37
“Eyi ma me koma bɔ kitirikitiri
na ehuruw fi nʼatenae.
Tie! Tie ne nne mmubomu,
ne huuyɛ a efi nʼanom reba no.
Ogyaa nʼanyinam mu wɔ ɔsoro ase nyinaa
na ɔma ekodu asase ano.
Ɛno akyi na ne mmubomu no ba;
ɔde nne kɛse bobɔ mu.
Sɛ ɔkasa a,
biribiara nsianka no.
Onyankopɔn nne bobɔ mu ma no yɛ nwonwa;
ɔyɛ nneɛma akɛse a ɛboro yɛn adwene so.
Ɔka kyerɛ sukyerɛmma se, ‘Tɔ gu asase so,’
ne osu nso se, ‘Yɛ osutɔ kɛse.’
Sɛnea nnipa a wabɔ wɔn nyinaa behu nʼadwuma nti,
ɔma nnipa nyinaa gyae wɔn adwumayɛ.
Wuram mmoa kɔtetɛw;
wɔkɔhyehyɛ wɔn abon mu.
Ahum tu fi ne pia mu,
na awɔw nso fi mframa a ɛrebɔ mu.
10 Onyankopɔn home de sukyerɛmma ba,
na nsu tamaa no kyen.
11 Ɔde fuonwini hyɛ omununkum ma;
na otwa nʼanyinam fa mu.
12 Ɔhyɛ ma wokyinkyin
fa asase so nyinaa hyia
yɛ nea ɔhyɛ sɛ wɔnyɛ biara.
13 Ɔde omununkum ba bɛtwe nnipa aso,
anaasɛ ɔma ɛtɔ gu asase so de kyerɛ nʼadɔe.
 
14 “Tie eyi, Hiob;
gyae na dwene Onyankopɔn anwonwade ho.
15 Wunim sɛnea Onyankopɔn si fa di omununkum so,
na ɔma nʼanyinam twa?
16 Wunim sɛnea omununkum si fa sensɛn wim,
nea ɔwɔ nimdeɛ a so nni no anwonwade no?
17 Mo a mufi fifiri wɔ mo ntade mu
bere a anafo mframa ma asase no yɛ dinn no,
18 wubetumi aboa no ama watrɛw wim,
a ɛyɛ den sɛ kɔbere mfrafrae ahwehwɛ?
 
19 “Kyerɛ yɛn nea ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ no;
yɛrentumi nka yɛn asɛm, efisɛ yennim.
20 Ɛsɛ sɛ wɔka nea mepɛ sɛ meka kyerɛ no ana?
Onipa bi wɔ hɔ a ɔbɛpɛ sɛ wɔbɛmene no ana?
21 Obiara rentumi nhwɛ owia,
sɛnea ɛhyerɛn wɔ wim
bere a mframa abɔ ama wim atew.
22 Ofi atifi fam ba wɔ anuonyam sononko mu;
Onyankopɔn ba wɔ ahenni nwonwaso mu.
23 Otumfo no korɔn wɔ yɛn so na wɔpagyaw no wɔ tumi mu;
nʼatɛntrenee ne treneeyɛ kɛse akyi no mpo, ɔnyɛ nhyɛso.
24 Ɛno nti nnipa de nidi ma no,
efisɛ onnwen koma mu anyansafo nyinaa ho ana?”