3
Mommɔ Mpae Mma Yɛn
Anuanom, asɛm a etwa to ne sɛ mommɔ mpae mma yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a Awurade asɛm bɛkɔ so atrɛw ntɛm te sɛnea ɛyɛɛ wɔ mo mu no. Afei mommɔ mpae mma yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn beyi yɛn afi abɔnefo ne nsɛmmɔnedifo nsam. Efisɛ ɛnyɛ nnipa nyinaa na wogye asɛm no di. Nanso Awurade yɛ ɔnokwafo. Ɔbɛhyɛ mo den na wagye mo afi ɔbɔnefo no nsam. Awurade ama yɛn mo mu anidaso. Yɛwɔ anidaso sɛ moreyɛ na mobɛkɔ so ayɛ biribiara a yɛbɛkyerɛ mo sɛ monyɛ no. Awurade nka mo ho na munnya ɔdɔ koma sɛ Onyankopɔn, ne abodwokyɛre sɛ Kristo.
Anihaw Ho Kɔkɔbɔ
Anuanom, yɛhyɛ mo wɔ Awurade Yesu Kristo din mu sɛ, montwe mo ho mfi anuanom a wodi anihaw na wonni mmara a wɔahyɛ ama wɔn no so no ho. Mo ankasa munim pefee sɛ, ɛsɛ sɛ moyɛ nea yɛyɛe no bi pɛpɛɛpɛ. Bere a na yɛwɔ mo nkyɛn no, yɛanyɛ anihaw. Obi ammoa yɛn a yɛantua onii no ka. Yɛyɛɛ adwuma denneennen. Awia ne anadwo nyinaa yɛyɛɛ adwuma sɛnea yɛremfa sikasɛm biara nhaw mo adwene. Eyi nkyerɛ sɛ na yenni ho kwan sɛ yebisa mo biribi de boa yɛn asetena. Yɛyɛɛ saa de yɛɛ nhwɛso maa mo. 10 Yɛwɔ mo nkyɛn no, yɛka kyerɛɛ mo se, “Obiara a ɔmpɛ sɛ ɔyɛ adwuma no, ɛnsɛ sɛ wɔma odidi.”
11 Yɛka saa asɛm yi, efisɛ yɛte sɛ mo mu bi yɛ anihawfo a wɔnyɛ hwee sɛ wɔnenam nkurɔfo nnwuma so. 12 Yɛde Awurade Yesu Kristo din hyɛ wɔn, bɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔmmɔ ɔbra pa na wɔnyɛ adwuma mfa mmɔ wɔn ho akɔnhama. 13 Anuanom munnnyae papayɛ da.
14 Obi wɔ hɔ a ɔrentie nhoma a yɛakyerɛw abrɛ mo yi mu nsɛm. Sɛ muhu obi saa a, monhwɛ no yiye na montwe mo ho mfi ne ho na nʼani nwu. 15 Nanso mommfa saa onipa no sɛ ɔyɛ ɔtamfo na mmom mommɔ no kɔkɔ sɛ mo nua.
 
 
16 Na ɔno asomdwoe Awurade no ara mma mo asomdwoe daa ade nyinaa mu. Awurade ne mo nyinaa ntena.
 
17 Me ara me Paulo, me nsa ano nkyerɛw a menam so rekyia mo ni. Saa ɔkwan yi ara so na mefa kyerɛw nhoma.
 
18 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.