34
Afei Elihu kae se,
“Mo anyansafo, muntie me nsɛm;
mo nimdefo monyɛ aso mma me.
Efisɛ aso sɔ nsɛm hwɛ
sɛnea tɛkrɛma ka aduan hwɛ no.
Momma yɛnsese, nhu nea eye ma yɛn.
Momma yɛn nyinaa mmɔ mu nsua nea eye.
 
“Hiob ka se, ‘Me ho nni asɛm,
nanso Onyankopɔn abu me ntɛnkyew.
Ɛwɔ mu sɛ mʼasɛm da kwan mu,
nanso wobu me ɔtorofo;
ɛwɔ mu sɛ menyɛɛ bɔne biara,
nanso ne bɛmma no ama me apirakuru a enwu da.’
Onipa bɛn na ɔte sɛ Hiob a
ɔnom animtiaabu sɛ nsu?
Ɔne amumɔyɛfo nantew;
na ɔne atirimɔdenfo nso bɔ.
Efisɛ ɔka se, ‘Sɛ onipa bɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani a
onnya so mfaso biara.’
 
10 “Enti mo mmarima a mowɔ ntease muntie me.
Ɛmpare Onyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ bɔne,
sɛ Otumfo no bɛyɛ mfomso.
11 Nnipa nneyɛe so na ɔhwɛ tua wɔn ka;
nea ɛfata ne nneyɛe na ɔma ɛba ne so.
12 Ɛmfata sɛ wɔde mfomso susuw Onyankopɔn,
na ɛmfata sɛ wɔde ntɛnkyew susuw Otumfo.
13 Hena na ɔde no sii asase so?
Hena na ɔde wiase nyinaa hyɛɛ ne nsa?
14 Sɛ ɛyɛɛ ne pɛ
na oyii ne Honhom ne nʼahome a,
15 anka adesamma nyinaa bɛbɔ mu ayera,
na onipa bɛsan akɔ mfutuma mu.
 
16 “Sɛ mowɔ nhumu a, muntie eyi;
muntie nea meka.
17 So obi a okyi atɛntrenee betumi adi nnipa so?
Mubetumi abu Ɔtreneeni kɛse no fɔ ana?
18 Ɛnyɛ Ɔno na ɔka kyerɛ ahemfo se, ‘Mo so nni mfaso,’
na ɔka kyerɛɛ atitiriw se, ‘Moyɛ atirimɔdenfo,’
19 nea ɔnhwɛ mmapɔmma anim
na onyiyi adefo ne ahiafo mu,
efisɛ wɔn nyinaa yɛ ne nsa ano adwuma.
20 Wowuwu mmere tiaa bi mu, wɔ anadwo dasu mu;
nnipa no ho wosow na wɔsen kɔ;
ahoɔdenfo totɔ a emfi nipa.
 
21 “Nʼani hwɛ nnipa akwan;
na ohu wɔn anammɔntu biara.
22 Baabiara nni hɔ a aduru sum, sum kabii,
a amumɔyɛfo betumi ahintaw.
23 Ɛho nhia Onyankopɔn sɛ ɔbɛhwehwɛ nnipa mu bio,
a enti ɛsɛ sɛ wɔba nʼanim begye atemmu.
24 Ɔbobɔ abirɛmpɔn gu a ɔnyɛ nhwehwɛmu biara,
na ɔde afoforo sisi wɔn anan mu.
25 Efisɛ ohu wɔn nneyɛe,
otu wɔn gu anadwo na wɔdwerɛw wɔn.
26 Otua wɔn amumɔyɛsɛm so ka
wɔ faako a obiara betumi ahu wɔn,
27 efisɛ wɔman fii nʼakyi kɔe
na wɔampɛ nʼakwan biara anhwɛ.
28 Wɔmaa ahiafo sufrɛ duu nʼanim
na ɛma ɔtee mmɔborɔni su.
29 Nanso sɛ ɔyɛ komm a, hena na obetumi abu no fɔ?
Sɛ ɔde nʼanim hintaw nso a, hena na obehu no?
Nanso odi onipa ne ɔman so pɛpɛɛpɛ,
30 ɔmma onipa a onnim Nyame nni hene,
sɛnea ɔrensum nnipa no mfiri.
 
31 “Sɛ ɛba sɛ onipa ka kyerɛ Onyankopɔn se,
‘Mayɛ bɔne na merenyɛ bɔne bio.
32 Kyerɛ me na minhu;
na sɛ mayɛ bɔne a, merenyɛ saa bio.’
33 So ɛsɛ sɛ Onyankopɔn gyina nea woka so tua wo ka,
wɔ bere a woayɛ sɛ worennu wo ho ana?
Ɛsɛ sɛ wusi gyinae, ɛnyɛ me;
enti ka nea wunim kyerɛ me.
 
34 “Nnipa a wɔwɔ ntease pae mu ka,
nimdefo a wotie me ka kyerɛ me se,
35 ‘Hiob nkasa nimdeɛ kwan so;
aba biara nni ne kasa mu.’
36 Ao, sɛ wɔsɔɔ Hiob hwɛ kɔɔ akyiri a anka eye,
efisɛ oyiyii nsɛm ano sɛ omumɔyɛfo!
37 Ɔde atuatew ka ne bɔne ho;
ɔde ahantan bɔ ne nsam gu yɛn so
na ɔma ne nsɛm a ɔka tia Onyankopɔn no dɔɔso.”