36
Elihu toaa ne kasa so se,
“Montɔ mo bo ase kakra mma me, na mɛkyerɛ mo sɛ
aka bebree a ɛsɛ sɛ yɛka ma Onyankopɔn.
Minya me nimdeɛ fi akyirikyiri;
mɛka se me Yɛfo bu atɛntrenee.
Munnye nto mu sɛ me nsɛm yɛ nokware turodoo;
na meyɛ obi a ne nimdeɛ so wɔ mo mu.
 
“Onyankopɔn so, nanso, ontwiri nnipa;
ɔkorɔn na osi pi wɔ ne botae mu.
Ɔmma amumɔyɛfo ntena nkwa mu,
na ɔde amanehunufo kyɛfa ma wɔn.
Onnyi nʼani mfi ɔtreneeni so,
ɔma wɔne ahemfo di ade
na ɔma wɔn so afebɔɔ.
Na sɛ wɔde mpokyerɛ gu nnipa
na amanehunu hama akyekyere wɔn papee a,
ɔka nea wɔayɛ kyerɛ wɔn
sɛ wɔnam ahantan so ayɛ bɔne.
10 Ɔma wotie nteɛso
na ɔhyɛ wɔn sɛ wonnu wɔn ho wɔ wɔn bɔne ho.
11 Sɛ wɔyɛ osetie na wɔsom no a,
wobedi yiye wɔ wɔn nna a aka no mu
na wɔn mfe nyinaa ayɛ anisɔ ama wɔn.
12 Na sɛ wɔantie no a, wɔbɛyera wɔ afoa ano,
na wɔawuwu a wonni nimdeɛ.
 
13 “Wɔn a wonnim Nyame no kora abufuw so;
mpo sɛ ogu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn a wonsu mpɛ mmoa.
14 Wowuwu wɔ wɔn mmabunmmere mu,
wɔ mmarima nguamanfo a wɔtete abosonnan mu.
15 Nanso wɔn a wohu amane no, ogye wɔn;
na ɔkasa kyerɛ wɔn wɔ wɔn haw mu.
 
16 “Ɔregye wo afi ahohia mu
de wo akɔ beae a hɔ bae a ahokyere nni,
nea wowɔ asomdwoe, na nnuan pa ayɛ wo pon so ma.
17 Nanso mprempren, atemmu a ɛfata amumɔyɛfo na aba wo so;
atemmu ne atɛntrenee aso wo mu.
18 Hwɛ yiye na obi amfa ahonya annaadaa wo;
mma adanmude kɛse bi ntwe wo.
19 Wʼahonya anaasɛ mpo
wʼahohia bebrebe nyinaa nti,
worenkɔ amanehunu mu ana?
20 Mpere anadwo ho,
sɛ ammɛpra nnipa mfi wɔn afi mu.
21 Hwɛ na woannan ankɔ bɔne ho,
nea ayɛ sɛ wopɛ sen amanehunu.
 
22 “Onyankopɔn yɛ ɔkɛse wɔ ne tumi mu.
Hena na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo sɛ ɔno?
23 Hena na wahyehyɛ nʼakwan ama no
anaa waka akyerɛ no se, ‘Woayɛ mfomso.’
24 Kae na kamfo nʼadwuma a
nnipa de nnwonto akamfo no.
25 Adesamma nyinaa ahu;
nnipa fi akyirikyiri hwɛ no haa.
26 Onyankopɔn yɛ ɔkɛse, ɛboro yɛn ntease so!
Ne mfe dodow mu nni hwehwɛbea.
 
27 “Ɔtwetwe nsu a ɛsosɔ,
ma ɛdan osu gu nsuten mu;
28 na omununkum tɔ obosu gu fam
na osu pete mmoroso gu adesamma so.
29 Hena na obetumi ate sɛnea ɔtrɛtrɛw omununkum mu no ase,
sɛnea ɔbobɔ mu fi ne suhyɛ ase no?
30 Hwɛ sɛnea ɔhwete nʼanyinam mu wɔ ne ho
ma ɛkɔ po bun mu.
31 Eyi ne ɔkwan a ɔfa so di amanaman no so
na ɔma aduan bu wɔn so.
32 Ɔde anyinam hyɛ ne nsam ma
na ɔhyɛ no sɛ ɛmpa nʼagyiraehyɛ.
33 Nʼaprannaa bɔ ahum a ɛreba no ho nkae;
na anantwi mpo ma wohu sɛ ɛreba.