41
“So wubetumi de darewa atwe ɔdɛnkyɛmmirampɔn
anaa wubetumi de hama akyekyere ne tɛkrɛma?
So wubetumi de hama afa ne hwenem,
anaasɛ wubetumi de darewa aso nʼabogye mu?
Ɔbɛkɔ so asrɛ wo sɛ hu no mmɔbɔ ana?
Ɔne wo bɛkasa brɛoo ana?
Ɔbɛpene ne wo ayɛ apam
ama wode no ayɛ wʼakoa afebɔɔ ana?
Wubetumi de no ayɛ abɛbɛ te sɛ anomaa
anaa wubetumi asa no hama de no ama wo mmabea?
So aguadifo bɛpɛ sɛ wode no bedi nsesagua?
Wɔbɛkyekyɛ ne mu ama aguadifo ana?
Wubetumi de mpeaw awowɔ ne were mu
anaasɛ wode mpataa mpɛmɛ bɛwowɔ ne ti ho?
Wode wo nsa ka no a,
wobɛkae sɛnea ɔbɛwosow ne ho, nti worenyɛ saa bio!
Ɔkwan biara nni hɔ a wobɛfa so akyere no;
ani a ɛbɔ ne so kɛkɛ no ma nnipa dwudwo.
10 Obiara ntumi nsi ne bo nhwanyan no.
Afei hena na obetumi ne me adi asi?
11 Hena na mede no ka a ɛsɛ sɛ mitua?
Biribiara a ɛhyɛ ɔsoro ase no yɛ me de.
 
12 “Me werɛ remfi sɛ mɛka nʼakwaa,
nʼahoɔden ne ne bɔbea fɛfɛ no ho asɛm.
13 Hena na obetumi aworɔw ne ho ahama,
na hena na ɔde nnareka bɛkɔ ne ho?
14 Hena na obetumi abue nʼabogye,
a ɛse a ɛyɛ hu ayɛ no ma no?
15 Nʼakyi wɔ bona a ɛsesa so,
ɛtetare so a ɔkwan nna mu koraa;
16 sɛnea ɛtetare so fa no nti,
mframa biara mfa ntam.
17 Ɛtoatoa mu denneennen a
emu ntumi ntetew.
18 Sɛ ɔnwansi a, ɛpepa gya;
nʼaniwa aba te sɛ adekyeenim hann.
19 Agyatɛn turuw fi nʼanom
na nsramma turuturuw fi mu.
20 Wusiw sen fi ne hwene mu
te sɛ ɔsɛn a esi gya so.
21 Ne home ma gyabiriw ano sɔ,
na ogyaframa tu fi nʼanom.
22 Ne kɔn mu wɔ ahoɔden ankasa;
wɔn a wohu no no aba mu bu.
23 Ne were a abubu agu so no yɛ peperee;
ayɛ pemee a ɛnka ne ho.
24 Ne koko so yɛ den sɛ ɔbotan
ɛyɛ den sɛ awiyammo.
25 Sɛ ɔsɔre a, ahoɔdenfo bɔ huboa;
sɛ ɔwosow ne ho a woguan.
26 Afoa wɔ no a, ɛnka no,
peaw, pɛmɛ ne agyan nso saa ara.
27 Ɔfa dade sɛ wura bi
na kɔbere mfrafrae te sɛ dua a awu bi ma no.
28 Agyan mma no nguan;
ahwimmo mu aboa yɛ ntɛtɛ ma no.
29 Kontibaa te sɛ sare wɔ nʼani so;
na ɔserew pɛmɛ nnyigyei.
30 Abon a ano yɛ nnam tuatua ne yafunu so.
Ɔtwe ne ho ase wɔ fam fa dontori mu a, eyiyi akam.
31 Ɔma bun mu huru sɛ nsu a ɛwɔ ɛsɛn mu
na onunu po mu sɛ srade a ɛwɔ kuku mu.
32 Nea ɔbɛfa no, ɛhɔ nsu no pa yerɛw yerɛw;
na obi besusuw sɛ po bun adan ayɛ dwen.
33 Asase so biribiara ne no nsɛ.
Ɔyɛ abɔde a onsuro hwee.
34 Ommu wɔn a wɔyɛ ahantan no mu biara;
ɔyɛ wɔn a wɔyɛ ahomaso no nyinaa so hene.”