39
“So wunim bere a bepɔw so mmirekyi wowo?
Woahwɛ, ahu bere a ɔforote nyinsɛn ne ba?
So woakan asram dodow a wɔde nyinsɛn?
Wunim bere a wɔwo ana?
Wɔkotow wowo wɔn mma;
wɔn awoko yaw to twa.
Wɔn mma nyin ahoɔden so wɔ wuram;
na wogyaw wɔn awofo hɔ a wɔnnsan nkɔ wɔn nkyɛn bio.
 
“Hena na ɔma wuram afurum fa ne ho di?
Hena na ɔsan ne hama?
Mede asase kesee maa no sɛ ne fi,
ne nkyene asase tamaa sɛ nʼatenae.
Ɔserew kurom gyegyeegyeyɛ;
na ɔnte ɔkafo nteɛteɛmu.
Okyinkyin mmepɔw no so sɛ ne didibea
ɛhɔ na okyin hwehwɛ wura amono biara.
 
“Ɛko bɛpene sɛ ɔbɛsom wo ana?
Ɔbɛtena wo mmoa adididaka nkyɛn anadwo ana?
10 Wubetumi asa no wɔ funtumfiri so ana?
Ɔbɛfɛntɛm aku a ɛda wʼakyi no ana?
11 Wubetumi de wo ho ato no so esiane nʼahoɔden dodo nti?
Wubegyaw wʼadwuma a ɛyɛ den no ama no ana?
12 Wugye di sɛ ɔde wʼaburow bɛba
na waboa ano de akɔ awiporowbea ana?
 
13 “Sohori bɔ ne ntaban mu anigye so,
nanso wontumi mfa ntoto asukɔnkɔn de ho.
14 Ɔtow ne nkesua gu asase so
ma mfutuma ka no hyew,
15 ɛmfa ne ho sɛ ɛnan bi bɛpɛtɛw no,
sɛ wuram aboa bi betiatia so.
16 Ɔbɔ ne mma atirimɔden sɛnea wɔnyɛ ne dea;
ɛmfa ne ho sɛ nʼadwuma bɛyɛ ɔkwa,
17 efisɛ Onyankopɔn amma no nyansa
wamma no nhumu biara.
18 Nanso sɛ ɔtrɛw ne ntaban mu tu mmirika a,
ɔserew ɔpɔnkɔ ne ne sotefo.
 
19 “Wo na woma ɔpɔnkɔ no nʼahoɔden
anaa woma ne kɔn mu nwi kuhaa no?
20 Wo na woma no huruw te sɛ mmoadabi,
na ɔde ne nkotɔ hunahuna ana?
21 Ɔde ne nan tintim fam dennen, na nʼani gye nʼahoɔden mu,
na afei ɔbɔ wura ɔko mu.
22 Ɔmmɔ hu, na onsuro biribiara;
ohu afoa a onguan.
23 Bɛmma wosow wɔ ne nkyɛn mu boha mu,
na peaw ne pɛmɛ nso di ahim wɔ ne ho.
24 Ofi ahopere mu de nʼano sisi fam;
na sɛ wɔhyɛn torobɛnto a ontumi nnyina faako.
25 Sɛ torobɛnto hyɛn a ɔka se, ‘Wiɛ!’
ɔte ɔko ho hua fi akyirikyiri,
ɔsahene no nteɛmu ne ɔko mu osebɔ.
 
26 “Wo nyansa na ɛma akoroma tu
na ɔtrɛw ne ntaban mu fa anafo?
27 Wo na wohyɛ ɔkɔre ma no tu kɔ sorosoro
kɔyɛ ne berebuw wɔ hɔ?
28 Ɔbotan mu na ɔte na ɛhɔ na ɔda;
ɔbotan sorɔnsorɔn yɛ nʼabandennen.
29 Ɛhɔ na ofi kɔhwehwɛ nʼaduan;
nʼani hu ade a ɛwɔ akyirikyiri.
30 Mogya yɛ ne mma aduan,
na faako a atɔfo wɔ no, ɛhɔ na ɔwɔ.”