4
Elifas Mmuae A Edi Kan
Na Temanni Elifas buaa Hiob se,
“Sɛ obi pɛ sɛ ɔne wo kasa a, worennya ntoboase ana?
Hena na wobetumi aka nʼano ato mu?
Dwene sɛnea wakyerɛkyerɛ nnipa bebree,
sɛnea woahyɛ nsa a emu ayɛ mmerɛw no den.
Wo nsɛm ahyɛ wɔn a wɔahintiw no den;
woahyɛ nkotodwe a ayɛ mmerɛw mu den.
Na afei a ɔhaw aba no, wʼaba mu abu;
adwira wo, na wo werɛ ahow.
So ɛnsɛ sɛ wo nyamesuro yɛ wʼahotoso
na wʼakwan a ɛho nni asɛm no yɛ wʼanidaso ana?
 
“Dwene ho: Wɔasɛe obi a ne ho nni asɛm pɛn ana?
Ɛhefa na wɔsɛee obi a ɔyɛ pɛ?
Sɛnea mahu no, wɔn a wofuntum bɔne
ne wɔn a wodua ɔhaw no twa so aba.
Onyankopɔn home ano, wɔsɛe;
nʼabufuw turuw a wɔyera.
10 Gyata betumi abobɔ mu na wɔaworo so,
nanso wɔabubu gyata akɛse no se.
11 Gyata annya hanam a owu,
na gyatabere mma no bɔ hwete.
 
12 “Wɔbɛkaa kokoamsɛm bi kyerɛɛ me
na mʼaso tee no sɛ asomsɛm.
13 Wɔ anadwo daeso basabasa mu,
bere a nnipa adeda nnahɔɔ no,
14 ehu ne nketenkete kyeree me
ɛmaa me nnompe nyinaa wosowee.
15 Honhom bi twaa mʼani so,
na me ho nwi sɔre gyinae.
16 Egyinae,
nanso, manhu nʼabɔsu.
Biribi begyinaa mʼanim,
na metee nne bɔkɔɔ bi a ɛrebisa se,
17 ‘Onipa desani betumi ateɛ asen Onyankopɔn?
Na mpo ɔhoɔdenfo betumi ayɛ kronkron asen ne Yɛfo ana?
18 Sɛ Onyankopɔn ntumi mfa ne ho nto nʼankasa asomfo so,
sɛ ɔka nʼabɔfo mfomso kyerɛ wɔn a,
19 na nkantom wɔn a wɔtete dɔte afi mu,
wɔn a wɔn fapem sisi mfutuma mu
na wɔdwerɛw wɔn ntɛm so sen abubummaba!
20 Efi anɔpahema kosi anwummere wobubu wɔn mu nketenkete;
na wɔyera korakora a obiara nhu wɔn bio.
21 So wommiamia wɔn ntamadan ahama mu,
a ɛno nti wowuwu a wonni nyansa ana?’