24
Isak Ware Rebeka
Na Abraham anyin a ne mfe akɔ anim yiye. Awurade hyiraa no wɔ akwan ahorow nyinaa so. Da koro bi, Abraham ka kyerɛɛ ne somfo panyin a ɔhwɛ nʼagyapade nyinaa so no se, “Fa wo nsa ka me srɛ ase. Mepɛ sɛ woka Awurade a ɔyɛ ɔsoro ne asase Nyankopɔn ntam sɛ, worenware Kanaanfo a me ne wɔn te yi babea biara mma me babarima Isak. Na mmom, wobɛkɔ me man mu, mʼabusuafo nkyɛn, akɔware ɔbea abrɛ no.”
Ɔsomfo no bisaa Abraham se, “Me wura, na sɛ ɛba sɛ ɔbea no ampene so sɛ ɔne me bɛba ɔman yi mu a, na mereyɛ no dɛn? Memfa wo babarima no nkɔ wo man no mu ana?”
Abraham kae se, “Hwɛ yiye na woamfa me babarima no ankɔ hɔ da. Awurade, ɔsoro Nyankopɔn a ɔde me fi mʼagya fi ne mʼasase so baa ha na ɔkaa ntam hyɛɛ me bɔ se, ‘Mede saa asase yi bɛma wʼasefo no,’ ɔno ara na ɔbɛsoma ne bɔfo adi wʼanim akɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya ɔyere afi hɔ ama me babarima no. Sɛ ɛba sɛ, ɔbea no ampene sɛ ɔne wo bɛba a, wo ntam a wokae no nkyekyere wo. Ɛnsɛ sɛ wode me babarima no kɔ hɔ.” Enti, ɔsomfo no de ne nsa kaa ne wura Abraham srɛ ase, kaa saa asɛm yi ho ntam.
10 Na, ɔsomfo no faa ne wura yoma no mu du kɔe. Ɔrebɛkɔ no, ogyee ne wura Abraham nkyɛn nnepa ahorow bebree kaa ho. Ɔde nʼani kyerɛɛ Mesopotamia, koduu Nahor kurow mu. 11 Oduu Nahor kurotia no, ɔmaa yoma no butubutuw abura bi a ɛwɔ hɔ no ho. Na onwini adwo a ɛyɛ bere a mmea bɛtow nsu wɔ abura no mu.
12 Na ɔsomfo no bɔɔ mpae se, “Awurade, me wura Abraham Nyankopɔn, hu me wura Abraham mmɔbɔ, na boa me, na mʼakwantu yi nsi yiye. 13 Hwɛ, migyina abura yi so, na kurow yi mu mmabaa rebɛtow nsu. 14 Ma ɛmmra mu sɛ, ababaa biara a mɛka akyerɛ no se, ‘Mesrɛ wo, soɛ na ma me wo sukuruwa no mu nsu no bi nnom no,’ sɛ ɔka se, ‘Nom bi, na mɛma wo yoma no nso bi anom’ a, ɔnyɛ ababaa a woapaw no ama wʼakoa Isak. Ɛnam eyi so bɛma mahu sɛ, woahu me wura mmɔbɔ.”
15 Ogu so rebɔ mpae no na Rebeka bae a ne sukuruwa si ne bati so. Saa Rebeka no yɛ Betuel ba. Betuel no nso yɛ Abraham nuabarima Nahor ne ne yere Milka babarima. 16 Na Rebeka no yɛ ɔbabun a ne ho yɛ fɛ yiye. Na ɔbarima biara mfaa ne ho nkaa no da. Osian kɔɔ abura no so, kɔhyɛɛ ne sukuruwa no nsu ma, san bae.
17 Ɔsomfo no de ahoɔhare kohyiaa Rebeka, ka kyerɛɛ no se, “Mesrɛ wo, hwie wo sukuruwa no mu nsu no kakra ma mennom.”
18 Ntɛm ara, ɔsoɛɛ ne sukuruwa no kae se, “Me wura, gye bi nom.”
19 Rebeka maa ɔsomfo no nsu no bi nom wiee no, ɔkae se, “Mɛsan akɔsaw nsu no bi abrɛ wo yoma no nyinaa nso anom.” 20 Enti Rebeka de ahoɔhare hwiee ne nsu no guu anomee bi mu, san kɔsaw nsu a ɛbɛso yoma no nyinaa nom de bae. 21 Ɔsomfo no hwɛɛ Rebeka komm, karii no pɛɛ sɛ ohu sɛ Awurade ama nʼakwantu no asi no yiye ana.
