3
Hiob Kasa
Akyiri no Hiob kasae, na ɔdomee da a wɔwoo no. Ɔkae se,
“Ma da a wɔwoo me no nyera,
ne anadwo a wɔkae se, ‘Wɔawo ɔbabarima no!’
Saa da no nnuru sum;
mma Ɔsoro Nyankopɔn nhwehwɛ akyi kwan;
mma hann biara ntɔ ngu so.
Ma sum ne owusum nnye no mfa;
ma omununkum nkata so;
na sum mmunkam ne hann so.
Ma sum kabii nnye saa anadwo no mfa;
ma wonyi saa anadwo no mfi asranna so
na wɔmmfa nhyɛ ɔsram biara mu.
Saa anadwo no nyɛ obonin;
mma wɔnnte anigye nteɛmu wɔ mu.
Ma wɔn a wɔdome nna no nnome saa da no;
wɔn a wɔayɛ krado sɛ wɔbɛkanyan dɛnkyɛmmirampɔn no.
Ma nʼanɔpa nsoromma nnuru sum;
na ɔntwɛn adekyee kwa
a onhu anɔpawia nsensanee a edi kan no,
10 efisɛ anto nea ɔwoo me no awotwaa mu ama wawo me
na anka mʼani renhu saa abɛbrɛsɛ yi.
 
11 “Adɛn nti na manwu awoe hɔ,
bere a mifi me na awotwaa mu no?
12 Adɛn nti na nkotodwe gyee me
ne nufu sɛ minnum?
13 Anka sesɛɛ meda hɔ asomdwoe mu;
anka mada regye mʼahome
14 me ne wiase ahemfo ne fotufo,
wɔn a wosisii adan maa wɔn ho na nnɛ yi abubu no,
15 me ne ahenemma a na wɔwɔ sika kɔkɔɔ,
wɔn a wɔde dwetɛ hyɛɛ wɔn afi mu ma.
16 Anaasɛ adɛn nti na wɔansie me sɛ ɔpɔnba,
te sɛ akokoaa a wanhu adekyee hann da?
17 Ɛhɔ na amumɔyɛfo gyae basabasayɛ,
na abrɛfo nya ahomegye.
18 Nneduafo nso nya wɔn ahofadi;
na wɔnte nnommumfo wuranom ateɛteɛ bio.
19 Nketewa ne akɛse wɔ hɔ,
na akoa de ne ho fi ne wura nsam.
 
20 “Adɛn nti na wɔma mmɔborɔfo hann,
na ɔkra mu ahohiahiafo nya nkwa,
21 wɔn a wɔn kɔn dɔ owu nanso ɛmma,
wɔn a wɔbrɛ hwehwɛ owu sen sɛnea wɔhwehwɛ nnwetɛbona,
22 wɔn a anigye ahyɛ wɔn ma
na wodu ɔda mu a wodi ahurusi.
23 Adɛn nti na wɔde nkwa ma onipa a
ne kwan ahintaw,
nea Onyankopɔn aka no ahyɛ mu?
24 Ahomekokogu adan mʼaduan;
na mʼapinisi gu te sɛ nsu.
25 Nea na misuro no aba me so;
nea na ɛbɔ me hu no ato me.
26 Minni ahotɔ, minni asomdwoe;
minni ahomegye na mmom, ɔhaw nko ara.”