14
“Nnipa a ɔbea awo wɔn
nna yɛ tiaa bi na ɔhaw ahyɛ mu mma.
Ɔfefɛw te sɛ nhwiren na etwintwam;
ɔte sɛ sunsuma a ɛretwa mu akɔ, ɔntena hɔ nkyɛ.
Woma wʼani kɔ saa onipa yi so?
Wode no bɛba wʼanim abebu no atɛn ana?
Hena na obetumi ayi nea ɛyɛ kronkron afi fi mu?
Obiara nni hɔ.
Woahyehyɛ onipa nkwa nna;
woahyɛ nʼasram dodow ato hɔ
na woahyɛ no bere a ɔrentumi ntra.
Enti yi wʼani fi ne so na ɔnyɛ nea ɔpɛ,
kosi sɛ obewie nʼadwuma sɛ ɔpaani.
 
“Dua mpo anidaso wɔ hɔ ma no:
Sɛ wotwa a, ɛbɛfefɛw bio,
na ne mman foforo no rempenpan.
Ne ntin betumi anyin akyɛ asase mu
na ne dunsin nso awu wɔ dɔte mu,
nanso, onya nsu a ɛfefɛw,
na eyiyi mman sɛ dua a wɔatɛw.
10 Nanso sɛ nnipa wu a wɔde no hyɛ fam;
ɔhome nea etwa to a, na afei onni hɔ bio.
11 Sɛnea nsu tu yera wɔ po mu no,
anaa sɛnea suka mu yowee no,
12 saa ara na onipa tɔ fam na ɔnsɔre bio;
enkosi sɛ ɔsoro betwa mu no, nnipa rensɔre
na wɔrennyan wɔn mfi wɔn nna mu.
 
13 “Sɛ anka wode me besie ɔda mu
de me ahintaw kosi sɛ wʼabufuw betwa mu!
Sɛ anka wobɛhyɛ me bere
na afei woakae me!
14 Sɛ onipa wu a ɔbɛba nkwa mu bio ana?
Mʼaperedi nna mu nyinaa
mɛtwɛn akosi sɛ me foforoyɛ bɛba.
15 Wobɛfrɛ na megye wo so;
wʼani begyina abɔde a wo nsa ayɛ.
16 Afei wobɛkan mʼanammɔntu
na worenni me bɔne akyi.
17 Wɔbɛsɔ me bɔne ano wɔ kotoku mu,
na woakata mʼamumɔyɛ so.
 
18 “Nanso sɛnea mmepɔw so hohoro na ɛpompono
na ɔbotan nso twe fi ne sibea no,
19 sɛnea nsu yiyi abo ho
na osuhweam twe dɔte kɔ no
saa ara na wosɛe onipa anidaso.
20 Wutintim ne so prɛko pɛ, na otwa mu kɔ;
wosakra ne nipasu na wugya no kwan.
21 Sɛ wɔhyɛ ne mmabarima anuonyam a, onnim;
na sɛ wɔbrɛ wɔn ase a, onhu.
22 Ɔno ara were mu yaw na ɔtee
na ɔno ara ne ho na ogyam.”