18
Onyankopɔn Hyɛ Abraham Ne Sara Awo Ho Bɔ
Awia ketee bi a Abraham te ne ntamadan a ɛwɔ Mamrɛ odum kwae kwan ano no, Awurade yii ne ho adi bio kyerɛɛ no. Abraham maa nʼani so no, ohuu sɛ mmarima baasa bi apue ne ntentenso. Ohuu wɔn no, otuu mmirika fii ne ntamadan no kwan ano kohyiaa wɔn, kotow wɔn.
Abraham kae se, “Me wura, sɛ manya adom wɔ wʼanim a, ntwa me a meyɛ wʼakoa ho nkɔ. Momma wɔmfa nsu bi mmrɛ mo nhohoro mo anan ase, na monhome wɔ nnua yi ase kakra. Moaba mo akoa nkyɛn yi, momma mempɛ aduan kakra bi mma monka mo ano, na munnya ahoɔden nkɔ mo kwan.”
Nnipa no penee so kae se, “Eye, yɛ nea wopɛ sɛ woyɛ.”
Enti Abraham de ahoɔhare kɔɔ ne yere Sara nkyɛn wɔ ntamadan no mu, kɔka kyerɛɛ no se, “Ka wo ho fa asikresiam pa susukoraa abiɛsa, na fɔtɔw na fa to brodo.”
Afei, Abraham yɛɛ ntɛm kɔɔ nʼanantwibuw no mu, kɔkyeree nantwi ba a oye na wadɔ srade de no maa ne somfo ma ɔde ahoɔhare yɛɛ ne ho adwuma. Afei, ɔfaa nufusu ani srade ne nufusu ne nantwi ba a ɔde anoa aduan no, de too nnipa baasa no pon. Bere a nnipa no gu so redidi no, na ogyina wɔn nkyɛn wɔ nnua no ase.
Nnipa no bisaa Abraham se, “Wo yere Sara wɔ he?”
Abraham buaa wɔn se, “Ɔwɔ ntamadan no mu.”
10 Afei, Awurade kae se, “Nea ɛbɛyɛ biara, afe sesɛɛ mɛba wo nkyɛn, na mɛba no na wo yere Sara awo ɔbabarima.”
Saa bere no, na Sara gyina ntamadan no pon akyi, retie nkɔmmɔ no. 11 Na Abraham ne Sara nyinaa anyinyin yiye a wɔn mfe akɔ anim koraa nti, na Sara awo apa ho. 12 Sara tee asɛm no, ɔserew ne tirim, kae se, “Manya awie aberewabɔ, na me kunu nso abɔ akwakoraa yi, ɛbɛyɛ dɛn na manya saa anigyede yi?”
13 Enti Awurade bisaa Abraham se, “Adɛn nti na Sara serew bisae se, ‘Ampa ara sɛ manyin adu sɛɛ yi, metumi awo ba ana?’ 14 Biribi boro Awurade ahoɔden so sɛ ɔbɛyɛ? Afe sesɛɛ a mɛsan aba sɛnea mahyɛ wo ho bɔ no, na wo yere Sara awo ɔbabarima.”
15 Na Sara suro nti, otwaa atoro se, “Manserew.”
Nanso Onyankopɔn kae se, “Ɛyɛ nokware turodoo sɛ woserewee.”
Abraham Di Ma Sodom
16 Mmarima no kraa sɛ wɔrekɔ no, wɔde wɔn ani kyerɛɛ Sodom. Abraham kogyaa wɔn kwan. 17 Afei, Awurade kae se, “Ade a mabɔ me tirim sɛ mɛyɛ no memfa nsie Abraham ana? 18 Ɛyɛ nokware turodoo sɛ Abraham bɛyɛ ɔman kɛse a ɛwɔ tumi. Na ɛnam Abraham so na wobehyira amanaman a ɛwɔ asase so nyinaa. 19 Efisɛ mapaw Abraham sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ ne mma ne ne fifo Awurade kwan. Na wɔayɛ ade pa ne ade trenee a ɛsɔ Awurade ani. Sɛnea ɛbɛyɛ a Awurade bɔ a ɔhyɛɛ Abraham no bɛba mu.”
20 Afei, Awurade kae se, “Mate nnebɔne a ɛyɛ duru a ɛrekɔ so wɔ Sodom ne Gomora no. 21 Mɛkɔ hɔ akɔhwɛ sɛ, nea wɔyɛ no yɛ bɔne a ɛyɛ duru sɛnea mate no ana. Sɛ ɛnte saa nso a, mehu.”
22 Na mmarima baasa no mu baanu dan wɔn ani kyerɛɛ Sodom. Nanso Abraham de, na ɔda so gyina Awurade anim. 23 Na Abraham twiw bɛn Onyankopɔn bisaa no se, “Wobɛsɛe nnipa trenee ne nnipa bɔnefo nyinaa afra ana? 24 Na sɛ nnipa trenee aduonum wɔ kurow no mu a, wobɛsɛe kurow no a worenhwɛ saa nnipa trenee aduonum no ho nnyae kurow no sɛe ana? 25 Ɛmpare wo sɛ wobɛyɛ saa, sɛ wubekum nnipa trenee ne nnipa bɔnefo afra, de asotwe koro no ara bɛma nnipa trenee ne nnipa bɔnefo. Ɛmpare wo! Nea obu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntrenee ana?”
26 Na Awurade kae se, “Sɛ mihu nnipa trenee aduonum wɔ Sodom kurow no mu a, wɔn nti merensɛe kurow no.”
27 Na Abraham bisae se, “Afei, me a meyɛ nsõ ne dɔte a mensɛ hwee, nanso masi me bo ne Awurade akasa yi, 28 sɛ ɛba sɛ nnipa trenee no dodow yɛ aduanan anum nso ɛ? Esiane saa nnipa anum a wɔafi nnipa trenee aduonum no so ama aka nnipa trenee aduanan anum no nti, wobɛsɛe kurow mu no nyinaa ana?”
Onyankopɔn buae se, “Sɛ mihu nnipa trenee aduanan anum wɔ kurow no mu a, merensɛe no.”
29 Abraham toaa nʼadebisa no so se, “Sɛ ɛba sɛ, nnipa trenee aduanan pɛ na wɔwɔ kurow no mu ɛ?”
Na Awurade buaa Abraham se, “Nnipa trenee aduanan no nti, merensɛe kurow no.”
30 Abraham kɔɔ so srɛɛ bio se, “Mesrɛ wo, Awurade, mma wo bo mfuw me, ma menkasa. Sɛ ɛba sɛ nnipa trenee aduasa na wɔwɔ kurow no mu nso ɛ?”
Awurade buae se, “Sɛ mihu nnipa trenee aduasa a, merensɛe kurow no.”
31 Afei, Abraham bisae se, “Masi me bo ne Awurade akasa yi, ɛba sɛ nnipa trenee aduonu pɛ na wɔwɔ kurow no mu ɛ?”
Onyankopɔn buae se, “Saa nnipa trenee aduonu no nti, merensɛe kurow no.”
32 Abraham kɔɔ so bisae se, “Awurade, mma wo bo mfuw me; ma mimmisa mʼasɛm baako pɛ a etwa to. Sɛ ɛba sɛ, nnipa trenee du na wɔwɔ kurow no mu nso ɛ?”
Awurade buae se, “Saa nnipa trenee du no nti, merensɛe kurow no.”
33 Bere a Awurade ne Abraham kasa wiee no, ogyaw Abraham hɔ kɔe. Abraham nso san kɔɔ nʼatenae.