23
Wɔde Yesu Kɔ Pilato Anim
Afei baguafo no sɔre de Yesu kɔɔ Pilato anim. Wofii ase totoo nʼano se, “Saa onipa yi tu nkurɔfo aso. Ɔmpene so sɛ ɔmanfo tua tow ma Kaesare aban, na ɔfrɛ ne ho sɛ ɔhene Kristo no.”
Eyi maa Pilato bisaa no se, “Wone Yudafo hene no ana?”
Yesu buaa no se, “Ɛno ara na woaka no.”
Pilato ka kyerɛɛ asɔfo mpanyin ne nnipadɔm no se, “Minhu asɛm biara a megyina so abu onipa yi fɔ.”
Nanso wɔn bo antɔ wɔn yam kɔɔ so kae se, “Baabiara a ɔkɔ no, ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so hwanyan nnipa no tia aban. Ɔde ne nkyerɛkyerɛ yi fi Galilea bɛfaa Yudeaman mu nyinaa abedu Yerusalem ha.”
Pilato tee asɛm no, obisae se, “Onipa yi yɛ Galileani ana?” Bere a wɔka kyerɛɛ Pilato se Yesu yɛ Galileani no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, sɛ ɛte saa de a, wɔmfa no nkɔ Ɔhene Herode anim, efisɛ Galilea hyɛ nʼase. Saa bere no ara nso na Ɔhene Herode wɔ Yerusalem.
Esiane sɛ wate Yesu ho asɛm na osusuw nso sɛ, sɛ ɔba nʼanim a, ɔbɛyɛ anwonwade akyerɛ no no nti, bere a ohuu no no, nʼani gyee yiye, efisɛ na ɔpɛe sɛ obehu no no akyɛ. Wobisabisaa Yesu nsɛm bebree, nanso emu biara nni hɔ a oyii ano. 10 Asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no kɔɔ so ara kaa nsɛm a enni mu guu ne so. 11 Herode ne nʼasomfo no bɔɔ Yesu adapaa, dii ne ho fɛw. Afei Herode hyehyɛɛ no sɛ ɔhene san de no kɔmaa Pilato. 12 Da no ara, Herode ne Pilato a anka wɔyɛ aka no, bɔɔ mu.
Pilato Di Ma Yesu
13 Wɔde Yesu kɔmaa Pilato no, ɔfrɛɛ asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyimfo ne nnipadɔm no, 14 ka kyerɛɛ wɔn se, “Mode onipa yi brɛɛ me se, ɔyɛ obi a ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so hwanyan nnipa tia aban. Mahwehwɛ nsɛm a moka guu ne so no mu wɔ mo anim, nanso minhu afɔbusɛm biara a megyina so abu no fɔ. 15 Saa ara nso na Herode annya asɛm bi annyina so ammu no fɔ a ɛno nti, wasan de no abrɛ yɛn yi. Ɔnyɛɛ bɔne biara a ɛsɛ sɛ migyina so bu no kumfɔ. 16 Mɛbɔ no mmaa na magyaa no.” 17 Twam Afahyɛ biara du a Pilato gyaa odeduani baako ma wɔn.
18 Pilato kasa no akyi no, nnipadɔm no nyinaa bɔ gyee so se, “Kum no, na gyaa Baraba ma yɛn.” 19 Baraba yi yɛ obi a ɔhwanyan ɔman na ɔsan dii awu nti, wɔde no too afiase.
20 Pilato kɔɔ so di maa Yesu pɛɛ sɛ ogyaa no. 21 Nanso wɔsan bɔ gyee so bio se, “Bɔ no asennua mu! Bɔ no asennua mu!”
22 Obisaa wɔn ne mprɛnsa so se, “Adɛn? Bɔne bɛn na wayɛ? Minhu afɔbusɛm biara a megyina so abu no kumfɔ. Mɛbɔ no mmaa na magyaa no.”
23 Nanso wɔbɔ gyee so ara maa wɔn nne bu faa Pilato de no so se ɔmmɔ no asennua mu. 24 Enti Pilato penee wɔn abisade no so maa wɔn. 25 Ogyaa Baraba a esiane sɛ ɔhwanyan ɔman san dii awu no nti ɔde no too afiase no maa wɔn. Na ɔde Yesu maa wɔn sɛnea wɔpɛ no.
Yesu Asennuambɔ
26 Wɔde Yesu rekɔ akɔbɔ no asennua mu no, wohyiaa Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon sɛ ofi afum reba Yerusalem. Wɔkyeree no, hyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asennua no wɔ ne kɔn ho dii nʼakyi. 27 Nnipadɔm a mmea a wɔresu retwa agyaadwo fra wɔn mu no, tu dii nʼakyi. 28 Yesu dan ne ho ka kyerɛɛ wɔn se, “Yerusalem mmea, munnsu me na munsu mo ho ne mo mma. 29  Na mmere bi reba a wɔbɛka se, ‘Nhyira ne abonin ne ɔyafunu a ɛnwoo da ne nufu a wonnum da.’ 30  Saa bere no
“ ‘na wɔbɛka akyerɛ mmepɔw se, “Munnwiriw ngu yɛn so!”
ne nkoko nso se, “Monkata yɛn so!” ’
31  Na sɛ wɔde eyi yɛ me a meyɛ dummono no a, dɛn na wɔde bɛyɛ mo a moyɛ duwui?”
32 Bere a wɔde Yesu rekɔ no, wɔde nnebɔneyɛfo baanu bi kaa ne ho se wonkokum wɔn. 33 Woduu faako a wɔfrɛ hɔ Golgota no, wɔbɔɔ ɔne nnebɔneyɛfo baanu no asennua mu a ɔbaako wɔ ne nifa na ɔbaako nso wɔ ne benkum. 34 Yesu kae se, “Agya, fa kyɛ wɔn, efisɛ wonnim nea wɔreyɛ.” Asraafo no kyekyɛɛ ne ntade mu bɔɔ so ntonto fae.
