23
Sara Wu
Sara dii mfe ɔha aduonu ason. Owui wɔ Kiriat-Arba a ɛno ara ne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so. Abraham kogyam ne yere Sara, suu no wɔ hɔ.
Abraham gyaw ne yere Sara amu no wɔ hɔ, kɔɔ Hetifo mpanyimfo nkyɛn, kɔsrɛɛ wɔn se, “Meyɛ ɔhɔho ne mamfrani a mete mo mu. Mesrɛ mo, montɔn mo asase yi bi mma me, na minsie me yere wɔ so.”
Hetifo no buaa Abraham se, “Owura, yɛsrɛ wo, tie asɛm a yɛrebɛka yi. Woyɛ Onyankopɔn somfo kɛse wɔ yɛn mu. Yɛn boda biara a ɛsɔ wʼani a wopɛ sɛ wusie wo yere wɔ hɔ no, yɛma wo ho kwan, kosie no. Yɛn mu biara remfa ne boda nkame wo.”
Ɛhɔ ara na Abraham sɔre bɔɔ ne mu ase wɔ Hetifo no anim, ka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ moapene so sɛ minsie mʼamu no wɔ ha de a, mepa mo kyɛw, monsrɛ Efron a ɔyɛ Sohar babarima no mma me, na ɔntɔn Makpela ɔboda a ɛwɔ nʼafuw ano no mma me. Monka nkyerɛ no na ɔntɔn no sɛnea ne bo di pɛpɛɛpɛ mma me, na mede hɔ ayɛ me ne mʼabusuafo amusiei.”
10 Saa bere no na Hetini Efron a ɔte ne manfo mu no buaa Abraham, maa ne nkurɔfo a wɔahyia wɔ kurow no pon ano nyinaa tee sɛ, 11 “Dabi, me wura, tie me! Mede afuw no ne ɔboda a ɛwɔ mu no kyɛ wo. Migyina me manfo anim, na mede kyɛ wo. Kosie wʼamu no wɔ hɔ.”
12 Bio Abraham de obu ne nidi bɔɔ ne mu ase wɔ ɔmanfo no anim, 13 ka kyerɛɛ Efron maa wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa tee asɛm a ɔkae no se, “Mesrɛ mo, ɔmanfo, monyɛ aso mma me. Momma mintua asase no ka. Mompene so mma me, na minnya kwan nkosie mʼamu no.”
14 Efron buaa Abraham se, 15 “Me wura, tie me! Asase no bo yɛ dwetɛ kilogram anan ne fa. Yɛnyɛ nnipa baako ana? Meregye saa sika yi ayɛ dɛn? Kosie wʼamu no!”
16 Abraham penee Efron asɛm no so. Ɔkarii dwetɛ kilogram anan ne fa a ɛyɛ asase no bo a ɔbɔ maa Hetifo no tee no de tuaa ka.
17 Enti wɔde Efron asase a ɛwɔ Makpela a ɛbɛn Mamrɛ, a ɛyɛ afuw no, ɔboda a ɛwɔ mu no, nnua a ɛwɔ afuw no mu ne nʼahye so nyinaa maa 18 Abraham sɛ nʼagyapade. Eyi nyinaa sii wɔ Hetifo no ne wɔn a wɔbaa kurow no pon no ano nyinaa anim. 19 Akyiri no, Abraham siee ne yere Sara wɔ ɔboda a ɛwɔ Makpela afuw a ɛbɛn Mamrɛ a ɛno ara ne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so no mu. 20 Enti Hetifo no yɛɛ nhyehyɛe de afuw no ne ɔboda a ɛwɔ mu no maa Abraham sɛ nʼagyapade ne nʼamusiei.