13
Ɔhonam Ani Nsanyare Ho Nsɛnkyerɛnne
Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, “Sɛ obi hu sɛ biribi ahon ne honam ani, anaa pɔmpɔ anaa atape asi no na adidi akɔ ne honam mu a, onhu sɛ ɛyɛ kwata. Ɛsɛ sɛ wɔde saa onipa no kɔma ɔsɔfo Aaron anaa ne mmabarima no mu baako na ɔhwɛ kuru no. Sɛ nwi a esi kuru no hɔ dan yɛ fitaa na kuru no atu atɔ ɔhonam no mu a, na ɛyɛ kwata a ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no da no adi sɛ ɔyarefo no yɛ ɔkwatani. Na sɛ kuru no ntɔɔ ɔhonam no mu na sɛ kuru no hɔ nwi no nso nyɛɛ fitaa a, ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no yi ɔyarefo no fi nnipa mu nnanson. Nnanson no du a, ɔsɔfo no bɛhwɛ no bio na sɛ kuru no nsakrae na ɛntrɛwee wɔ ɔhonam no ani a, ɔsɔfo no bɛsan atwa no asu nnanson bio. Afei ne nnanson so no, ɔsɔfo no bɛhwɛ ne honam ani bio, na sɛ ohu sɛ ɔyare no ano abrɛ ase a ɛntrɛwee a, ɔsɔfo no bɛka ato gua sɛ, ɔyarefo no ho atɔ no; ɔbɛkyerɛ mu sɛ ɛyɛ ntwom bi na eguu no bere tiaa bi mu. Enti sɛ ɔyarefo no horo ne ntama a, wɔbɛfa no sɛ wanya ayaresa awie. Na sɛ nso ɔyarefo no ba ɔsɔfo no nkyɛn ma ɔhwɛ no na ɔyare no atrɛtrɛw a, ɛsɛ sɛ ɔsan ba ɔsɔfo no nkyɛn bio na ɔhwɛ no na sɛ ɔyare no atrɛtrɛw wɔ ɔhonam no ani a, afei, ɔbɛpae mu aka sɛ amanne kwan so no, ne ho ntew na ɛyɛ ɔhonam ani nsanyare.
“Sɛ obi nya ɔhonam ani nsanyare a, ɛsɛ sɛ wɔde no kɔkyerɛ ɔsɔfo na ɔhwɛ no. 10 Sɛ ɔsɔfo no hu sɛ nwi no bi ayɛ fitaa na kuru atɔ saa beae hɔ a, 11 na ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ ɔhonam ani nsanyare, na ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no de to gua sɛ amanne kwan so no, onipa no ho ntew. Ɛba saa a, wɔnhwehwɛ ɔyare no mu bio, efisɛ ɛda adi pefee sɛ ɔhonam no ayɛ kwata.
12 “Nanso sɛ ɔsɔfo no hu sɛ kwata no adidi ne honam nyinaa fi ne ti so kosi ne nan ase nyinaa a, 13 ɔsɔfo no bɛpae mu aka se ne ho tew, efisɛ ne honam nyinaa adan ayɛ fitaa. 14 Na sɛ akuru no bi pue ne honam no baabi foforo a, wɔbɛpae mu aka sɛ onipa no yɛ ɔkwatani. 15 Ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no pae mu ka ntɛm ara a ohu kuru wɔ honam no fa baabi, efisɛ akuru no kyerɛ sɛ kwata wɔ ɔhonam no mu. 16 Na sɛ akuru no wu na ɛdan yɛ fitaa sɛ ɔhonam a aka no a, ɔkwatani no bɛkɔ ɔsɔfo no hɔ bio. 17 Ɔsɔfo no bɛhwɛ no na sɛ ɔhonam no fa hɔ ayɛ fitaa de a, ɔsɔfo no bɛpae mu aka sɛ ne ho atɔ no.
