18
Bildad Mmuae A Ɛto So Abien
Na Suhini Bildad buae se,
“Bere bɛn na wubegyae kasa tenten yi?
Dwene ho yiye, na afei yebetumi akasa.
Adɛn nti na wofa yɛn sɛ anantwi
na wususuw sɛ yennim nyansa yi?
Wo a wode abufuw tetew wo mu nketenkete,
wo nti na yemfi asase so
anaasɛ wonnwiriw abotan mfi wɔn sibea ana?
 
“Omumɔyɛfo kanea adum;
na ne gya nnɛw bio.
Hann a ɛwɔ ne ntamadan mu duru sum;
kanea a esi ne ho no dum.
Nʼanammɔntu mu ahoɔden ano bɛbrɛ ase;
nʼankasa nhyehyɛe hwe no ase.
Nʼanammɔn de no kɔ afiri mu,
na okyinkyin kɔtɔ ne tan mu.
Afiri so ne nantin
na eso ne mu dennen.
10 Wɔasum no afiri ahintaw wɔ fam;
afiri wɔ ne kwan mu.
11 Ahunahuna ma ɔbɔ huboa wɔ ne ho nyinaa
na ɛhaw no wɔ nʼanammɔntu biara mu.
12 Atoyerɛnkyɛm kɔn dɔ no;
na sɛ ɔhwe ase a, amanehunu retwɛn no.
13 Ɛwewe ne honam ani baabi;
na owu di kan sɛe nʼakwaa.
14 Wɔtwe no fi ne ntamadan bammɔ mu
na wɔde no brɛ ahunahunahene.
15 Ogya te ne ntamadan mu;
na wɔabɔ sufre a ɛredɛw apete nʼatenae.
16 Ne ntin wuwu wɔ ase
na ne mman nso wu wɔ soro.
17 Wɔnnkae no asase so bio;
na onni din wɔ asase so.
18 Wɔka no fi hann mu kɔ sum mu
na wɔpam no fi wiase.
19 Onni mma anaa nananom wɔ ne nkurɔfo mu,
na nʼaseni biara renka wɔ baabi a ɔtenae.
20 Nnipa a wofi atɔe fam ho adwiriw wɔn wɔ nea ato no no ho;
na aninyanne bunkam wɔn a wɔwɔ apuei fam no so.
21 Ampa ara, sɛɛ na omumɔyɛfo atenae te;
sɛɛ ne beae a nea onnim Onyankopɔn no te.”