17
Twetiatwa Apam
Abram dii mfe aduɔkron akron no, Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ no kae se, “Mene Otumfo Nyankopɔn, nantew mʼanim na yɛ pɛ. Mesi apam a ɛda me ne wo ntam no so dua, na mama wʼasefo adɔɔso.”
Abram de nʼanim butuu fam, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Me fa mu de, saa apam yi na ɛda me ne wo ntam: wobɛyɛ aman bebree agya. Wɔremfrɛ wo Abram bio. Wɔbɛfrɛ wo Abraham, efisɛ mayɛ wo aman bebree agya. Mɛma wʼasefo adɔɔso. Wɔbɛyɛ amanaman bebree na ahemfo nso afi wɔn mu. Mɛma mʼapam no ayɛ daapem apam a ɛbɛda me ne wo ne wʼasefo ne awo ntoatoaso a ɛbɛba no ntam. Na mɛyɛ wo ne wʼasefo Nyankopɔn. Mede Kanaan asase a nnɛ wote so sɛ ɔhɔho no nyinaa bɛma wo ne wʼasefo a wɔbɛba akyiri no nyinaa. Ɛbɛyɛ wʼagyapade a wo ne obi mmɔ mu hye afebɔɔ. Na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn.”
Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham se, “Wo de, ɛsɛ sɛ wo ne wʼasefo ne wʼasefo a wɔbɛba akyiri no di mʼapam no so. 10 Eyi ne mʼapam a ɛda me ne wo ntam a ɛsɛ sɛ wo ne wʼasefo ne wʼasefo a wɔbɛba akyiri no di so. Ɛsɛ sɛ wotwa ɔbarima biara twetia. 11 Ɛsɛ sɛ mutwa twetia. Ɛno na ɛbɛyɛ apam a ɛda me ne mo ntam no ho nsɛnkyerɛnne. 12 Ɔbarima biara a ɔyɛ wʼaseni a wɔbɛwo no no, odi nnaawɔtwe pɛ a, ɛsɛ sɛ wotwa no twetia. Nkoa a wɔwoo wɔn wɔ wo fi ne ɔnanani biara a wuyii sika tɔɔ no fii ɔmamfrani nkyɛn a ɔnyɛ wʼaseni no nso, ɛsɛ sɛ wotwa no twetia saa ara. 13 Sɛ wɔwoo no wo fi oo, sɛ nso wɔkarii sika kɔtɔɔ no oo, ɛsɛ sɛ wotwa no twetia. Saa honam mu apam yi bɛyɛ daapem apam. 14 Wɔbɛpam ɔbarima biara a wontwaa no twetia no afi ne nkurɔfo mu, efisɛ saa onipa no anni mʼapam no so.”
15 Onyankopɔn san ka kyerɛɛ Abraham se, “Ɛfa wo yere Sarai ho nso, efi nnɛ rekɔ, woremfrɛ no Sarai bio. Wobɛfrɛ no Sara. 16 Mehyira no, na mɛma no awo ɔbabarima ama wo. Mehyira no ama wabɛyɛ aman nyinaa na. Nʼasefo mu na amanaman mu ahemfo befi.”
17 Abraham de nʼanim butuw fam bio. Ɔserew bisaa ne ho se, “Ebetumi aba sɛ ɔbarima a wadi mfe ɔha bɛwo ɔba ana? Sara nso a wadi mfe aduɔkron no nso, obetumi awo ɔba ana?” 18 Na Abraham ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Onyankopɔn ɛno de, hyira Ismael!”
19 Na Onyankopɔn kae se, “Mmom, wo yere Sara bɛwo ɔbabarima ama wo, na wobɛto no din Isak, a ase ne Serew. Me ne no bɛyɛ daapem apam a ɛbɛtena hɔ ama nʼasefo a wɔbɛba akyiri no nyinaa. 20 Na Ismael ho asɛm a wokae no nso, mate. Mehyira no ama nʼase adɔ bebree. Ɔbɛyɛ abirɛmpɔn dumien agya. Na mɛma no ayɛ ɔman kɛse. 21 Nanso me ne Isak a Sara bɛwo no afe sesɛɛ no na ɛbɛyɛ mʼapam no.” 22 Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Abraham wiee no, ogyaw no hɔ kɔe.
Wotwa Abraham Twetia
23 Saa da no ara, Abraham faa ne babarima Ismael ne mmarima a wɔwoo wɔn wɔ ne fi ne mmarima a wɔtɔɔ wɔn fii ananafo nkyɛn, twitwaa wɔn nyinaa twetia, sɛnea Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no. 24 Wotwaa Abraham twetia no, na wadi mfe aduɔkron akron. 25 Ne babarima Ismael nso, wotwaa no twetia no, na wadi mfe dumiɛnsa. 26 Saa da no ara, na wotwaa Abraham ne ne ba Ismael nyinaa twetia. 27 Ɔbarima biara a ɔwɔ Abraham fi, wɔn a wɔwoo wɔn wɔ Abraham fi ne ɔbarima biara a wɔtɔɔ no fii ɔnanani bi nkyɛn no, wotwitwaa wɔn nyinaa twetia, kaa Abraham ho.