33
“Na afei, Hiob, tie me nsɛm;
yɛ aso ma biribiara a mɛka.
Merebebue mʼano;
me nsɛm aba me tɛkrɛma so.
Me nsɛm fi koma a ɛteɛ mu;
na mʼano de ahonim pa ka nea minim.
Onyankopɔn Honhom na abɔ me;
Otumfo no home ma me nkwa.
Sɛ wubetumi a, ma me mmuae;
siesie wo ho, na ka si mʼanim.
Wo ne me nyinaa yɛ pɛ wɔ Onyankopɔn anim;
me nso wɔbɔɔ me fii dɔte mu.
Ɛnsɛ sɛ wusuro me,
na ɛnsɛ sɛ me nsa yɛ den wɔ wo so.
 
“Nanso woaka ama mate,
mete saa nsɛm no, na wokae se,
‘Meyɛ kronkron na minni bɔne;
me ho tew na afɔdi biara nni me ho.
10 Nanso Onyankopɔn anya me ho mfomso
wafa me sɛ ne tamfo.
11 Ɔde me nan hyɛ mpokyerɛ mu;
na nʼani wɔ mʼakwan nyinaa so.’
 
12 “Nanso meka mekyerɛ wo se, eyi mu de woayɛ mfomso,
efisɛ Onyankopɔn so sen ɔdesani.
13 Na adɛn nti na wunwiinwii hyɛ no
sɛ ommua onipa nsɛm biara ana?
14 Nanso Onyankopɔn kasa wɔ akwan ahorow so,
na ebia nnipa nte.
15 Ɔkasa wɔ daeso ne anadwo anisoadehu mu,
bere a nna afa nnipa
na wɔada hatee wɔ wɔn mpa so no,
16 otumi kasa gu wɔn asom
na ɔde kɔkɔbɔ yi wɔn hu,
17 sɛ ɔbɛdan onipa afi nneyɛe bɔne ho
na watwe no afi ahantan ho,
18 sɛ ɔmma ne kra nkɔ amoa mu
na ɔnhwere ne nkwa wɔ afoa ano.
19 Anaasɛ wotumi de mpa so yaw twe onipa aso
nnompe mu yaw a ennyae da,
20 kosi sɛ ne kɔn nnɔ aduan
na ne kra nso po aduan a ɛyɛ akɔnnɔ pa ara;
21 ɔfɔn yɛ basaa,
na ne nnompe a anka ɛho akata no, ho da hɔ.
22 Ne kra bɛn ɔda,
na ne nkwa bɛn owu abɔfo.
 
23 “Nanso sɛ ɔbɔfo bi wɔ nʼafa
sɛ odimafo a, ɛyɛ apem mu baako,
na ɔbɛkyerɛ no nea eye ma no,
24 obehu no mmɔbɔ na waka se,
‘Munnyaa no na wankɔ ɔda mu;
na manya mpatade ama no,’
25 afei ne were yɛ foforo sɛ abofra;
na esi ne dedaw mu yɛ sɛ mmerantebere mu de.
26 Ɔbɔ Onyankopɔn mpae na onya adom fi ne hɔ,
ohu Onyankopɔn anim na ɔde ahosɛpɛw teɛ mu;
na Onyankopɔn gye no bio sɛ ɔtreneeni.
27 Afei ɔba nnipa mu bɛka se,
‘Meyɛɛ bɔne na mekyeaa nea ɛteɛ,
nanso mannya nea ɛfata me.
28 Ogyee me kra na wamma no ankɔ ɔda mu,
enti mɛtena ase na madi hann no mu dɛ.’
 
29 “Onyankopɔn yɛ eyinom nyinaa ma onipa,
mprenu ne ne mprɛnsa so,
30 sɛnea ne kra renkɔ ɔda mu,
na nkwa hann no ahyerɛn ne so.
 
31 “Yɛ aso, Hiob, na tie me;
yɛ dinn na menkasa.
32 Na sɛ wowɔ biribi ka a, bua me;
kasa, na mepɛ sɛ wobu wo bem.
33 Sɛ ɛnte saa nso a, ɛno de tie me.
Yɛ dinn na mɛkyerɛ wo nyansa.”