3
Habakuk Mpaebɔ
Saa mpaebɔ yi, Habakuk too no sɛ dwom:
Awurade, mate wo ho nsɛm nyinaa,
Na wʼanwonwadwuma a woayɛ no, me ho adwiriw me.
Yɛ no foforo wɔ yɛn mmere so.
Yɛn mmere yi mu, ma wonhu.
Wʼabufuwhyew mu no, kae wo mmɔborɔhunu.
 
Onyankopɔn fi Teman bae,
Ɔkronkronni a ofi Bepɔw Paran so,
Nʼanuonyam kata ɔsoro,
na nʼayeyi hyɛ asase so ma.
Ɔhyerɛn sɛ anɔpawia
Hann no nsensanee twa yerɛw fi ne nsam,
Ɛhɔ na ne tumi ahintaw.
Ɔyaredɔm di nʼanim kɔ;
Na nsanyare di nʼakyi pɛɛ.
Sɛ ogyina a, asase wosow.
Sɛ ɔhwɛ a, ɔma aman wosow.
Tete mmepɔw dwiriwii,
na nkoko a efi tete no ka kataa so.
Nʼakwan ntwa mu da.
Mihuu Kusanfo ntamadan a atetew
ne Midianfo* atenae a agyigya.
Awurade, wo bo fuw nsubɔnten no?
Wʼabufuw no tiaa nsuwansuwa no?
Wosɔre tiaa po,
bere a wo ne wʼapɔnkɔ
ne nkonimdi nteaseɛnam nam no.
Wuyii wo tadua,
Woma wɔde agyan bebree brɛɛ wo.
Wode nsubɔnten paapae asase mu.
10 Mmepɔw huu wo, na wɔwosowee
Osuhweam bɛsen kɔe.
Bun no woroo so,
na ehuru baa soro.
11 Owia ne ɔsram gyinagyinaa sorosoro hɔ,
bere a wohuu wʼagyan a ɛnenam wim no hann,
ne wo peaw a ɛpa yerɛw yerɛw no.
12 Wʼabufuwhyew mu no, wonantew twaa asase so
na wode abufuw tiatiaa aman no so.
13 Wobaa se worebegye wo nkurɔfo,
na woagye nea wɔasra no no nkwa.
Wopɛtɛw atirimɔdenfoman no kannifo,
wopaa ne ho ntama fi ne ti so kosii ne nan ase.
14 Wode nʼankasa peaw hwirew ne ti mu,
bere a nʼakofo bɔɔ yerɛdɛ sɛ wɔrebɛhwete yɛn mu.
Wɔpɛɛ sɛ wɔbɛtɔre
mmɔborɔfo a wɔakɔ agua no ase koraa.
15 Wode wʼapɔnkɔ tiatiaa po no mu,
ma asu kɛse no hurui.
16 Metee no, me koma tui,
nnyigyei no maa mʼano poo biribiri;
ɔporɔw hyɛn me nnompe mu,
na me nan wosowee.
Nanso mɛtɔ me bo ase atwɛn akosi sɛ
amanehunu da bɛba ɔman a wɔtow hyɛɛ yɛn so no so.
17 Ɛwɔ mu, borɔdɔma nnua no nguu nhwiren,
na aba nso nni bobe no so;
ɛwɔ mu, ngodua no adi huammɔ
na mfuw no mmɔ aduan.
Ɛwɔ mu, nguan biara nni buw no mu,
na anantwi nso nni ban no mu.
18 Nanso mʼani begye Awurade mu;
me ho bɛsɛpɛw me wɔ Onyankopɔn a
ɔyɛ mʼagyenkwa no mu.
 
19 Otumfo Awurade yɛ mʼahoɔden.
Ɔma me nan yɛ sɛ ɔforote de,
ɔma me nantew sorɔnsorɔmmea.
Wɔmfa mpae yi mma nnwonto kwankyerɛfo no. Na wɔnto no wɔ mʼasanku no so.
* 3:7 Kusan…Midian—Wɔyɛ Araia mmusuakuw. Awerɛhow…ahoyeraw—Bere a woyii Israelfo fii Misraim nkoasom mu no, nnipa a wɔbemmɛn wɔn no bɔɔ hu. (2 Mose 15.14-16; Yos 2.9-10).