2
Megyina mʼahwɛe na mawɛn.
Mɛbɔ nsra
na mahwɛ nea ɔbɛka akyerɛ me,
ne mʼanoyi a mede bɛma nkurobɔ yi.
Awurade Mmuae Foforo
Afei, Awurade buae se,
“Kyerɛw adiyi yi wɔ ɔbopon so
ma mu nna hɔ pefee
na ama ɔkenkanfo ate ase.
Adiyisɛm no retwɛn nkrabea bi;
ɛka awiei ho asɛm
na ɛbɛba mu.
Ɛwɔ mu sɛ ɛrekyɛ de, nanso twɛn,
ɛrenkyɛ, ɛbɛba mu.
 
 
“Hwɛ, ɔtamfo no ama ne ho so;
nʼapɛde nteɛ,
nanso ɔtreneeni fi gyidi mu benya nkwa.
Nokware, nsa yi no ma
wayɛ ahantan na onni ahotɔ.
Esiane sɛ ɔyɛ adifudepɛ sɛ ɔda
na ɔte sɛ owu a hwee mmee no nti
ɔfom aman no nyinaa
na ɔfa nnipa no nyinaa nnommum.
“Nnommumfo yi nyinaa bedi ne ho fɛw aserew no aka se,
“ ‘Nnome nka nea ɔboaboa akorɔnne ano,
na ɔnam apoobɔ so nya ne ho!
Eyi nkɔ so nkosi da bɛn?’
So wɔn a wode wɔn ka no rensɔre mpofirim ana?
Wɔbɛsɔre ama wo ho apopo,
na wobetwiw afa wo so.
Esiane sɛ woafow aman bebree nti,
wɔn a wɔaka no bɛfow wo bi.
Efisɛ woahwie nnipa mogya agu;
woasɛe nsase, nkuropɔn ne wɔn a wɔtete mu.
 
“Nnome nka nea ɔde akorɔnne kyekyere ne man,
a ɔyɛ ne berebuw wɔ sorɔnsorɔmmea,
sɛnea obeyi ne ho afi ɔsɛe mu.
10 Woatu nnipa bebree sɛe ho agyina,
de agu wankasa fi anim ase, de wo nkwa atwa so.
11 Abo a ɛhyehyɛ afi afasu mu no bɛteɛ mu,
na ebegyigye wɔ mpuran a wɔahyehyɛ no mu.
 
12 “Nnome nka nea ɔnam mogyahwiegu so kyekyere kuropɔn
na ɔnam awudi so kyekyere kurow.
13 Asafo Awurade ahyɛ sɛ,
nnipa no adwumayɛ bɛyɛ ogya a wɔhyew.
Aman no brɛ gu kwa. 14 Na Awurade anuonyam ho nimdeɛ bɛhyɛ asase nyinaa ma,
sɛnea nsu hyɛ po ma no.
 
15 “Due! Wo a woma wo mfɛfo nsa,
Wuhwie ma wɔnom kosi sɛ wɔbɛbow,
na afei woahwɛ wɔn adagyaw.
16 Worennya anuonyam biara, wʼani bewu.
Afei adu wo so! Nom na wʼadagyaw mu nna hɔ.
Kuruwa a efi Awurade nsa nifa reba wo so,
na aniwu bɛkata wʼanuonyam so.
17 Awurukasɛm a wode adi Lebanon no bɛmene wo,
ɔsɛe a wosɛe mmoa nso bɛbɔ wo hu.
Woaka nnipa mogya agu;
woasɛe nsase, nkuropɔn ne nnipa a wɔwɔ mu.
 
18 “Mfaso bɛn na munya fi ahoni a nipa ayɛ mu?
Anaa nsɛsode a ɛkyerɛkyerɛ atoro?
Nea ɔyɛ ohoni no de ne ho to ɔno ankasa nsa ano adwuma so;
na ɔyɛ anyame a wontumi nkasa.
19 Nnome nka nea ɔka kyerɛ dua se, ‘Nya nkwa!’
Anaa ɔka kyerɛ ɔbo a enni nkwa se, ‘Nyan!’
Ebetumi ama akwankyerɛ?
Wɔde sika kɔkɔɔ ne dwetɛ adura ho;
nanso ɔhome nni mu.”
 
20 Nanso Awurade wɔ nʼasɔrefi kronkron mu.
Momma asase nyinaa nyɛ komm wɔ nʼanim.