42
Hiob Bua Awurade
Na Hiob buaa Awurade se,
“Minim sɛ wutumi yɛ nneɛma nyinaa;
obiara rentumi nsɛe wo nhyehyɛe.
Wubisa se, ‘Hena ni a onni nimdeɛ nso osiw mʼafotu ho kwan?’
Ampa ara mekaa nneɛma a mente ase no ho nsɛm,
nneɛma a ɛyɛ nwonwa ma me.
 
“Wokae se, ‘Tie na menkasa;
mebisa wo nsɛm
na ɛsɛ sɛ woma me mmuae.’
Mate wo nka pɛn,
na mprempren de, mʼani ahu wo.
Ɛno nti mibu me ho animtiaa
na mete mfutuma ne nsõ mu de kyerɛ mʼahonu.”
Awiei
Na Awurade kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wiei no, Awurade ka kyerɛɛ Temanni Elifas se, “Me bo afuw wo ne wo nnamfonom baanu no, efisɛ moanka me ho asɛm a ɛyɛ nokware sɛnea me somfo Hiob kae no. Afei, momfa anantwi ason ne adwennini ason, na monkɔ me somfo Hiob nkyɛn, na monkɔbɔ ɔhyew afɔre mma mo ho. Me somfo Hiob bɛbɔ mpae ama mo, na metie ne mpaebɔ no na merenyɛ mo sɛnea ɛfata mo nkwaseasɛm no, nsɛm a moka faa me ho no nyɛ nokware sɛnea me somfo Hiob yɛe no.” Enti Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ wɔn no; na Awurade tiee Hiob mpaebɔ.
10 Hiob bɔɔ mpae maa ne nnamfonom akyi no, Awurade san yɛɛ no ɔdefo bio na ɔde nʼahode a na ɔwɔ kan no mmɔho abien maa no. 11 Afei, ne nuabarimanom, ne nuabeanom nyinaa ne obiara a na onim no dedaw no baa ne fi ne no bedidii. Wɔkyekyee ne werɛ wɔ amanehunu a Awurade ma ɔkɔɔ mu no ho, na wɔn mu biara brɛɛ no dwetɛ ne sikakɔkɔɔ kaa.
12  Awurade hyiraa Hiob nkwa awiei sen ne mfiase. Onyaa nguan mpem dunan, yoma mpem asia, anantwinini mpamho apem ne mfurum abere apem. 13 Bio onyaa mmabarima baason ne mmabea baasa. 14 Ɔtoo ne babea piesie no din Yemima, na nea odi so no Kesia na nea ɔto so abiɛsa no de Keren-Hapuk. 15 Asase no so nyinaa, na mmaa biara nni hɔ a wɔn ho yɛ fɛ sɛ Hiob mmabea no, na wɔn agya de wɔn kaa wɔn nuabarimanom no ho maa wɔn agyapade.
16 Eyi akyi no, Hiob dii mfirihyia ɔha aduanan; ohuu ne mma ne ne nenanom awo ntoatoaso anan. 17 Afei owui a na wabɔ akwakoraa pa ara.