22
Elifas Mmuae A Ɛto So Abien
Na Temanni Elifas buae se,
“Onyankopɔn benya onipa so mfaso ana?
Mpo onyansafo so bɛba no mfaso ana?
Sɛ woyɛ ɔtreneeni a, anigye bɛn na Otumfo no benya?
Sɛ wʼakwan ho nni asɛm a, mfaso bɛn na obenya?
 
“Wo kronkronyɛ nti na ɔka wʼanim
na ɔbɔ wo kwaadu ana?
Ɛnyɛ wʼamumɔyɛ na ɛso?
Ɛnyɛ wo bɔne na ɛdɔɔso dodo?
Wopɛɛ bammɔ fii wo nuanom nkyɛn a emfi hwee so;
wopaa nnipa ho ntama ma wɔdaa adagyaw.
Woamma abrɛfo nsu annom
na wode aduan kamee nea ɔkɔm de no,
nanso na woyɛ obi a ɔwɔ tumi, wɔ nsase,
onuonyamfo a ɔte so.
Wopam akunafo ma wɔkɔɔ nsapan
na womaa ayisaa nso ahoɔden sae.
10 Ɛno nti na mfiri atwa wo ho ahyia,
na amanehunu a ɛba ntɛm so bɔ wo hu yi,
11 ɛno nti na sum kabii aduru a wunhu ade,
na asorɔkye akata wo so yi.
 
12 “So Onyankopɔn nni ɔsoro akyirikyiri ana?
Hwɛ sɛnea ɔsoro akyirikyiri nsoromma korɔn!
13 Nanso woka se, ‘Dɛn na Onyankopɔn nim?
Sum yi mu na obu atɛn ana?
14 Omununkum kabii akata nʼanim nti onhu yɛn
bere a ɔnenam ɔsoro kontonkurowi mu.’
15 So wobɛkɔ so afa ɔkwan dedaw a
abɔnefo anantew so no so ana?
16 Wɔpraa wɔn kɔe ansa na wɔn bere reso,
na nsuyiri hohoroo wɔn fapem.
17 Na wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn se, ‘Gyaa yɛn!
Dɛn na Otumfo betumi ayɛ yɛn?’
18 Nanso ɛyɛ ɔno na ɔde nnepa hyɛɛ wɔn afi mu,
nti metwe me ho fi amumɔyɛfo afotu ho.
19 Atreneefo hu wɔn asehwe ma wɔn ani gye;
na wɔn a wɔn ho nni asɛm serew wɔn ka se,
20 ‘Wɔasɛe yɛn atamfo,
na ogya ahyew wɔn agyapade.’
 
21 “Fa wo ho ma Onyankopɔn na nya asomdwoe wɔ ne mu;
saa ɔkwan yi so na yiyedi bɛfa ayɛ wo kyɛfa.
22 Tie akwankyerɛ a efi nʼanom,
na fa ne nsɛm sie wo koma mu.
23 Sɛ wosan kɔ Otumfo no nkyɛn a obegye wo ato mu bio:
sɛ wuyi amumɔyɛsɛm fi wo ntamadan mu
24 na wotow wo sika mpɔw gu mfutuma mu
ne Ofir sikakɔkɔɔ gu abotan a ɛwɔ abon mu no so a,
25 ɛno de Otumfo bɛyɛ wo sikakɔkɔɔ
ɔbɛyɛ dwetɛ ankasa ama wo.
26 Afei nokware wubenya anigye wɔ Otumfo mu
na wobɛpagyaw wʼani akyerɛ Onyankopɔn.
27 Wobɛbɔ no mpae, na obetie wo,
na wubedi wo bɔhyɛ so.
28 Nea woyɛ wʼadwene sɛ wobɛyɛ no bɛba mu,
na hann bɛtɔ wʼakwan so.
29 Sɛ nnipa hwe ase na woka se, ‘Ma wɔn so!’ a,
obegye wɔn a wɔahwe ase no nkwa.
30 Obegye abɔnefo mpo,
ɔnam wo nsa a ɛho nni fi so begye wɔn.”