22
Yesu Ho Pɔwbɔ
Afei, na Yudafo Apiti Afahyɛ a wɔsan frɛ no Twam Afahyɛ no abɛn. Saa bere no na asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no hwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akyere Yesu akum no, nanso esiane nnipa a na wɔwɔ hɔ no nti, na wosuro. Satan kowuraa Yuda a wɔfrɛ no Iskariot a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako no mu. Yuda kɔɔ asɔfo mpanyin ne Asɔredan no mu awɛmfo mpanyimfo no nkyɛn ne wɔn kosusuw ɔkwan ko a ɔbɛfa so ayi Yesu ama wɔn no ho. Wɔn ani gyei, penee so sɛ wɔbɛma no sika. Efi saa bere no, Yuda hwehwɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so ama wɔakyere Yesu bere a nnipa dodow biara nni ne ho.
Adidi A Etwa To No
Afei, da a wokum twam guan de di brodo a mmɔkaw nni mu no duu no, Yesu somaa Petro ne Yohane se, “Monkɔyɛ Twam Afahyɛ aduan a yebedi no.”
Wobisaa no se, “Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔyɛ aduan no?”
10 Obuaa wɔn se, “Sɛ mudu kurow no mu a, mubehu obi a wakɔ asu reba. Munni nʼakyi nkɔ ofi a ɔbɛkɔ mu no mu, 11  na mummisa ofiwura no se, ‘Yɛn kyerɛkyerɛfo se ɛhe na woasiesie ama ɔne nʼasuafo no sɛ wommedi Twam Afahyɛ aduan no?’ 12  Ɔde mo bɛkɔ abansoro asa kɛse bi a wɔasiesie mu fɛfɛɛfɛ so. Ɛhɔ na monkɔto pon no.”
13 Wɔkɔɔ kurow no mu no, wohuu sɛnea Yesu kae no pɛpɛɛpɛ ma wɔyɛɛ twam aduan no wɔ hɔ.
14 Bere no dui no, Yesu ne nʼasuafo no kɔtenatenaa didipon no ho. 15 Wɔtete hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mepɛɛ sɛ me ne mo bɛtena ase, ato nsa adi saa Twam aduan yi, ansa na mahu amane no akyɛ. 16  Mereka akyerɛ mo se, saa adidi yi akyi no, merenni Twam aduan yi bio kosi sɛ Onyankopɔn Ahenni no bɛba.”
17 Afei Yesu faa kuruwa, daa Onyankopɔn ase na ɔde maa nʼasuafo no kae se, “Munnye na obiara nnom bi. 18  Mereka akyerɛ mo se, merennom bobesa yi bi bio kosi sɛ Onyankopɔn ahenni no bɛba.”
19 Afei, ɔfaa brodo daa Onyankopɔn ase, bubuu mu de maa nʼasuafo no kae se, “Eyi ne me nipadua a mede rema mo. Munnye nni. Da biara a mubedi saa brodo yi bi no, momfa nkae me.”
20 Saa ara nso na adidi no akyi no, ɔfaa kuruwa kae se, “Kuruwa yi ne me mogya a merehwie agu ama mo sɛ apam foforo a wɔnam so begye mo nkwa. 21  Nanso mo a mo ne me te adidii ha yi mu baako na obeyi me ama. 22  Etwa sɛ miwu, sɛnea Onyankopɔn ahyehyɛ no, nanso nea obeyi me ama no de, onnue.” 23 Asuafo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho, pɛɛ sɛ wohu wɔn mu nea obeyi no ama no.
