21
Na Hiob buae se,
Muntie me nsɛm no yiye.
Momma eyi nyɛ awerɛkyekye a mode ma me.
Munnya ntoboase mma me bere a merekasa,
na sɛ mekasa wie a, monkɔ so nni fɛw.
 
“Minwiinwii hyɛ onipa ana?
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ minya ntoboase?
Monhwɛ me, na mo ho nnwiriw mo;
momfa mo nsa nkata mo ano.
Sɛ midwen eyi ho a, mebɔ hu;
na me ho popo.
Adɛn nti na amumɔyɛfo tena nkwa mu?
Wonyin kyɛ na wɔkɔ so di tumi.
Wohu wɔn mma a atwa wɔn ho ahyia no nkɔso,
wohu wɔn nenanom.
Ɔhaw nni wɔn afi mu, na ehu nni hɔ;
Onyankopɔn asotwe mma wɔn so.
10 Wɔn anantwinini nnyɛ asaadwe;
na wɔn anantwibere nwo a wɔmpɔn.
11 Wɔka wɔn mma bɔ mu te sɛ nguankuw;
na emu mmotafowa no huruhuruw.
12 Wɔto nnwom wɔ akasae ne sanku so;
na wɔde atɛntɛbɛn nnyigyei gye wɔn ani.
13 Wodi yiye wɔn nkwanna mu
na wɔkɔ ɔdae mu asomdwoe mu.
14 Nanso wɔka kyerɛ Onyankopɔn se, ‘Fi yɛn so!
Yɛmpɛ sɛ yehu wʼakwan.
15 Hena ne otumfo no a ɛsɛ sɛ yɛsom no?
Sɛ yɛbɔ no mpae a mfaso bɛn na yebenya?’
16 Nanso wɔn nkɔso no nni wɔn nsam,
enti metwe me ho fi amumɔyɛfo afotu ho.
 
17 “Nanso mpɛn ahe na wodum amumɔyɛfo kanea?
Mpɛn ahe na amanehunu ba wɔn so,
nea Onyankopɔn fi nʼabufuw mu de ba no?
18 Mpɛn ahe na wɔyɛ sɛ sare wɔ mframa ano,
te sɛ ntɛtɛ a mframaden bi apra wɔn?
19 Wɔka se, ‘Onyankopɔn kora onipa asotwe so de twɛn ne mma.’
Ɛsɛ sɛ ɔtwe onipa no ankasa aso ma ohu.
20 Ma ɔno ankasa ani nhu ne sɛe;
ma Otumfo abufuwhyew no nka nʼani.
21 Dɛn na ɛfa wɔn ho fa wɔn abusuafo a woagyaw wɔn akyi no ho
bere a asram a wɔatwa ama no aba awiei no?
 
22 “Obi betumi akyerɛ Onyankopɔn nyansa,
wɔ bere a obu atitiriw mpo atɛn?
23 Obi wu wɔ bere a ɔwɔ ahoɔden
ne ho tɔ no na nʼaso mu adwo no,
24 na ne nipadua ayɛ frɔmfrɔm,
na hon ahyɛ ne nnompe ma.
25 Ɔfoforo nso de ɔkra mu yawdi wu,
a wanka asetena pa anhwɛ da.
26 Wosie wɔn nyinaa wɔ mfutuma koro mu,
ma asunson nnunu wɔn nyinaa.
 
27 “Mahu mo adwene,
ɔkwan a mobɛfa so afom me.
28 Moka se, ‘Onipa kɛse no fi wɔ he,
ntamadan a omumɔyɛfo no tenaa mu no?’
29 So mummmisaa wɔn a wotu kwan no asɛm da?
Wɔn amanneɛbɔ mu nsɛm ho nhiaa mo
30 sɛ onipa bɔne nya ne ti didi mu amanehunu da,
na wogye wɔn abufuwhyew da no ana?
31 Hena na ɔde ne suban si nʼanim?
Hena na otua no nea wayɛ so ka?
32 Wɔsoa no kɔ ɔda mu,
na wɔwɛn nʼaboda.
33 Obon mu dɔte yɛ no dɛ;
nnipa nyinaa di nʼakyi,
na dɔm a wontumi nkan wɔn di nʼanim.
 
34 “Enti ɛbɛyɛ dɛn na mode mo nsɛnhunu bɛkyekye me werɛ?
Mo mmuae nyɛ hwee sɛ atoro!”