15
Elifas Mmuae A Ɛto So Abien
Na Temanni Elifas buae se,
“Enti onyansafo de nsɛm a aba biara nni mu beyi nʼano
anaasɛ ɔde apuei mframa a emu yɛ hyew bɛhyɛ nʼafuru ma?
Ɔde nsɛm huhuw begye akyinnye,
aka nsɛm a mfaso biara nni so ana?
Wototo onyamesuro ase mmom
na wusiw Onyankopɔn som ho kwan.
Wo bɔne kyerɛ wʼano nea ɔnka;
na woafa anitew tɛkrɛma.
Wʼankasa wʼano bu wo kumfɔ, ɛnyɛ me de;
wʼankasa wʼano di adanse tia wo.
 
“Wone onipa a wɔwoo wo dii kan ana?
Wɔwoo wo ansa na wɔrewo nkoko ana?
Wutie Onyankopɔn afotu ana?
Wo nko ara na wunim nyansa ana?
Dɛn na wunim a, yennim?
Nhumu bɛn na wowɔ a yenni?
10 Nea wafuw dwen ne akwakoraa wɔ yɛn afa
wɔn a wɔanyinyin sen wʼagya mpo.
11 Onyankopɔn awerɛkyekye
ne nsɛm a wɔka no brɛoo kyerɛ wo no sua ma wo ana?
12 Adɛn nti na wo koma atwe wo akɔ
adɛn nti na wʼani asɔ gya,
13 na woadan wʼabufuw agu Onyankopɔn so
na woma saa nsɛm yi pue fi wʼano?
 
14 “Ɔdesani ne hena a obetumi ayɛ pɛ,
anaasɛ nea ɔbea awo no bɛn na obetumi ayɛ ɔtreneeni?
15 Onyankopɔn nni ahotoso wɔ nʼakronkronfo mu
ɔsorosoro mpo nyɛ kronkron wɔ nʼani so,
16 na me ne onipa debɔneyɛfo ne omumɔyɛfo a
ɔnom bɔne sɛ nsu.
 
17 “Tie me, na mɛkyerɛ wo mu;
ma menka nea mahu nkyerɛ wo,
18 nea anyansafo apae mu aka,
a wɔamfa biribiara a wonya fii wɔn agyanom hɔ no ansie
19 (wɔn nko ara na wɔde asase no maa wɔn
bere a ananafo biara nni wɔn mu):
20 Omumɔyɛfo kɔ ahohia mu, ne nkwanna nyinaa,
na basabasayɛni nso, ne mfe a wɔahyehyɛ ama no nyinaa.
21 Nnyigyei a ɛyɛ hu hyɛ nʼasom ma;
na sɛ ɛyɛ sɛ nneɛma rekɔ yiye ma no a, akorɔmfo tow hyɛ ne so.
22 Ɔpa abaw sɛ obeguan afi sum mu;
wɔabɔ no ato hɔ ama afoa.
23 Okyinkyin hwehwɛ aduan;
onim sɛ sum da no abɛn.
24 Ɔhaw ne ahoyeraw yi no hu;
ɛhyɛ ne so sɛ ɔhene a wasiesie ne ho ama ɔko,
25 efisɛ ɔteɛteɛ ne nsa kyerɛ Onyankopɔn
na ɔma ne ho so tia Otumfo,
26 wɔde nkatabo a mu piw na ɛyɛ den
kɔ ne so a, onsuro obiara.
 
27 “Ɛwɔ mu sɛ srade ama nʼafono atotɔ
na nʼasen mu nam abubu agu so de,
28 nanso ɔbɛtena nkurow a agu so
na watena afi a obi nte mu,
afi a ɛrebubu mu.
29 Ɔrenkɔ so nyɛ ɔdefo bio, na nʼahonya rennyina,
na nʼagyapade so bɛtew na ayera wɔ asase so.
30 Ɔrenguan sum no;
ogyaframa bɛhyew ne mman,
na Onyankopɔn anom ahomegu bɛsoa no akɔ.
31 Ɛnsɛ sɛ ɔde ne ho to nneɛma huhuw so de daadaa ne ho,
efisɛ ɔrennya hwee mfi mu.
32 Ansa na ne da bedu no, wobetua no ka a bi nka,
na ne mman renyɛ frɔmfrɔm.
33 Ɔbɛyɛ sɛ bobedua a wɔaporow so aba a ennyin ɛ,
te sɛ ngodua a ne nhwiren reporow gu fam.
34 Na abɔnefo fekuw a wonnim Onyankopɔn no rensow aba,
na ogya bɛhyew wɔn a wɔdɔ kɛtɛasehyɛ no ntamadan.
35 Wonyinsɛn ɔhaw na wɔwo bɔne;
wɔn awotwaa siesie nnaadaa.”