Yesu Kasa Tia Ahomaso
24 Asuafo no gyee wɔn ho akyinnye pɛɛ sɛ wohu wɔn mu nea ɔbɛyɛ ɔkɛse wɔ Onyankopɔn ahenni a ɛbɛba no mu. 25 Yesu tee no, ɔkae se, “Amanaman mu atumfo hyɛ wɔn a wodi wɔn so no so ma wɔn nso bu wɔn ho sɛ Adehye. 26  Nanso mo de, nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo so panyin no nyɛ sɛ mo mu akumaa, na nea odi mo so no nso nyɛ mo mu somfo. 27  Merebisa mo se, nnipa baanu yi mu hena na odi ne yɔnko so, nea ɔte didipon ho anaa nea ɔsom nea ɔte didipon no ho no? Nanso me de, mewɔ mo mu sɛ mo somfo. 28  Me ne mo na afa ɔhaw ne amane mu a, moda so ne me nam. 29  Mʼagya de ahenni no ama me. Saa ara nso na mede rema mo. 30  Na mo ne me ato nsa adidi, na moatumi abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.”
Pa A Wɔpa Yesu
31 Afei Awurade kae se, “Simon, Simon! Monhwɛ yiye na ɔbonsam pɛ sɛ ɔsɔ mo hwɛ. 32  Nanso wo Simon de, masrɛ ama wo sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛkɔ so agye me adi. Sɛ wunu wo ho san ba me nkyɛn a hyɛ wo nuanom no gyidi mu den.”
33 Petro buaa no se, “Awurade, ɛyɛ me pɛ sɛ me ne wo bɛda afiase, na sɛ ɛyɛ owu mpo nso a, me ne wo bewu.”
34 Yesu nso buaa no se, “Petro, mereka akyerɛ wo se, nnɛ akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa.”
35 Afei Yesu bisaa nʼasuafo no se, “Bere a mesomaa mo a na munkura sika nkotoku anaa akwantu kotoku na monhyɛ mpaboa no, biribi ho hiaa mo ana?”
Asuafo no buaa no se, “Dabi, biribiara ho anhia yɛn.”
36 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Afei de, nea ɔwɔ sika no, ɔmfa; nea ɔwɔ akwantu kotoku no nso, ɔmfa. Nea onni afoa no ntɔn ne ntama mfa nkɔtɔ bi. 37  Na bere adu sɛ nkɔm a wɔhyɛ faa me ho sɛ, ‘Wɔbɛkan no afra nnebɔneyɛfo mu’ no bɛba mu. Ɛsɛ sɛ nkɔm biara a wɔahyɛ afa me ho no ba mu.”
38 Asuafo no ka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, yɛwɔ afoa abien wɔ ha.”
Yesu buae se, “Eye, ɛno ara dɔɔso.”
Ngo Bepɔw So Mpaebɔ
39 Yesu ne nʼasuafo no fii kurow no mu kɔɔ Ngo Bepɔw no so sɛnea ɔtaa yɛ no, na nʼasuafo no ka ne ho. 40 Woduu hɔ no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Mommɔ mpae na moankɔ sɔhwɛ mu.” 41 Afei ɔtwee ne ho fii asuafo no ho kɔɔ nkyɛn baabi kɔkotow, bɔɔ mpae se, 42  “Agya, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, ma saa amanehunu a ɛreba me so yi ntwa me ho nkɔ, nanso ɛnyɛ nea mepɛ, na nea wopɛ na ɛnyɛ” 43 Ogu so rebɔ mpae no, ɔbɔfo fi ɔsoro bɛhyɛɛ no den. 44 Esiane sɛ na Yesu ho yeraw no wɔ Honhom mu no nti, ɔmaa ne mpaebɔ mu yɛɛ den maa ne ho fifiri yɛɛ sɛ mogya atɔwatɔw sosɔ guu fam.
45 Mpaebɔ no akyi no, ɔkɔɔ asuafo no nkyɛn kɔtoo wɔn sɛ awerɛhow ne ɔbrɛ nti, wɔadeda. 46 Ɔkae se, “Hwɛ! Moadeda? Monsɔre na mommɔ mpae na moankɔ sɔhwɛ mu.”