22 Yoma no nom nsu no wiee no, ɔsomfo no yii sikakɔkɔɔ hwenemkaa a emu duru kari gram asia ne nkapo abien a ɛno nso mu duru yɛ gram ɔha dunan. 23 Na obisae se, “Hena ba ne wo? Mesrɛ wo, yebenya nnabea wɔ wʼagya fi ama ade akye ana?”
24 Rebeka buaa no se, “Betuel babea ne me. Me nananom ne Milka ne Nahor.” 25 Ɔka kaa ho se, “Yɛwɔ sare ne mmoa aduan bebree ne baabi a mo nso mobɛda.”
26 Na ɔsomfo no buu nkotodwe, sɔree Awurade Nyankopɔn se, 27 “Nhyira nka Awurade, me wura Abraham Nyankopɔn, sɛ onnyaee nokwaredi ne ayamye a ɔyɛ ma me wura no. Me de, Awurade adi mʼanim wɔ mʼakwantu yi mu, de me abedu me wura abusuafo fi.”
28 Rebeka tuu mmirika kɔkaa nsɛm a asisi no nyinaa kyerɛɛ ne na fifo. 29 Na Rebeka wɔ nuabarima bi a ne din de Laban. Laban tee asɛm no, ɔde ahoɔhare kɔɔ ɔbarima no nkyɛn wɔ abura no so. 30 Laban huu hwenemkaa no ne nkapo a egu ne nuabea no nsa no, na ɔtee asɛm a ɔbarima no ka kyerɛɛ Rebeka no, ɔkɔɔ ɔbarima no nkyɛn kohuu sɛ ogyina yoma no ho wɔ asubura no so. 31 Laban ka kyerɛɛ ɔsomfo no se, “Bra, wo a Awurade ahyira wo.” Obisaa ɔsomfo no se, “Adɛn nti na wugyina kurotia ha? Masiesie wo nnabea ne baabi a yoma no nso bɛda.”
32 Enti ɔsomfo no kɔɔ fie hɔ maa Laban yiyii nneɛma a ɛwɔ yoma no so no. Wɔmaa yoma no sare ne aduan, afei Laban maa ɔsomfo no ne nnipa a wɔka ne ho no nsu de hohoroo wɔn anan ho. 33 Eyi akyi no, ɔtoo wɔn pon. Nanso ɔsomfo no kae se, “Merempɛ sɛ medidi, gye sɛ mabɔ mʼamanneɛ.”
Laban kae se, “Bɔ wʼamanneɛ ɛ.”
34 Enti ɔsomfo no bɔɔ nʼamanneɛ se, “Meyɛ Abraham somfo. 35  Awurade ahyira me wura bebree, ama wayɛ ɔdefo. Wama no nguan ne anantwi, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, nkoa ne mfenaa ne yoma ne mfurum. 36 Bio, me wura yere Sara awo ɔbabarima ama no wɔ ne mmerewabere mu; Awurade na ɔde nea ɔwɔ nyinaa ama no. 37 Me wura ma mekaa ntam se, ‘Worenware Kanaanfo a me ne wɔn te yi babea biara mma me babarima Isak. 38 Na mmom, wobɛkɔ me man mu, mʼabusuafo nkyɛn, akɔware ɔbea wɔ hɔ abrɛ me babarima Isak.’
39 “Na mibisaa me wura se, ‘Na sɛ ɛba sɛ, ɔbea no ampene so sɛ ɔne me bɛba ɔman yi mu a, na mereyɛ no dɛn?’
40 “Me wura Abraham buae se, ‘Awurade a manantew nʼanim no bɛsoma ne bɔfo, adi wʼanim, sɛnea ɛbɛyɛ a, wʼakwantu no besi yiye, na woanya ɔyere ama me babarima afi mʼabusua mu a ɛyɛ mʼagya fi no mu. 41 Afei, sɛ ɛba sɛ, woba mʼabusua mu, na sɛ wɔamfa ɔbea no amma wo a, wo ntam a wokae no renkyekyere wo.’
42 “Mebaa asubura no so nnɛ no, mesrɛe sɛ, ‘Awurade, me wura Abraham Nyankopɔn, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, ma akwantu yi nsi me yiye! 43 Hwɛ, migyina abura yi so. Sɛ ababaa bi bɛtow nsu wɔ ha, na meka kyerɛ no se, “Mesrɛ wo, soɛ na ma me wo sukuruwa no mu nsu no kakra nnom” no, 44 na sɛ ɔka se, “Nom bi, na mɛma wo yoma no nso bi anom” a, ɔnyɛ ababaa a Awurade apaw no ama me wura Abraham babarima Isak no.’
45 “Ansa na mewie me koma mu mpaebɔ no, Rebeka puee a sukuruwa si ne bati so. Rebeka kɔɔ abura no so, kɔtow nsu, na meka kyerɛɛ no se, ‘Mesrɛ wo, ma me nsu no bi nnom.’