35 Saa bere no na nnipadɔm no gyinagyina hɔ rehwɛ no. Yudafo mpanyimfo no dii ne ho fɛw se, “Ogyee ebinom nkwa; sɛ ose ɔno ne Kristo, Onyankopɔn Ba no a, onnye ne ho nkwa na yɛnhwɛ.”
36 Asraafo no nso dii ne ho fɛw de nsa a ɛkeka bi brɛɛ no 37 kae se, “Sɛ wone Yudafo hene no a gye wo ho nkwa.”
38 Wɔkyerɛw saa asɛm yi bɔɔ nʼatifi wɔ asennua no so se,
“YUDAFO HENE NO NI.”
39 Nnebɔneyɛfo baanu a na wɔn nso wɔabɔ wɔn asennua mu no mu baako dii Yesu ho fɛw se, “Ɛnyɛ wone Kristo no? Gye wo ho na gye yɛn nso.”
40 Nanso ɔdebɔneyɛni a ɔka ho no kaa nʼanim se, “Wunsuro Onyankopɔn? Hu sɛ yɛn nyinaa wɔ afɔbu koro no ara mu. 41 Yɛn de, saa asotwe yi fata yɛn; yɛn bɔne so akatua na yɛanya yi, na oyi de, ɔnyɛɛ bɔne biara.”
42 Ɔsan kae se, “Yesu, wudu wʼahenni mu a kae me.”
43 Yesu buaa no se, “Merehyɛ wo bɔ se nnɛ wobɛka me ho wɔ Paradise.”
Yesu Wu
44 Eduu owigyinae no, asase no so nyinaa duruu sum kabii kosii nnɔnabiɛsa. 45 Owia duruu sum na ntama a etwa asɔredan no mu nso mu tewee abien. 46 Yesu teɛɛ mu dennen se, “Agya, wo nsam na mede me honhom hyɛ!” Ɔkaa eyi no, ogyaa mu.
47 Asraafo panyin a na ogyina hɔ no huu nea asi no, oyii Onyankopɔn ayɛ se, “Ampa ara, saa onipa yi yɛ ɔtreneeni.” 48 Nnipa a wɔbaa hɔ bɛhwɛɛ Yesu asennuambɔ no huu sɛ wawu no, wɔde awerɛhow fii hɔ kɔe. 49 Saa bere no na Yesu nnamfo ne mmea bi a wodii nʼakyi fi Galilea baa no gyinagyina akyirikyiri baabi rehwɛ nea ɛrekɔ so no nyinaa.
Wosie Yesu
50 Na ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yosef a ofi Arimatea a ɛwɔ Yudaman mu. Na saa ɔbarima yi yɛ onipa pa a ɔteɛ wɔ Onyankopɔn anim a na ɔretwɛn Onyankopɔn ahenni a ɛbɛba no. 51 Ɛwɔ mu sɛ na ɔyɛ Yudafo baguafo no mu baako de, nanso wampene gyinae a wosisii ne nea wɔyɛɛ no so. 52 Ɔkɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no.* 53 Ɔma woyii Yesu amu no maa no, na ɔde nwera kyekyeree no de no kɔtoo ɔboda bi a obiara nnaa mu da no mu. 54 Wosiee Yesu Fida a na Yudafo resiesie wɔn ho atwɛn Homeda no.
55 Wosiee amu no wiee no, mmea a wodi Yesu akyi fi Galilea no ne Yosef kɔhwɛɛ faako a wɔde no toe ne sɛnea wosiee no fae. 56 Saa mmea yi san wɔn akyi kɔɔ fie kɔhwehwɛɛ nnuhuam ne ngo a wɔde besiesie Yesu amu no, nanso esiane sɛ na Homeda no adu nti wɔtenaa ase komm sɛnea Yudafo mmara kyerɛ no.
* 23:52 Wonsie ɔdebɔneyɛni a wɔakum no no amu. Mmom wotumi gyaw wɔ faako a wosie ahiafo. Na obusuani te sɛ ɛna tumi kɔsrɛ ɔdebɔneyɛni no amu no. Ɛyɛ akokodurusɛm kɛse sɛ Yosef a ɔka Sanhedrin ho no kɔsrɛɛ sɛ wɔmfa Yesu amu no mma no. 23:54 Fida ne da a edi homeda anim a wɔyɛ ahoboa de twɛn homeda no di. Ahosiesie Da no tumi yɛ da a edi Twam Afahyɛ anim. Ɛha no, wobetumi afa no sɛ Twam ahosiesie da. Esiane sɛ edi homeda no anim nti; ɛyɛ Fida. 23:56 Ntama basafa kakra ne ngo huamhuam bebree na wɔde siesie funu ansa na wɔasie. Nnuhuam nsania ani nkaribo 75 na wɔde yɛɛ adwuma anwummere a edi kan no (Yoh 19.39). Wɔtɔɔ nnuhuam no bi kaa ho de twɛn sɛ mmea no bɛsan aba homeda no akyi.