18 “Sɛ pɔmpɔ si obi na agyae 19 na sɛ baabi a pɔmpɔ no sii no biribi hyerɛnn bi, anaa nea ɛbere kakra hon wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ ɔde ne ho kɔkyerɛ ɔsɔfo. 20 Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ na ɔyare no adidi kɔ ne honam mu na nwi a ɛwɔ ɔhonam no hɔ no ayɛ fitaa a, ɔsɔfo no bɛpae mu aka se ɔyarefo no ho ntew, efisɛ kwata apue afi pɔmpɔ no mu. 21 Nanso sɛ ɔsɔfo no hwɛ na ohu sɛ nwi fitaa biara nni baabi a ɔyare no wɔ hɔ no, na ɔyare no nnidi nkɔɔ honam no mu, na ahosu no yɛ nsonso a ɔsɔfo no beyi no afi nnipa mu nnanson. 22 Saa bere no mu sɛ beae hɔ no trɛtrɛw a, ɔsɔfo no bɛpae mu aka se, onipa no yare kwata. 23 Na sɛ beae a ɛhɔ ayɛ hyerɛnn no anhon bio na antrɛtrɛw a, na ɛyɛ pɔmpɔ no twa kɛkɛ enti ɔsɔfo no bɛpae mu aka se ne ho tew.
24 “Sɛ obi hyehyew na sɛ ɔhyehyew no mu yɛ kɔkɔɔ ne fitaa anaa fitaa a, 25 ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no hwɛ faako a ɔhyehyew no wɔ. Sɛ nwi a ɛwɔ beae a ɛhɔ nnii dɛm biara no dan yɛ fitaa na sɛ ɛyɛ ade a adidi kɔ ɔhonam no mu a, na ɛyɛ kwata na apue afi ɔhyehyew no mu, enti ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no pae mu ka sɛ onipa no yɛ ɔkwatani. 26 Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ hu sɛ nwi fitaa nni beae a ɛhɔ yɛ hyerɛnn no, na sɛ hyerɛnn no nnidi nkɔɔ ɔhonam no mu, na ɔyare no regyae a, ɔsɔfo no beyi no afi nnipa mu nnanson 27 na wahwɛ no ne nnanson so bio. Sɛ ɔyare no trɛw fa ɔhonam no ani a, ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no pae mu ka se kwata ayɛ onipa no. 28 Nanso sɛ ɔhonam no fa hɔ a ayɛ hyerɛnn no antrɛtrɛw ɔhonam no ani, na sɛ ɛyɛ sɛ nea ɛhɔ retwintwam no a, wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ ɔhyehyew twa bi, enti ɔsɔfo no bɛda no adi sɛ ɔnyare kwata.
29 “Sɛ kuru da ɔbarima anaa ɔbea bi tirim anaa nʼafono ho a, 30 ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no hwɛ; sɛ ɔhwɛ na ohu sɛ ɔyare no adidi kɔ ɔhonam no mu na ɔsan hu nwi a ɛte sɛ akokɔsrade wɔ kuru no mu a, ɛsɛ sɛ ɔpae mu ka se onipa no yare kwata. 31 Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ na ohu sɛ ɔyare no nnidi nkɔɔ ɔhonam no mu, na mmom, ɛwɔ ɔhonam no ani a nwi tuntum wɔ mu a, ɛsɛ sɛ woyi onipa no fi nnipa mu nnanson, 32 na ne nnanson so no, wɔsan hwɛ no bio. Sɛ ɔyare no ntrɛtrɛwee, na nwi a ɛte sɛ akokɔsrade nnaa ne ho adi wɔ mu na ennidi nkɔɔ ɔhonam no mu a, 33 ɔbɛtwerɛw nwi a atwa kuru no ho ahyia nyinaa (na mmom ɛnyɛ kuru no mu ankasa) na ɔsɔfo no ayi no afi nnipa mu nnanson bio. 34 Ne nnanson so no, ɔbɛsan ahwɛ no, na sɛ ɔyare no ntrɛtrɛw nnidi nkɔɔ ɔhonam no mu a, ɔsɔfo no bɛpae mu aka se onipa no ho atew na sɛ ɔhoro ne ntama wie a, na afei wadi mu. 35 Na sɛ akyiri no saa ɔyare no trɛtrɛw a, 36 ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no hwɛ no bio a ɔhwɛ sɛ nwi a ɛte sɛ akokɔsrade fra ɔyare no mu na ɔpae mu ka se, onipa no yare kwata. 37 Na sɛ ɔyare no trɛw a ɛtrɛtrɛw no gyae na sɛ nwi tuntum fuw wɔ beae hɔ a, na ɛkyerɛ sɛ, ne ho atɔ no a kwata biara nni ne ho enti ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no pae mu ka se ne ho atew.
