2
Nneɛma A Edi Kristo Ba Anim
Nea ɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo ba a ɔrebɛba ne boa a wɔbɛboaboa yɛn ano akɔka ne ho no ho no, mesrɛ mo anuanom, mommma mo adwene mu nnyɛ mo nnaa sɛ da a Awurade reba no adu. Ebia na obi rehyɛ saa nkɔm no anaa obi foforo nso gyina so reka asɛm. Anaasɛ nso wɔka se yɛn nhoma a yɛkyerɛwee no bi mu na saa asɛm no wɔ. Mommma obiara nnaadaa mo saa wɔ ɔkwan yi so. Saa da no remma da, gye sɛ atuatew a etwa to no aba ama wɔada ɔbɔnefo no a ɔbɛkɔ daa ɔsɛe mu no adi. Ɔbɛsɔre atia biribiara a nnipa som na wobu no kronkron no; na ɔbɛkorɔn ne ho wɔ ne nyinaa so na wakɔtena Onyankopɔn asɔredan mu na waka se ɔno ne Onyankopɔn.
Monkae sɛ bere a me ne mo wɔ hɔ no, na metaa ka eyinom nyinaa kyerɛ mo. Na mprempren munim nea abɔ ne ba no asɛn no sɛnea wɔbɛda no adi akyerɛ mo wɔ bere pa mu. Ɔbɔnefo no di ne dwuma dedaw na nea ɛbɛba no remma da, gye sɛ wɔayi nea okura ne mu no afi hɔ ansa. Ɛno ansa na ɔbɔnefo no bɛba, na Awurade Yesu nam nʼanom home so betu no agu, na ɔde ne ba a ɔbɛba no mu anuonyam asɛe no. Ɔbɔnefo no nam ɔbonsam tumi so na ɛbɛba na wabɛyɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne, 10 na ɔnam bɔne so adaadaa wɔn a wɔbɛyera no. Wɔbɛyera, efisɛ wɔannye nokware no anto mu, annɔ nokware no amma wɔannya nkwa. 11 Eyi nti, Onyankopɔn resoma nnaadaa tumi ma akɔhyɛ wɔn mu ama wɔagye nsɛm a ɛnyɛ nokware no adi. 12 Awiei no ara ne sɛ wobebu wɔn a wonnye nokware no nni na wɔn ani gye bɔne ho no atɛn.
13 Anuanom, ɛsɛ sɛ bere biara yɛda Onyankopɔn ase ma mo a Awurade dɔ mo no. Efisɛ ɛnam Honhom no tumi so na Onyankopɔn yii mo sɛ nnipa a mudi kan a wobegye mo nkwa na wɔayɛ mo Onyankopɔn nkurɔfo kronkron wɔ mo gyidi a mowɔ wɔ nokware mu no mu. 14 Onyankopɔn nam Asɛmpa no so frɛɛ mo sɛnea mo ne Awurade Yesu Kristo bɛtena nʼanuonyam no mu.
15 Enti anuanom, munnyina pintinn na monka mo ho mmata nokware a yɛkyerɛɛ mo wɔ asɛnka ne yɛn nhoma no mu no ho.
16 Yɛn Awurade Yesu Kristo no ankasa ne yɛn Agya Onyankopɔn a ɔdɔ yɛn na ɔnam nʼadom mu ahyɛ yɛn daa nkuran ne anidaso pa no, 17 nkyekye mo werɛ, na ɔnhyɛ mo den wɔ asɛm ne adwuma pa nyinaa mu.