15
Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, “Monhyɛ saa mmara yi mma Israelfo: ‘Ɔbarima biara a ne ho bɛsen nsu no, saa nsu no yɛ fi. Sɛ ɛkɔ so sen o, egyae o, agu ne ho fi. Fi a nsu a egu no no de bɛba ni:
“ ‘Mpa a ɔbɛda so ne biribiara a ɔbɛtena so nso ho gu fi. Obiara a ɔde ne ho ka ɔbarima no mpa ho gu fi kosi anwummere, enti ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na oguare. Obiara a ɔbɛtena akongua a ɔbarima no atena so so ho gu fi kosi anwummere, enti ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na oguare.
“ ‘Saa mmara yi ka obiara a ɔde ne ho bɛka ɔbarima no.
“ ‘Obiara a ɔbarima no bɛte ntasu agu ne so no ho ntew kosi anwummere, enti ɛsɛ sɛ onii no horo ne ntama na oguare.
“ ‘Ɔpɔnkɔ agua biara a ɔbɛtena so no ho agu fi. 10 Obiara a ne ho bɛka biribiara a aka saa onipa no ase no ho ntew kosi anwummere, enti ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na oguare.
11 “ ‘Sɛ onipa a ne ho ntew no koso obi mu na wanhohoro ne nsa ansa a, ɛsɛ sɛ onipa ko no horo ne ntama, guare, efisɛ ne ho ntew kosi anwummere.
12 “ ‘Sɛ saa onipa no so asanka biara mu a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ no na sɛ ɛyɛ mukaase biribi a wɔde dua na asen de a, ɛsɛ sɛ wɔde nsu hohoro ho.
13 “ ‘Sɛ nʼahosen no twa a, ɛsɛ sɛ ɔde nnanson fi ahodwira ho ahosiesie ase na ɔhoro ne ntama na okoguare wɔ asubɔnten mu. 14 Da a ɛto so awotwe no, ɔde nturukuku abien anaa mmorɔnomamma abien bɛba Awurade anim wɔ Ahyiae Ntamadan no ano na ɔde ama ɔsɔfo no. 15 Ɔsɔfo no de wɔn bɛbɔ afɔre a baako yɛ bɔne ho afɔre na baako no nso yɛ ɔhyew afɔre; na ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfo no bɛyɛ mpata wɔ Awurade anim ama ɔbarima no, esiane nʼahosen no nti.
16 “ ‘Sɛ ɔbarima biara ho nsu gu a, ɛsɛ sɛ oguare ne ho nyinaa, efisɛ ne ho nso ntew kosi anwummere. 17 Ntama anaa mpasotam biara a ho nsu no bi begu mu no, ɛsɛ sɛ wɔhoro, efisɛ ɛho ntew kosi anwummere. 18 Sɛ ɔbarima fa ɔbea a, wɔn nna no akyi, ɛsɛ sɛ ɔbea no ne ɔbarima no nyinaa guare, efisɛ wɔn ho ntew kosi anwummere.
19 “ ‘Sɛ ɔbea kɔ afikyiri a, ne ho ntew nnanson mu. Saa bere no mu, obiara a ɔde ne ho bɛka no no nso ho ntew kosi anwummere.
20 “ ‘Biribiara a ɔbɛda so anaa ɔbɛtena so saa bere no mu no nso ho agu fi. 21 Obiara a ɔde ne nsa bɛka ne mpa anaa biribiara a ɔtena so no bɛhoro ne ntama, aguare, efisɛ onipa no ho agu fi kosi anwummere. 22 Sɛ obi so biribi a watena so mu nso a, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na oguare, efisɛ ne ho agu fi kosi anwummere. 23 Sɛ ɛyɛ ne mpasotam anaa nʼakongua, obiara a ne ho bɛka no ho begu fi akosi anwummere.
24 “ ‘Sɛ ɔbarima ne no da saa bere yi mu a, ɔbarima no ho gu fi nnanson; na mpa biara a ɔbarima no bɛda so no nso ho gu fi.
25 “ ‘Sɛ bere du sɛ ofi nanso mogya da so ba anaasɛ mogya ba bere a ɛnsɛ mu wɔ ɔsram no mu a, mmara koro no ara na wɔde ka ho asɛm, 26 na ɛkyerɛ sɛ, biribiara a ɔbɛda so saa bere no ho agu fi te sɛ nea nʼafikyikɔ bere mu ɔtena biribi so a, ɛho gu fi no ara pɛ. 27 Obiara a ɔde ne nsa bɛka ne mpa anaa biribiara a ɔtena so no ho agu fi a ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama, san guare, efisɛ ne ho ntew kosi anwummere.
28 “ ‘Nnanson akyi, sɛ afikyikɔ no twa a, na onni efi mu bio. 29 Da a ɛto so awotwe no, ɔde nturukuku abien anaa mmorɔnomamma abien bɛkɔ akɔma ɔsɔfo no wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. 30 Ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no de baako bɔ bɔne ho afɔre na ɔde baako bɔ ɔhyew afɔre na ayɛ mpata ama ɔbea no wɔ Awurade anim wɔ nʼafikyikɔ mu no ho.
31 “ ‘Saa ɔkwan yi so na sɛ Israelfo no bi ho gu fi a, mobɛfa de atew wɔn ho; anyɛ saa a, esiane sɛ wɔagu mʼAhyiae Ntamadan a esi wɔn mu no ho fi nti, wobewuwu.’ ”
32 Eyinom ne mmara a ɛwɔ hɔ ma ɔbarima a ne ho sen 33 ne ɔbea a wakɔ afikyiri ne obiara a ɔde ne ho ka ɔsakyimafo wɔ bere a ne ho ntew no mu no.