14
Akwatafo Ahodwira
Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose se, “Da a wobedwira ɔkwatani ho no, ɛho mmara ni: Wɔde no bɛkɔ akɔma ɔsɔfo, na ɔsɔfo no ahwɛ no wɔ nsraban no akyi. Na sɛ ɔsɔfo no hu sɛ kwata no agyae a, obebisa nnomaa abien bi a wɔwe, na afei wɔde sida dua, koogyan hama ne adwerɛ mman a wɔde bɛyɛ ahodwira ahyɛde ama ɔkwatani no abrɛ no. Ɔsɔfo no bɛka ama wɔakum nnomaa no mu baako wɔ asanka a nsu wɔ mu so. Na anomaa a wonnya nkum no no nso, wɔde ɔno ne sida dua no ne koogyan hama no ne adwerɛ mman no bɛhyɛ anomaa a wokum no no mogya no mu. Na ɔsɔfo no apete mogya no agu ɔkwatani a ne ho afi no so mpɛn ason, na wapae mu aka se ne ho atew na wagyaa anomaa a wonkum no no.
“Na ɔyarefo a ne ho atɔ no no bɛhoro ne ntama nyinaa. Obeyi ne ho nwi nyinaa nso. Obeguare na wasan abɛtena faako a kan no na ɔte hɔ no bio; nanso ɛsɛ sɛ ɔtena ne ntamadan akyi nnanson. Nnanson no so no, obeyi ne ho nwi nyinaa bio, obeyi nʼabogyesɛ ayi nʼanintɔn nwi na wayi ne ho nwi a aka nyinaa, na waguare, na afei wɔapae mu aka sɛ ne ho atew.
10 “Da a edi so a ɛyɛ nnaawɔtwe so no, ɔbɛfa adwennini abien a wɔn ho nni dɛm ne oguamma bere baako a ɔno nso ho nni dɛm, asikresiam muhumuhu lita asia ne fa a wɔde ngo afra ne ngo a wɔmfa mfraa hwee lita fa. 11 Afei ɔsɔfo a ɔbɛhwehwɛ ɔyarefo no ho ahwɛ sɛ ne ho atɔ no no de onipa no ne nʼafɔrebɔde bɛba Awurade anim wɔ Ahyiae Ntamadan no ano.
12 “Ɔsɔfo no bɛfa nguantenmma no baako ne ngotoa baako no na ɔde ama Awurade sɛ afɔdi afɔrebɔ a wohim no wɔ afɔremuka no anim. 13 Afei, wobekum oguamma no wɔ beae a wɔbɔ bɔne ne ɔhyew afɔre no wɔ kronkronbea hɔ. Wɔde saa afɔdi afɔrebɔde yi bɛma ɔsɔfo no sɛnea wɔyɛ no bɔne afɔrebɔ mu no ara pɛ. Ɛyɛ afɔrebɔ a ɛyɛ kronkron ankasa. 14 Ɔsɔfo no bɛfa saa afɔdi afɔrebɔde mogya na ɔde akeka ɔyarefo a wɔretew ne ho no aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti. 15 Afei, ɔsɔfo no bɛfa ngo no bi ahwie agu ne nsa benkum mu 16 na ɔde ne nsa nifa abɔ mu, na watu apete mpɛn ason wɔ Awurade anim. 17 Ngo no a ɛbɛka ne nsa benkum mu no, ɔsɔfo no de bɛka onipa no aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti sɛnea ɔde afɔdi mogya yɛe wɔ afɔdi afɔrebɔ no mu no ara pɛ. 18 Ɔde ngo no nkae a ɛwɔ ne nsam no bɛfɔw ɔbarima no ti ho. Eyi bɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfo no de ne ho ayɛ mpata ama onipa no wɔ Awurade anim.
19 “Afei, ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no bɔ bɔne afɔre na ɔsan yɛ mpata ho ade ma onipa a wɔrehohoro ne ho afi ne kwata mu no ho; ɛno akyi no, ɔsɔfo no bekum ɔhyew afɔrebɔde no 20 na ɔde abɔ ɛne atoko afɔre wɔ afɔremuka no so de ayɛ mpata ama ɔbarima no na afei, wapae mu aka sɛ ne ho afi no.
21 “Sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrentumi ntɔ nguamma abien no a, ɛno de, ɔde oguamma nini baako bɛbɔ afɔdi afɔre no de ama Awurade sɛ mpata a wohim wɔ afɔremuka no anim; na wɔde asikresiam fitaa muhumuhu lita abien ne fa a wɔde ngo afra de abɔ atoko afɔre no a ngo tumpan ka ho. 22 Ɛno akyi no, ɔde mmorɔnoma abien anaa nturukuku mma abien mu biara a obenya no mu baako bɛbɔ bɔne afɔre na ɔde baako a ɛbɛka no nso abɔ ɔhyew afɔre.
