40
Afei Awurade buaa Hiob se,
“Nea ɔne Otumfo no wɔ asɛm no bɛteɛ ne so ana?
Ma nea ɔbɔ Onyankopɔn kwaadu no mmua no ɛ!”
Na Hiob buaa Awurade se,
“Mensɛ na memfata, ɛbɛyɛ dɛn na matumi anya mmuae?
Mede me nsa mua mʼano.
Makasa baako, nanso minni mmuae
mprenu so, na merenkasa bio.”
Afei, Awurade fi ahum mu buaa Hiob se,
“Hyɛ wo ho den sɛ ɔbarima;
mebisa wo nsɛm,
na ɛsɛ sɛ wubua me.
 
“Wobɛka mʼatemmu ho asɛm bɔne ana?
Wubebu me fɔ de abu wo ho bem ana?
Wowɔ abasa te sɛ Onyankopɔn de,
na wo nne betumi abobɔ mu sɛ ne de ana?
10 Ɛno de fa anuonyam ne ɔhyerɛn hyehyɛ wo ho,
na fura nidi ne kɛseyɛ.
11 Hwie wʼabufuwhyew mmoroso no gu,
hwɛ ɔhantanni biara na brɛ no ase,
12 hwɛ ɔhantanni biara na si no fam
na tiatia amumɔyɛfo so wɔ faako a wogyina hɔ.
13 Sie wɔn nyinaa bɔ mu wɔ mfutuma mu;
kata wɔn anim wɔ ɔda mu.
14 Na afei mʼankasa megye ato mu sɛ
wo ara wo basa nifa betumi agye wo nkwa.
 
15 “Hwɛ susono,
nea meyɛɛ no kaa wo ho
na ɔwe sare te sɛ nantwi.
16 Hwɛ ahoɔden a ɔwɔ wɔ nʼasen mu
ne ahoɔden a ɛwɔ ne yafunu so were mu!
17 Ne dua hinhim sɛ sida;
ne srɛ mu ntin yɛ peperee.
18 Ne nnompe te sɛ kɔbere mfrafrae dorobɛn,
nʼabasa ne ne nʼanan te sɛ nnade praban.
19 Odi Onyankopɔn nsa ano adwuma mu kan,
nanso ne Yɛfo betumi de nʼafoa akɔ ne so.
20 Nkoko fifi wɔn nnɔbae ma no,
na wuram mmoa nyinaa goru bɛn hɔ.
21 Nsɔensɔe nnua ase na ɔda,
na dontori mu demmire akata no so.
22 Nsɔensɔe nwini no kata ne so;
na nsunoa nnua twa ne ho hyia.
23 Nsu nworoso nhaw no;
mpo sɛ Yordan bobɔ ba nʼano a, onni ɔhaw.
24 Obi betumi akyere no animono;
anaa obi betumi de afiri ayi no na wabɔre ne hwene mu ana?