38 “Sɛ ɔbarima anaa ɔbea bi honam ani yɛ fitaa hanahana, 39 na akyiri no ɔhonam no ani dum ara na ɛredum a, na ɛnkyerɛ sɛ kwata ayɛ onipa no, na mmom, ɛyɛ ɔyare foforo bi.
40 “Sɛ obi ti so pa a, ɛwɔ mu sɛ ne ti so apa de, nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔkwatani! 41 Sɛ obi ti so pa fi ne moma so a, na ne moma so ara na apa, na ɛnkyerɛ sɛ ɛyɛ kwata. 42 Na mmom, sɛ nsisii akɔkɔɔ a fitaa frafra mu wɔ tipae no so a, na ɛkyerɛ sɛ ebia kwata pɛ sɛ ɛyɛ saa onipa no. 43 Sɛ ɛba saa a, ɔsɔfo no bɛhwɛ no na sɛ biribi kɔkɔɔ aboa ne ho baabi te sɛ kwata a, 44 na ɛkyerɛ sɛ, kwata ayɛ no, enti ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no pae mu ka se, onipa no yare kwata.
45 “Onipa biara a wobehu sɛ ɔyare kwata no, ɛsɛ sɛ ofura ntama a atetew na ɔma ne tinwi fuw, twa mpɛsɛmpɛsɛ na ɔkata nʼanim fa na ɔnam a ɔteɛteɛ mu se, ‘Me ho ntew! Me ho ntew!’ 46 Na nna dodow a ɔyare no nkɔe no de, wɔbɛfa ɔyarefo no sɛ ne ho ntew enti ɛsɛ sɛ ɔtena kurow no akyi baabi.
47 “Sɛ kwata ho nsɛnkyerɛnne bi ka atade, 48 kuntutam anaa nweratam, aboa nhoma anaa biribiara a wɔde aboa nwoma ayɛ mu, 49 na sɛ nsisii ahabammono anaa kɔkɔɔ wɔ mu a, ebia na ɛyɛ kwata, enti ɛsɛ sɛ wɔde kɔma ɔsɔfo na ɔhwɛ. 50 Ɔsɔfo no de bɛkɔ akosie nnanson. 51 Nnanson so no, wasan ahwɛ bio. Na sɛ ohu sɛ nsisii no atrɛtrɛw a, na ɛkyerɛ sɛ, ɛyɛ kwata a etumi san nnipa. 52 Ɛsɛ sɛ ɔde ogya hyew ntama, kuntu ne ntadetam ne aboa nwoma no nyinaa, efisɛ, ɛnam eyinom so betumi ama ɔyare no asan nnipa.
53 “Na sɛ ne nnanson so no ɔhwɛ na sɛ nsisii no ntrɛtrɛwee a, 54 ɔsɔfo no bɛhyɛ ama wɔahoro nneɛma a wodwen sɛ ɔyare no bi wɔ mu no no nyinaa na wɔakora no baabi bio nnanson. 55 Sɛ nnanson bio akyi faako a ɔyare no wɔ hɔ no nsesaa nʼahosu na ɛntrɛwee a, wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ kwata nti ɛsɛ sɛ wɔhyew ade no, efisɛ ɔyare no adidi kɔ mu ara yiye. 56 Na sɛ ɔsɔfo no hu sɛ nneɛmahoro no akyi, nsisii no ano abrɛ ase a, obetwa hɔ afi ntama anaa aboa nwoma a wɔde adi dwuma bi no mu. 57 Na sɛ ɛsan ba bio de a, na ɛyɛ kwata enti ɛsɛ sɛ wɔhyew no. 58 Sɛ wɔhoro na asɛm biara amma ho a, wotumi de di dwuma biara bere a wɔasan ahoro no.”
59 Eyinom ne mmara a ɛfa kwata a ɛwɔ ntama anaa biribiara a wɔde aboa nhoma ayɛ a wɔnam so da no adi sɛ kwata wɔ dekode no mu anaa bi nni mu no ho.