Wɔkyere Yesu
47 Yesu gu so rekasa no, nnipadɔm bi a Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako di wɔn anim baa ne so. Yuda Iskariot twiw bɛn Yesu few nʼafono. 48 Yesu bisaa no se, “Yuda, mfewano na wode reyi Onipa Ba no ama ana?”
49 Bere a asuafo a wɔwɔ ne ho no huu nea ɛreba no, wobisaa no se, “Awurade, yentwitwa wɔn afoa ana?” 50 Asuafo no mu baako twaa Ɔsɔfopanyin no somfo no aso nifa.
51 Yesu ampɛ nea osuani no yɛe no nti, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monnyɛ eyi bi bio!” Ɔfaa ɔsomfo no aso no de taree hɔ bio.
52 Yesu bisaa asɔfo mpanyin ne asɔredan sohwɛfo mpanyin ne Yudafo mpanyimfo ne asomfo a wɔbaa ne so no se, “Midi atuatewfo anim nti na mode afoa ne nkontimmaa aba me so yi? 53  Bere a na me ne mo wɔ asɔredan mu no, moankyere me; eyi ne mo bere; nea sum di mu tumi.”
Petro Pa Yesu
54 Afei wɔkyeree Yesu de no kɔɔ Ɔsɔfopanyin fi. Bere a wɔde no rekɔ no, Petro gyee ne ho kaa akyi. 55 Petro duu Ɔsɔfopanyin no fi hɔ no na asraafo no asɔ ogya wɔ adiwo hɔ a wɔreto; ɔno nso kɔtoo bi. 56 Abaawa bi huu Petro sɛ ɔreto gya no bi no, ɔhwɛɛ no dinn kae se, “Saa ɔbarima yi yɛ Yesu akyidifo no mu baako.”
57 Petro san se, “Awuraa, minnim saa ɔbarima yi baabiara.”
58 Ankyɛ koraa na obi foforo nso huu no kae se, “Woyɛ nʼakyidifo no mu baako.”
Petro buaa no se, “Dabi, menka wɔn ho.”
59 Ɛbɛyɛ dɔnhwerew akyi no, obi foforo nso san huu no ka sii so dua se, “Akyinnye biara nni ho sɛ saa damfo yi ka Yesu asuafo no ho, efisɛ ɔno nso yɛ Galileani, na ne kasa koraa da no adi.”
60 Petro san ne mprɛnsa so se, “Owura, asɛm a woreka yi nyɛ nokware.” Nʼano ansi koraa na akokɔ bɔnee. 61 Saa bere no ara mu na Yesu twaa nʼani hwɛɛ Petro anim. Ɛhɔ ara na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no se, “Nnɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa” no, 62 Petro de awerɛhow fii adi kosui.
Yesu Ho Fɛwdi
63 Mmarima a na wɔrewɛn Yesu no dii ne ho fɛw, kyekyeree nʼani, bobɔɔ no, 64 san bisaa no se, “Odiyifo, hena na ɔbɔɔ wo? Kyerɛ yɛn.” 65 Wɔkɔɔ so yeyaw no kaa abususɛm ahorow guu ne so.
Yesu Gyina Baguafo Anim
66 Ade kyee no, Yudafo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no hyia ma wɔde Yesu baa wɔn anim 67 bisaa no se, “Sɛ wone Kristo no a ka kyerɛ yɛn.”
Yesu buaa wɔn se, “Sɛ meka se mene Kristo no a, morennye nni, 68  na sɛ mibisa mo nso a, moremmua me. 69  Na efi saa bere yi mubehu Onipa Ba no sɛ ɔte Onyame Tumfo no nifa so.”
70 Ɔkaa saa no wɔn nyinaa bisaa no bio se, “Ɛno de, na wone Onyankopɔn Ba no ana?”
Obuaa wɔn se, “Nea moreka no yɛ nokware.”
71 Eyi ma wɔkae se, “Adanse bɛn na ehia yɛn bio? Yɛate afi ɔno ankasa anom.”