21
Okunafo Bi Afɔrebɔ
Yesu te asɔredan mu hɔ no, ohuu asikafo bi a wɔde wɔn afɔrebɔde akɛseakɛse regu afɔrebɔ adaka no mu. Ohuu okunafo hiani bi nso sɛ ɔde sika kakraa bi too afɔre adaka no mu. Yesu ka kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ asɔredan mu hɔ no se, “Nokware ni, afɔre a okunafo hiani yi bɛbɔɔ no som bo sen afɔre akɛseakɛse a asikafo no bɛbɔɔ no nyinaa. Wɔn nyinaa de nea wɔanya ama aboro so no bi na ɛbɛbɔɔ afɔre, na oyi de, ofi ne hia mu de ne sika a ɔwɔ nyinaa na abegu mu yi.”
Asɔredansɛe Ne Awieimmere Ho Nsɛnkyerɛnne
Yesu akyidifo no bi kamfoo abo fɛfɛ a wɔde sii asɔredan no ne adwinni ahorow a wɔadi agu ɔdan no ho no. Nanso Yesu kae se, “Bere bi bɛba a, wobedwiriw nneɛma a morekamfo yi nyinaa agu a hwee renka.”
Nsɛm A Ebesisi Ansa Na Awiei No Abɛn
Wobisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, bere bɛn na asɛm a woreka yi besi, na ho nsɛnkyerɛnne bɛyɛ dɛn?”
Yesu buae se, “Monhwɛ mo ho so yiye na obi annaadaa mo, efisɛ nnipa pii bɛsɔre aka se, ‘Mene Kristo no’ na bere no abɛn, nanso monnnye wɔn nni! Sɛ mote akokoakoko ne sɛ wɔsɔre tia aman a, munnsuro efisɛ ɛsɛ sɛ saa nneɛma yi di kan ba nanso na ɛnkyerɛ sɛ awiei no abɛn.”
10 Ɔkaa bio se, “Aman bɛsɔre aman so na ahenni asɔre ahenni so. 11  Asasewosow a ɛyɛ hu bɛba, ɔkɔm bɛba na nneɛma a ɛyɛ hu befi wim asisi.
12  “Nanso ansa na eyinom nyinaa besisi no, me din nti, wɔbɛtaa mo akyekyere mo, de mo akɔ hyiadan mu ne afiase ne ahemfo ne atumfo anim. 13  Eyi bɛma moanya kwan adi me ho adanse. 14  Nanso, monnnwene nsɛm a mobɛka de ayi mo ho ano no ho; 15  Efisɛ mɛma mo nsɛm ne nyansa a mode beyi mo ho ano a mo atamfo rentumi nnyina mo anim. 16  Mo awofo, mo nuanom, mo abusuafo ne mo nnamfonom beyi mo ama na wobekum mo mu bi. 17  Na me nti nnipa bɛtan mo. 18  Nanso mo tinwi baako pɛ mpo renyera. 19  Na sɛ mutumi gyina pintinn a, mubenya nkwa a enni awiei.”
Yerusalem Sɛe
20  “Sɛ muhu sɛ asraafo atwa Yerusalem ho ahyia a, na ɛkyerɛ sɛ ne sɛe abɛn. 21  Saa bere no wɔn a wɔte Yudea nguan nkɔ mmepɔw no so; wɔn a wɔwɔ kurow no mu no nguan mfi mu, na wɔn nso a wɔwɔ nkuraa ne mfuw mu no ntena hɔ ara. 22  Saa bere yi mu na Onyankopɔn asotwe a adiyifo no hyɛɛ ho nkɔm wɔ Kyerɛwsɛm no mu no bɛba mu. 23  Wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a wɔma mma nufu no nnue. Amanehunu a enni kabea bɛba ɔman no so na Onyankopɔn abufuwhyew nso aba nnipa no so. 24  Ebinom bɛtotɔ wɔ afoa ano na wɔafa ebinom nso nnommum de wɔn akɔ amanaman so na amanaman bɛsɛe Yerusalem, adi so akosi bere a Onyankopɔn ahyehyɛ sɛ amanaman nni wɔn so no betwa mu.”
Onipa Ba No Ba A Ɔbɛsan Aba
25  “Nsɛnkyerɛnne bɛba owia, ɔsram ne nsoromma mu na po asorɔkye bɛbobɔ mu, aworo so ama ne nnyigyei dennen no de ahoyeraw aba aman nyinaa so. 26  Esiane nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba asase so no nti, nnipa pii bɛtotɔ piti na abɔde a ɛwɔ wim nso awosow ahoɔden so. 27  Saa bere no na wobehu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne anuonyam a ɛso nam omununkum mu reba. 28  Sɛ saa asɛm yi fi ase sisi a, momfa gyidi nnyina pintinn, efisɛ na mo nkwagye bere abɛn.”
Nnua Bi Ho Bɛ
29 Yesu buu wɔn bɛ bi se, “Monhwɛ borɔdɔma ne nnua nyinaa. 30  Sɛ eyiyi nhaban foforo a na ɛkyerɛ sɛ asusow bere adu. 31  Saa ara nso na sɛ muhu nsɛnkyerɛnne a mereka ho asɛm yi a, munhu sɛ Onyankopɔn ahenni no abɛn.
32  “Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwa mu, gye sɛ saa nneɛma yi nyinaa aba mu ansa. 33  Ɔsoro ne asase betwa mu akɔ, nanso me nsɛm de, ɛrentwa mu da.
34  “Monhwɛ mo ho so yiye! Mommma adiditraso ne asabow ne asetena mu dadwen nni mo so, anyɛ saa a, me ba a mɛba bio no befu mo mu. 35  Efisɛ me ba a mɛba no befu nnipa a wɔte asase so nyinaa mu. 36  Monwɛn. Bere biara mommɔ mpae na moanya ahoɔden de agyina saa nneɛma yi nyinaa ano na mesan ba bio a, moatumi agyina mʼanim.”
37 Da biara, na Yesu kɔ asɔredan mu hɔ kɔkyerɛkyerɛ, na sɛ edu anwummere biara a, Yesu kɔ Ngo Bepɔw no so kɔhome. 38 Na nnipa pii sɔre anɔpahema biara kotie no wɔ asɔredan mu.