfo nyɛmmoa baako mpo koraa anwu, nanso nʼadwene ansesa. Wamma nnipa no ankɔ.
Enti Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, “Monkɔsaw nso mfi fononoo mu, na Mose ntow mpete wim wɔ Farao anim. Na ɛbɛbɔ apete Misraim asase so nyinaa sɛ mfutuma ama mpɔmpɔnini abobɔ nnipa ne mmoa a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa.”
10 Enti wɔkɔsaw nso fii fononoo mu de kɔɔ Farao anim, na ɔrehwɛ no, Mose tow petee wim na ɛdan mpɔmpɔnini bobɔɔ nnipa ne mmoa a wɔwɔ Misraim nyinaa. 11 Ɛbaa saa no, nkonyaayifo no antumi ne Mose anni asi, efisɛ na mpɔmpɔnini no bi asisi wɔn nyinaa. 12 Nanso Farao pirim ne koma ara, enti wantie asɛm a Awurade nam Mose so ka kyerɛɛ no no.
Mparuwbo
13  Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Sɔre kɔ Farao nkyɛn anɔpahema na kɔka kyerɛ no se, Hebrifo Awurade Nyankopɔn no se, Ma me nkurɔfo nkɔsom me, 14 anyɛ saa a, mede ɔhaw na ɛbɛto mo so na ɛno na ɛbɛma wo ne wʼadwumayɛfo ne Misraimfo nyinaa ahu sɛ Onyankopɔn biara nni asase yi so ka me ho. 15 Sɛ mepɛ a anka matɔre mo nyinaa ase, anka mede ɔyaredɔm bekum mo nyinaa. 16 Nanso manyɛ no saa, efisɛ na mepɛ sɛ meda me tumi adi kyerɛ wo ne asase sofo nyinaa. 17 Woayɛ kyenkyenee wɔ me nkurɔfo so a ɛno nti, womma wɔnkɔ. 18 Ɔkyena saa bere yi ara mu, mɛma mparuwbo a ano yɛ den a bi ntɔɔ Misraimman mu da atɔ. 19 Ntɛm! Monka mo anantwi a mode wɔn kɔ adidi no mmra fie. Efisɛ mparuwbo no bekum nnipa ne mmoa a wɔbɛka wuram no nyinaa.”
20 Misraimfo a asɛm no bɔɔ wɔn hu no de wɔn anantwi ne wɔn asomfo nyinaa baa fie. 21 Na wɔn a wɔammu Awurade asɛm a ɔkae no gyaw wɔn anantwi ne wɔn asomfo wɔ wuram maa mparuwbo no kaa wɔn.
22  Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Teɛ wo nsa kyerɛ soro na ma mparuwbo no ntɔ ngu nnipa, mmoa ne nnua a ɛwɔ Misraim nyinaa so.” 23 Enti Mose de ne nsa kyerɛɛ wim maa Awurade maa anyinam ne aprannaa twitwae. 24 Na ɛyɛ asɛm a ɛyɛ hu yiye. Efisɛ efi Misraim abɔse de kosi saa bere no, na aprannaa mmobɔɔ saa da. 25 Misraimman sɛee pasaa. Biribiara a ɛkaa wuram, sɛ ɛyɛ nnipa anaa mmoa no, wɔn nyinaa wuwui. Nnua nso bubu maa nnɔbae sɛesɛee. 26 Faako a mparuwbo no antɔ wɔ ɔman no mu no yɛ Gosen asase so a na Israelfo no te hɔ no.
27 Afei, Farao soma ma wɔkɔfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn se, “Afei de, mahu me mfomso. Awurade di bem na me ne me nkurɔfo ayɛ bɔne ama atra so. 28 Monsrɛ Awurade mma me, na ɔmma aprannaa ne mparuwbo dodow yi to ntwa na mɛma mo akɔ ntɛm so.”
29 Mose kae se, “Sɛ mifi kuropɔn yi mu ara pɛ a, mɛma me nsa so abɔ Awurade mpae na aprannaa no ne mparuwbo no agyae. Eyi bɛma mo ahu sɛ Awurade na asase nyinaa hyɛ ne nsa. 30 Nanso minim yiye sɛ wo ne wo mpanyimfo de, eyinom nyinaa akyi no, mubepirim mo koma.”
31 Aprannaa no sɛee wɔn awi ne wɔn asaawa a na ɛresow aba no nyinaa. 32 Nanso atoko ne aburow de, ansɛe, efisɛ na emfifii ɛ.
33 Enti Mose fii Farao anim wɔ kurow no mu maa ne nsa so kyerɛɛ Awurade maa aprannaa no ne mparuwbo no ne osu no gyaee tɔ. 34 Farao ne ne mpanyimfo huu sɛ biribiara ayɛ yiye wɔ hɔ no, wɔkɔɔ so pirim wɔn koma yɛɛ bɔne de buu bɔ a wɔhyɛɛ Awurade no so. 35 Enti Farao amma nkurɔfo no ankɔ sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ ho nkɔm kyerɛɛ Mose no.