19
Hiob Bua Bildad
Na Hiob buae se,
“Mobɛhyɛ me ɔyaw
na mode nsɛm abubu me akosi da bɛn?
Mpɛn du ni a moasopa me;
mo ani nwu sɛ motow hyɛ me so.
Sɛ ɛyɛ nokware sɛ mafom ɔkwan a,
me mfomso yɛ me nko ara asɛm.
Sɛ ampa sɛ mobɛma mo ho so asen me
na mode mʼanimguase ayɛ adanse atia me a,
ɛno de munhu sɛ Onyankopɔn ayɛ me bɔne
na ɔde ne tan atwa me ho ahyia.
 
“Ɛwɔ mu, misu se, ‘Wɔafom me’ de, nanso obiara mmua me;
meteɛ mu pɛ mmoa, nanso atɛntrenee biara nni hɔ.
Wasiw me kwan enti mintumi nsen;
ɔde sum aduru mʼakwan so.
Wayi mʼanuonyam afi me so
na watu mʼahenkyɛw afi me ti so.
10 Wasɛe me akwannuasa nyinaa so de awie me;
watu mʼanidaso ase te sɛ dua.
11 Nʼabufuw huru tia me;
na wakan me afra nʼatamfo mu.
12 Nʼakofo ba anibere so;
wosisi mpie de tia me
na wotwa me ntamadan ho hyia.
 
13 “Wayi me nuabarimanom afi me ho;
na mʼamanifo atwe wɔn ho koraa.
14 Mʼabusuafo kɔ;
na me nnamfonom werɛ afi me.
15 Mʼahɔho ne me mmaawa bu me sɛ ɔhɔho;
mete sɛ ɔnanani ma wɔn.
16 Mefrɛ me somfo, na ommua;
mpo, metew mʼano srɛ no.
17 Me home bɔn me yere;
me ho afono mʼankasa nuabarimanom.
18 Mpo, mmarimaa nkumaa bu me animtiaa;
sɛ mipue a wodi me ho fɛw.
19 Me nnamfo ankasa nyinaa kyi me;
mʼadɔfo asɔre atia me.
20 Maka were ne nnompe,
nea mede aguan nkutoo ne me se akyi nam.
 
21 “Munhu me mmɔbɔ, me nnamfonom, munhu mmɔbɔ,
na Onyankopɔn nsa abɔ me.
22 Adɛn nti na motaa me sɛnea Onyankopɔn yɛ no?
Na mommfa me honam yi saa ara?
 
23 “Ao, sɛ anka wɔde me nsɛm bɛhyɛ nhoma mu,
anka wɔbɛkyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee so,
24 anka wɔde dade pɛe bɛkyerɛw wɔ sumpii so,
anaa wobekuruakyerɛw wɔ ɔbotan so afebɔɔ!
25 Minim sɛ me dimafo te ase,
na awiei no ɔbɛsɔre agyina asase so.
26 Na wɔasɛe me were awie no,
mefi me were mu ahu Onyankopɔn.
27 Me ara mehu no
mede mʼani, na ɛnyɛ obi foforo ani, behu no.
Sɛnea me koma ho pere wɔ me mu!
 
28 “Sɛ moka se, ‘Yɛbɛteetee no,
efisɛ ɔhaw no fi ɔno ara a,’
29 ɛsɛ sɛ mo ankasa musuro afoa no
na abufuw nam afoa so de asotwe bɛba,
na mubehu sɛ atemmu wɔ hɔ.”