10
Nadab Ne Abihu Wu
Na Aaron mma Nadab ne Abihu de ogya guu wɔn aduhuamyɛfo ade mu. Wɔde aduhuam no petee ogya no so ma wɔnam saa kwan yi so buu Awurade mmara so, efisɛ wɔde ogya a ɛnyɛ nea Awurade ahyɛ baa nʼanim. Enti ogya dɛw fii Awurade nkyɛn bɛhyew wɔn. Mose ka kyerɛɛ Aaron se, Awurade kae se,
“ ‘Mɛda me ho kronkronyɛ adi akyerɛ
wɔn a wɔba me nkyɛn;
wɔbɛhyɛ me anuonyam wɔ nnipa nyinaa anim no,
na nea ɔrekyerɛ nen.’ ”
Na asɛm no tɔɔ Aaron mum.
Mose soma ma wɔkɔfrɛɛ Misael ne Elsafan a wɔyɛ Aaron agya nuabarima mma brɛɛ no. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔtwe nnipa a wɔahyew no nyinaa mfi Ahyiae Ntamadan no anim mfa wɔn nkɔ nsraban no akyi.” Na wɔkɔsoaa wɔn wɔ wɔn ntade mu sɛnea Mose aka akyerɛ wɔn no.
Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmabarima Eleasar ne Itamar se, “Munnsu. Mommma mo tinwi nsensɛn hɔ yuu mmfa nkyerɛ sɛ moretwa agyaadwo. Munnsunsuane mo ntade mu nso. Sɛ moyɛ saa a, Onyankopɔn bekum mo nso na nʼabufuw bɛba Israelfo nyinaa so. Nanso Israelfo a wɔaka no de, esiane ogya a Awurade de bae no nti, wotumi di Nadab ne Abihu wu no ho awerɛhow, tumi su wɔn nso. Na mummfi Ahyiae Ntamadan no ano, anyɛ saa a mubewuwu, efisɛ Awurade ngosra wɔ mo so.” Na wodii asɛm a Mose kae no so.
Afei, Awurade hyɛɛ Aaron se, “Sɛ wokɔ Ahyiae Ntamadan no mu a, nnom bobesa anaa nsa a ano yɛ den. Woyɛ saa a, wubewu. Saa mmara yi bɛtena hɔ afebɔɔ ama awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa, 10 na ama moatumi ahu nsonoe a ɛda kronkron ne nea ɛyɛ teta, nea ɛho tew ne nea ɛho ntew no tam, 11 na woatumi akyerɛkyerɛ Israelfo mmara a Awurade nam Mose so de ama mo no nyinaa.”
12 Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmabarima Eleasar ne Itamar se, “Momfa atoko afɔrebɔde nkae wɔ aduan afɔrebɔ a mmɔkaw nni mu a wɔde brɛɛ Awurade no na munni wɔ afɔremuka no ho, efisɛ ɛyɛ kronkron koraa. 13 Munni wɔ kronkronbea hɔ. Ɛyɛ wo ne wo mmabarima no dea, na ɛyɛ wo ne wo mmabarima no kyɛfa a efi aduan afɔrebɔ a wɔde brɛɛ Awurade no mu; efisɛ saa na wɔahyɛ sɛ menyɛ. 14 Nanso ne yan ne ne srɛ a muhim no Awurade anim no, mutumi we no beae biara a amanne kwan so no ɛhɔ tew. Ɛyɛ wo, wo mmabarima ne wo mmabea kyɛfa wɔ Israelfo Asomdwoe afɔrebɔde no mu. 15 Ne srɛ ne ne yan a wohim no, ɛsɛ sɛ wɔde ka srade afɔrebɔde a wɔhyew de ma Awurade no ho. Eyi bɛyɛ wo ne wʼasefo kyɛfa daa, sɛnea Awurade ahyɛ no.”
16 Bere a Mose bisaa nea ayɛ abirekyi a wɔde no bɛbɔ bɔne afɔre no ho asɛm no, ohuu sɛ wɔahyew no. Ɛno nti, ne bo fuw Eleasar ne Itamar a na wɔyɛ Aaron mmabarima no, bisae se, 17 “Adɛn nti na moanwe bɔne afɔrebɔde no wɔ kronkronbea hɔ? Ɛyɛ afɔrebɔde kronkron! Wɔde maa mo sɛ momfa nyi nnipa no afɔdi na ɛnyɛ mpata mma wɔn wɔ Awurade anim. 18 Esiane sɛ wɔamfa ne mogya ankɔ kronkronbea hɔ no nti, anka mubetumi awe wɔ hɔ ara sɛnea mehyɛe no.”
19 Aaron buaa Mose se, “Nnɛ wɔbɔɔ wɔn bɔne afɔre ne ɔhyew afɔre maa Awurade. Nanso hwɛ asɛm yi a ato me. Sɛ mewee bɔne afɔre nam yi bi nnɛ a, anka Awurade ani bɛsɔ ana?” 20 Na Mose tee saa no, ne bo dwoe.