9
Hiob Bua Bildad
Na Hiob kasaa bio se:
“Yiw, minim sɛ eyi yɛ nokware.
Na ɛbɛyɛ dɛn na ɔdesani bɛteɛ wɔ Onyankopɔn anim?
Sɛ obi pɛ sɛ ɔne Onyankopɔn yiyi ano a,
ɔrentumi nyi nsɛm apem mu baako mpo ano.
Ne nyansa mu dɔ, na ne tumi so.
Hena na ɔne no adi asi na ne ho baabiara anti?
Otutu mmepɔw a wonnim ho hwee
obubu wɔn fa so wɔ nʼabufuw mu.
Ɔwosow asase fi ne sibea,
na ɔma ne nnyinaso wosow biribiri.
Ɔkasa kyerɛ owia na ɛnhyerɛn,
na ɔsɔw nsoromma hyerɛn ano.
Ɔno nko ara na ɔtrɛw ɔsoro mu,
na ɔnantew po asorɔkye so.
Ɔno ne Nyankrɛnte, Akokɔbeatan ne ne mma Yɛfo;
anafo fam nsorommakuw no.
10 Ɔyɛ anwonwade a wontumi nte ase,
nsɛnkyerɛnne a wontumi nkan.
11 Sɛ ɔnam me ho a, minhu no;
sɛ ɔsen a, minhu no.
12 Sɛ ohwim kɔ a, hena na osiw no kwan?
Hena na obetumi abisa no se, ‘Dɛn na woreyɛ yi?’
13 Onyankopɔn nkora nʼabufuw so;
Rahab aboafo mpo ho popo wɔ nʼanim.
 
14 “Na me ne hena a mene no beyiyi ano?
Mɛyɛ dɛn anya nsɛm a me ne no de begye akyinnye?
15 Sɛ minnim ho hwee mpo a, merentumi nyi nʼano;
ɛno ara ne sɛ mɛsrɛ ahummɔbɔ afi me temmufo nkyɛn.
16 Mpo, sɛ mefrɛ no na ɔba a,
minnye nni sɛ obetie mʼasɛm.
17 Ɔde asorɔkye bɛhwe me
ama mʼapirakuru adɔɔso kwa.
18 Ɔremma minnya mʼahome, bio,
ɔde awerɛhow bɛhyɛ me ma tɔ.
19 Sɛ ɛyɛ ahoɔden asɛm a, ɔyɛ ɔhoɔdenfo!
Na sɛ ɛba atɛntrenee nso a, hena na ɔne no bedi asi?
20 Sɛ midi bem mpo a, mʼano bebu me kumfɔ;
sɛ me ho nni asɛm a, ebebu me fɔ.
 
21 “Ɛwɔ mu sɛ midi bem de,
nanso mimmu me ho;
abrabɔ afono me.
22 Ne nyinaa yɛ pɛ; ɛno nti na meka se,
‘Ɔsɛe nea ne ho nni asɛm ne omumɔyɛfo.’
23 Bere a amanehunu de owu aba no,
ɔserew nea ne ho nni asɛm no abawpa.
24 Bere a asase akɔ amumɔyɛfo nsam no,
ofura ɛso atemmufo ani.
Sɛ ɛnyɛ ɔno a, na ɛyɛ hena?
 
25 “Me nna ho yɛ hare sen ommirikatufo;
ɛsen kɔ a anigye kakra mpo nni mu.
26 Etwa mu kɔ sɛ akorow a wɔde paparɔso ayɛ
te sɛ akɔre a wɔretow akyere wɔn hanam.
27 Sɛ meka se, ‘Me werɛ mfi mʼanwiinwii,
mɛsakra me nsɛnka, na maserew a,’
28 me yaw ahorow no bɔ me hu ara.
Na minim sɛ, woremmu me bem.
29 Woabu me fɔ dedaw nti,
adɛn na ɛsɛ sɛ mehaw me ho kwa?
30 Mpo sɛ ɛba sɛ mede samina guare
na mede samina hohoro me nsa ho a,
31 wobɛtow me akyene dontori amoa mu,
ama mʼatade mpo akyi me.
 
32 “Ɔnyɛ onipa te sɛ me na mayi nʼano,
na yɛakogyina asennii abobɔ yɛn nkuro.
33 Sɛ anka obi wɔ hɔ a obesiesie yɛn ntam
na waka yɛn baanu abɔ mu,
34 obi a obeyi Onyankopɔn abaa afi me so,
na nʼahunahuna ammɔ me hu bio.
35 Anka mɛkasa a merensuro no,
nanso saa tebea a mewɔ mu yi de, mintumi.