46 “Ntɛm ara, ɔsoɛɛ ne sukuruwa no kae se, ‘Me wura, gye bi nom na mɛsan asaw nsu no bi abrɛ wo yoma no nyinaa nso anom.’ Enti menom nsu no bi, na ɔmaa yoma no nyinaa nso bi nomee.
47 “Mibisaa no se, ‘Hena ba ne wo?’
“Rebeka buae se, ‘Betuel ba ne me. Me nenanom ne Milka ne Nahor.’
“Ɛhɔ ara na mede hwenemkaa no hyɛɛ ne hwenem, na mede nkapo no nso guu ne nsa. 48 Afei, mebɔɔ me mu ase sɔree Awurade. Mekamfoo Awurade a ɔyɛ me wura, Abraham Nyankopɔn, a wadi mʼanim de me afa ɔkwan pa so, ama manya me wura nuabarima nena aware ama ne babarima no. 49 Afei, sɛ wobɛyɛ me wura adɔe adi no nokware a, ka kyerɛ me. Sɛ ɛnte saa nso a, ka kyerɛ me, sɛnea ɛbɛyɛ a, mehu ɔkwan ko a mɛfa so.”
50 Laban ne Betuel buae se, “Saa asɛm yi fi Awurade nti, yenni ho asɛm biara. 51 Rebeka ni. Momfa no nkɔ, na ɔnkɔware mo wura no babarima no, sɛnea Awurade ahyɛ no.”
52 Bere a Abraham somfo no tee nea wɔkae no, obuu nkotodwe wɔ Awurade anim. 53 Na ɔsomfo no yii sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nnwinne ne ntade maa Rebeka. Ɔsan de nneɛma a ɛsom bo yiye yɛɛ Rebeka nuabarima ne ne na ayɛ. 54 Afei, ɔsomfo no ne nnipa a wɔka ne ho no didi nomee, na wɔda maa ade kyee.
Ade kyee anɔpa a wɔsɔree no, ɔsomfo no kae se, “Munnya me kwan, na mensan nkɔ me wura nkyɛn.”
55 Nanso Rebeka nuabarima no ne ne na buaa ɔsomfo no se, “Ma ababaa no ntena yɛn nkyɛn bɛyɛ sɛ nnafua du bi, na ɛno akyi, wode no akɔ.”
56 Akoa no buaa wɔn se, “Awurade ahyira mʼakwantu yi so ama me yi de, mesrɛ mo, monnnye me nnka ha. Munnya me kwan, na mensan nkɔ me wura nkyɛn.”
57 Afei, wosii gyinae sɛ, “Momma yɛmfrɛ ababaa no, na yemmisa nʼadwene.” 58 Enti wɔfrɛɛ Rebeka bisaa no se, “Wopɛ sɛ wo ne saa ɔbarima yi kɔ ana?”
Rebeka buae se, “Yiw, mɛkɔ!”
59 Enti wogyaa Rebeka ne ɔbea a ogyigyee no ne mmofraase no ne Abraham somfo no ne ne nkurɔfo kwan. 60 Wohyiraa Rebeka se,
“Onuabea, Awurade nka wo ho,
na wʼase nnɔ mpempem!
Awurade mma wʼasefo no
nni wɔn atamfo nyinaa so nkonim.”
61 Na Rebeka ne ne mmaawa siesiee wɔn ho, tenatenaa wɔn yoma so ne Abraham somfo no kɔe. Eyi ne ɔkwan a Abraham somfo no faa so de Rebeka kɔe.
62 Saa bere no na Isak a na anka ɔte Negeb no fi hɔ abɛtena Beer-Lahai-Roi. 63 Da koro anwummere bi a Isak kotuu mpase wɔ sare so refa adwene no, ɔtoo nʼani huu sɛ yoma sa so reba. 64 Rebeka nso too nʼani, na ohuu Isak. Rebeka si fii ne yoma no so, 65 bisaa Abraham somfo no se, “Ɔbarima bɛn na ɔnam sare yi so rebehyia yɛn yi?”
Ɔsomfo no buae se, “Ɔyɛ me wura babarima.” Enti Rebeka yii ne nkataanim de kataa nʼanim.
66 Abraham somfo no bɔɔ Isak nsɛm a asisi no nyinaa ho amanneɛ. 67 Isak de Rebeka kɔɔ ne na Sara ntamadan mu. Na ɔwaree no ma ɔbɛyɛɛ ne yere. Na ɔdɔ no yiye. Eyi maa Isak werɛ kyekyee wɔ ne na Sara wu akyi.