23 “Da a ɛto so awotwe no, ɔde ne nyinaa bɛkɔ akɔma ɔsɔfo no wɔ Ahyiae Ntamadan no ano na ɔsɔfo no de adwira no wɔ Awurade anim. 24 Ɔsɔfo no bɛfa oguamma no de abɔ afɔdi afɔre. Ɔde ngo tumpan ma bɛka ho na wahim wɔ afɔremuka no anim de akyerɛ sɛ, wɔde rema Awurade. 25 Afei, wobekum oguamma no de no abɔ afɔdi afɔre na ɔde ne mogya no bi akeka ɔbarima a wɔredwira no no aso nifa ase. Ɔde mogya no bi bɛka ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti. 26 Ɔsɔfo no behwie ngo agu ɔno ara ne nsa benkum mu 27 na ɔde ne nsateaa nifa abɔ mu apete bi mpɛn ason wɔ Awurade anim. 28 Na ɛsɛ sɛ ɔde ngo a ɛwɔ ne nsam no bi ka ɔbarima no aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti sɛnea ɔyɛɛ mogya no, bere a ɔrebɔ afɔdi afɔre no. 29 Ngo no a ɛbɛka wɔ ne nsam no, ɛsɛ sɛ ɔde fɔw ɔbarima a wɔredwira no no ti ho de yɛ mpata wɔ Awurade anim. 30 Afei, ɛsɛ sɛ ɔde nturukuku abien anaa mmorɔnoma abien no mu biara a otumi tɔe no ba. 31 Wɔde abien a onyae no mu baako bɛbɔ bɔne afɔre na baako a aka no, ɔde abɔ ɔhyew afɔre a saa bere no ara mu wɔbɛbɔ atoko afɔre nso, na ɔsɔfo no bɛyɛ mpata ama ɔbarima no wɔ Awurade anim.”
32 Eyinom ne mmara a ɛfa wɔn a wɔtew wɔn ho ma wɔn ho fi kwata mu nanso wontumi mfa afɔrebɔde a ɛho hia no nyinaa mma no.
33 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, 34 “Sɛ mudu Kanaan asase a mede ama mo no so, na sɛ mede kwata kɔ afi bi mu a, 35 ɛno de, ofiwura no nyi ne ho adi nkyerɛ ɔsɔfo no na ɔnka se, ‘Ɛyɛ me sɛ kwata wɔ me fi ha!’ 36 Ɔsɔfo no bɛhyɛ ama wɔatu ofie hɔ nneɛma nyinaa ansa na wahwɛ hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ ɔka se kwata wɔ fie hɔ a, ɛrengu biribi foforo ho fi wɔ hɔ. 37 Sɛ ohu nsensansensan ahabammono anaa kɔkɔɔ wɔ ofie no afasu ho a anonom kɔ afasu no mu a, 38 ɔbɛto ofi no mu nnanson 39 na ne nnanson so no, wasan aba bio abɛhwɛ. Na sɛ nsensansensan awurawura afasu no mu a, 40 ɛno de, ɔsɔfo no bɛhyɛ ama wɔawerɛwerɛw nsisii no afi hɔ na wɔatow nwerɛwerɛwee no agu baabi a ɛhɔ ntew wɔ kurow no akyi baabi. 41 Afei, ɔbɛhyɛ ama afasu a ɛwɔ ofi no mu no, wɔawerɛwerɛw no yiye na wɔatow nwerɛwerɛwee no agu baabi a ɛhɔ ntew wɔ kurow no akyi baabi. 42 Na wɔde abo foforo bi abɛhyɛ nea wɔwerɛwerɛw no anan na wɔde dɔte foforo asra ofi no ho.
43 “Na sɛ nsisii no ba bio a, 44 ɔsɔfo no bɛba bio abɛhwɛ na sɛ ohu sɛ nsisii no atrɛtrɛw a, na ɛyɛ kwata na ɛkyerɛ sɛ ofi no ho ntew. 45 Sɛ ɛba saa a, ɔbɛhyɛ ama wɔabubu ofi no agu. Wɔbɛtwe mmubui no mu abo, nnua ne dɔte no nyinaa afi kurow no mu de akogu kurow no akyi baabi a ɛhɔ ntew.
46 “Obiara a obewura ofi a wɔato mu no mu no ho ntew kosi anwummere. 47 Na obiara a ɔbɛda hɔ anaa obedidi wɔ fie hɔ no bɛhoro ne nneɛma nyinaa.
48 “Na sɛ wɔsra ofi no ho bio na ɔsɔfo no bɛhwɛ na nsisii no mmaa bio a, ɔbɛpae mu aka se wɔatew ofi no ho na kwata no nso kɔ. 49 Obedi ofi no ahodwira ho dwuma. Ɔde nnomaa abien, sida dua, asaawa kɔkɔɔ ne adwerɛ mman na ebedi saa dwuma no. 50 Obekum nnomaa no baako wɔ nsu pa a ɛwɔ asanka mu so, 51 na ɔde sida dua no ne adwerɛ mman ne hama kɔkɔɔ ne anomaa a wonkum no no anu anomaa a wɔakum no nsu pa no so no mogya mu na wɔde apete ofi no mpɛn ason. 52 Wɔyɛ eyi de tew ofi no ho. 53 Afei, obegyaa anomaa a onwui no ama watu akɔ kurow no akyi baabi. Eyi ne ɔkwan a wɔfa so de yɛ mpata de ma ofi san de dwira ho no.”
54 Eyinom ne mmara a ɛfa mmeaemmeae a kwata ba hɔ no ho. 55 Sɛ ɛyɛ atade mu anaa ofi mu, 56 anaa ɔhonam ani ahonhon, anaa ɔhyehyew mu mpumpunnya anaa ɔhonam ani baabi a ɛhɔ ayɛ hyerɛnn. 57 Saa ɔkwan yi so na wɔbɛfa ahu sɛ ɛyɛ kwata anaa ɛnyɛ kwata.
Eyi nti na wɔhyɛɛ saa mmara yi.