11
Mmoa A Wɔn Ho Tew Ne Wɔn A Wɔn Ho Ntew
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, “Monka nkyerɛ Israelfo no se, ‘eyi ne mmoa a mubetumi awe wɔ asase so mmoa no mu. Mutumi we aboa biara a ne tɔte mu apae kosi nea opuw wosaw so.
“ ‘Monnnwe mmoa a wodidi so yi. Yoma, efisɛ opuw wosaw nanso ne tɔte mu mpae; ne ho ntew mma mo. Atwaboa, efisɛ opuw wosaw nanso ne tɔte mu mpae; ne ho ntew mma mo. Adanko, efisɛ opuw wosaw nanso ne tɔte mu mpae; ne ho ntew mma mo. Prako, efisɛ ne tɔte mu apae nanso ompuw nwosaw; ne ho ntew mma mo. Monnnwe wɔn nam anaa mommfa mo nsa nka wɔn funu; wɔn ho ntew mma mo.
“ ‘Munni nsumnam biara a ɛwɔ ntɛtɛ ne abon a efi nsubɔnten anaa po mu. 10 Nanso nsumnam a aka no de, mukyi. 11 Ɛnsɛ sɛ mowe wɔn nam anaa mode mo nsa ka wɔn afunu; wɔn ho ntew. 12 Miti mu sɛ, nsumnam biara a enni ntɛtɛ anaa abon no, mukyi, wɔn ho ntew.
13 “ ‘Nnomaa a ɛsɛ sɛ mubu wɔn sɛ wɔn ho ntew nti mukyi no korakora nso ne: ɔkɔre, ne opete ne opetebiri, 14 ɔkompete, ɔsansa, 15 kwaakwaadabi, 16 sohori, patukɛse, po so akorɔma, akorɔma, 17 patu, sare so patu, patukɛse, 18 bakanoma, nantwinoma, opete, 19 asukɔnkɔn, asuɔkwaa ne ampan.
20 “ ‘Mmoawa a wotu a wɔn anan yɛ anan no nso nyɛ mmoa a wɔn ho tew; ɛnsɛ sɛ mowe. 21 Mmom, wɔn a wɔn anan bɔ mu a wɔde huruwhuruw wɔ fam no de mutumi we. 22 Ebi ne mmoadabi ahorow nyinaa, nketekre, ne tɛwtɛw nyinaa mutumi we. 23 Nanso mmoawa a wotu na wɔwɔ anan anan no de, munhu sɛ wɔn ho ntew.
24 “ ‘Obiara a ɔde ne nsa bɛka wɔn funu no mpo ho begu fi kosi anwummere. 25 Obiara a ɔbɛfa bi no ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na ɔtwe ne ho fi nnipa mu kosi anwummere de kyerɛ sɛ ne ho agu fi.
26 “ ‘Obiara a ɔde ne nsa bɛka aboa biara a ne tɔte mu mpae nwiei anaa aboa a ompuw nwosaw no, wagu ne ho fi. 27 Aboa biara a nʼanan yɛ anan na ɔnam nʼawerɛw so no, mukyi ne nam. Obiara a ɔde ne nsa bɛka aboa a ɔte saa funu no ho begu fi kosi anwummere; ɛyɛ mo akyiwade. 28 Obiara a ɔbɛfa saa aboa no funu no, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na ne ho rentew ara kosi anwummere.
29 “ ‘Mmoa a wɔwea wɔ fam a wɔn ho ntew no ni: Ahweaa, okisi, ɔketew abusua a wɔsoso, 30 opo, ɔmampam, ɔdan ne na, ɔketew, ne ɔbosomaketew. 31 Wɔn a wɔwea no nyinaa ho ntew mma mo, obiara a ɔde ne nsa bɛka wɔn mu bi funu no ho begu fi akosi anwummere 32 Biribiara a wɔn funu no bɛka no nso ho begu fi, sɛ ɛyɛ dua, ntama, kuntu, kotoku; biribiara a ɛbɛka no, wɔmfa ngu nsu mu nkosi anwummere. Ɛno akyi no, ɛho bɛtew. 33 Kuku biara a bi bɛtɔ mu no, nea ɛwɔ mu biara ho begu fi enti ɛsɛ sɛ wɔbɔ saa kuku no. 34 Nsu a wɔde bɛhohoro nneɛma a ɛho ntew no ho wɔ kuku no mu no, sɛ bi ka aduan bi a, ebegu aduan no ho fi. Na nsã biara a ɛwɔ kuku a ɛho agu fi no mu no nso ho begu fi saa ara. 35 Sɛ aboa biara a ne ho agu fi funu ka fononoo a wɔde ɔbo anwen a, na ɛno nso ho agu fi enti ɛsɛ sɛ wobubu gu. 36 Sɛ aboa no tew hwe asuti anaa abura bi a nsu wɔ mu a, nsu no ho rengu fi, na mmom, onipa a obeyi aboa no ho na ebegu fi. 37 Na sɛ aboa no funu ka aduan a wobedua wɔ afum a, ɛho rengu fi, 38 Nanso sɛ wɔfɔw aba no nsu na funu no tɔ so a, aba no ho begu fi.
39 “ ‘Sɛ ɔyare bi kum aboa a wɔama wo ho kwan sɛ we ne nam a, obi a ɔde ne nsa bɛka ne funu no no ho begu fi akosi anwummere. 40 Saa ara nso na onipa a ɔbɛwe ne nam no bɛhoro ne ntama na ne ho agu fi akosi anwummere.
41 “ ‘Monnnwe mmoa a wɔwea wɔ fam no nam. 42 Wɔn a wɔtwe wɔn ho ase fa wɔn afuru so ne wɔn a wɔnam wɔn anan anan so nyinaa ka ho. Monnnwe wɔn a wɔwɔ anan bebree na wɔwea no nam nso, efisɛ wɔn ho agu fi. 43 Mfa wo ho nka wɔn na wo ho angu fi. 44 Mene Awurade wo Nyankopɔn. Momma mo ho ntew wɔ saa nneɛma yi nyinaa ho na monyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron. Eyi nti, mommfa mo nsa nkɔka mmoa a wɔwea wɔ fam yi mu biara mfa ngu mo ho fi. 45 Mene Awurade a miyii mo fii Misraim de mo bɛyɛɛ mo Nyankopɔn no. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ moyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron.
46 “ ‘Eyi ne mmara a ɛfa mmoa, nnomaa, nsumnam ne wɔn a wɔwea asase so no ho. 47 Eyi ne nsonoe a ɛda mmoa a wɔn ho tew a ɛsɛ sɛ wɔwe wɔn nam ne wɔn a wɔn ho ntew a ɛnsɛ sɛ wɔwe wɔn nam wɔ mmoa a wɔwɔ asase so no ntam.’ ”