10
“Abrabɔ afono me;
enti mɛka mʼasɛm a meremfa hwee nsie
na mɛkasa afi me kra yawdi mu.
Mɛka akyerɛ Onyankopɔn se: Mmu me kumfɔ,
na mmom kyerɛ kwaadu a wobɔ me.
Ɛyɛ wo fɛ sɛ wohyɛ me so,
de po wo nsa ano adwuma,
na woserew hwɛ amumɔyɛfo nhyehyɛe?
Wowɔ ɔhonam mu ani ana?
Wuhu ade te sɛ ɔdesani ana?
Wo nkwanna te sɛ ɔdesani
anaa wo mfe te sɛ onipa hoɔdenfo,
a enti ɛsɛ sɛ wohwehwɛ me mfomso
na wopɛɛpɛɛ me bɔne mu?
Ɛwɔ mu, wunim sɛ minni fɔ,
na obiara nso ntumi nnye me mfi wo nsam.
 
“Wo nsa na ɛnwenee me na ɛbɔɔ me.
Afei wobɛdan wo ho asɛe me ana?
Kae sɛ wonwen me sɛ dɔte.
Na wobɛdan me ayɛ me mfutuma bio ana?
10 So woanhwie me sɛ nufusu
na woammɔ me toa sɛ srade,
11 amfa were ne honam ankata me ho
ankeka nnompe ne ntin antoatoa mu ana?
12 Womaa me nkwa, yii ayamye kyerɛɛ me,
na ɔhwɛsie mu wohwɛɛ me honhom so.
 
13 “Nanso eyi na wode siee wo koma mu,
na minim sɛ na eyi wɔ wʼadwene mu.
14 Sɛ meyɛɛ bɔne a anka wobɛhwɛ me
na wobɛma me so asotwe.
15 Na sɛ midi fɔ a, nnome nka me!
Na sɛ mpo midi bem a, merentumi mma me ti so,
efisɛ aniwu ahyɛ me ma
na mʼamanehunu amene me.
16 Na sɛ mema me ti so a, wodɛɛdɛɛ me sɛ gyata,
na bio woda wʼanwonwatumi no adi tia me.
17 Wode nnansefo foforo betia me
na woma wʼabufuw ano yɛ den wɔ me so;
wʼasraafo tu ba me so bere biara.
 
18 “Adɛn nti na woma wɔwoo me?
Ɛkaa me nko a anka miwui ansa na ani bi rehu me.
19 Sɛ anka mamma nkwa yi mu,
anaasɛ wɔsoaa me fi awotwaa mu de me kɔɔ ɔda mu tee!
20 So ɛnkaa kakraa bi na me nna kakraa no to ntwaa ana?
Gyaa me na minya anigye bere tiaa bi
21 ansa na makɔ koransan
kusuuyɛ ne sunsuma kabii asase so,
22 asase a ɛyɛ anadwo sum kabii,
sum kabii ne sakasaka,
baabi a ɛhɔ hann mpo te sɛ sum.”