11
Israelfo Anwiinwii
Ankyɛ biara na nnipa no fii ase nwiinwii sɛ nneɛma nkɔ yiye mma wɔn, na Awurade tee. Nʼabufuw sɔree wɔ wɔn anwiinwii no ho. Eyi nti, Awurade maa ogya bɛhyew beae a na wɔte hɔ no mfikyiri baabi. Wɔteɛteɛɛ mu frɛɛ Mose sɛ ommegye wɔn no, ɔbɔɔ mpae srɛɛ Awurade maa wɔn na ogya no dumii. Efi saa bere no, wɔtoo beae hɔ din se Tabera a ne nkyerɛase ne “Ahyewee,” efisɛ ogya a efi Awurade nkyɛn no hyew wɔn atenae hɔ.
Misraimfo a na wɔwɔ wɔn ntam no kɔn dɔɔ nneɛma pa a na ɛwɔ Misraim no. Eyi amma Israelfo no ani ansɔ baabi a na wɔwɔ hɔ no, enti wosui se, “Hena na ɔbɛma yɛn aduan adi? Yɛkae nsumnam a yɛwee wɔ Misraim mpoano no. Saa ara nso na na yenya kokumba, ɛfere, gyeene ne galik di no. Nanso mprempren de, yɛn anom ato; yenhu hwee sɛ mana nko ara.”
Na mana no kɛse te sɛ wusa aba na ɛsɛ ɛhyɛ a awaawae afi dubona ho agu fam. Nnipa no tase fii fam na wɔayam anaa wɔasiw wɔ ɔwaduru mu ma adan esiam. Wowie a, wɔnoa de bi yɛ tetare. Woka wʼano a, ɛte sɛ tetare a wɔakyew wɔ nhabamma ngo mu. Obosu tɔ wɔ wɔn atenae hɔ Anadwo a na mana no nso tɔ.
10 Mose tee sɛ mmusuakuw no nyinaa gyinagyina, atwa wɔn ntamadan ho ahyia resu. Eyi hyɛɛ Awurade abufuw yiye, na ɛhaw Mose nso. 11 Mose bisaa Awurade se, “Adɛn nti na wode ɔhaw sɛɛ aba wʼakoa so? Dɛn na mayɛ atia wo a na wode saa nnipa a wɔte sɛɛ yi nyinaa adesoa abɛsoa me? 12 Me na minyinsɛn nnipa yi nyinaa? Me na mewoo wɔn? Adɛn nti na wuse minturu wɔn wɔ me nsa so sɛ nkokoaa nkosi sɛ yebedu asase a wohyɛɛ wɔn agyanom ho bɔ no so? 13 Ɛhefa na merekɔfa nam abrɛ nnipa yi? Wosu kyerɛ me se, ‘Ma yɛn nam nwe!’ 14 Me nko ara rentumi nsoa ɔman yi! Adesoa no mu yɛ duru ma me dodo! 15 Na sɛ saa na wo ne me bedi no de a, mesrɛ, kum me, sɛ manya wʼanim anuonyam a, na mma minnhyia mʼankasa me sɛe.”
16  Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Frɛ Israelfo mpanyimfo no mu aduɔson ma me; fa wɔn bra Ahyiae Ntamadan no mu na wo ne wɔn nnyina hɔ. 17 Mɛba hɔ na me ne wo abɛkasa na honhom a ɛwɔ wo so no, mɛfa na mede akogu wɔn nso so bi; ɛba saa a, wɔne wo bɛsoa nnipa no adesoa sɛnea ɛrenyɛ wo nko ara wʼadesoa.
18 “Ka kyerɛ nnipa no se: Munnwira mo ho na ɔkyena, mubenya nam awe. Ka kyerɛ wɔn se, ‘Awurade ate mo sufrɛ a ɛfa nneɛma a mugyaw no Misraim no ho na ɔrebɛma mo nam na mobɛwe. 19 Ɛnyɛ da koro anaa nnaanu anaa nnaanum anaa nnadu anaa aduonu! 20 Na ɔsram baako mu, mobɛwe nam ara ama afono mo ama afa mo hwene mu. Efisɛ moapo Awurade a ɔka mo ho wɔ ha no, na moasu wɔ nʼanim se, adɛn nti na yefii Misraim?’ ”
21 Mose kae se, “Mmarima nko ara mpem ahansia na wɔwɔ ha, ɛno na woahyɛ wɔn bɔ sɛ wobɛma wɔn nam awe ara ɔsram! 22 Sɛ yekum nguan ne anantwi ma wɔn a ɛbɛso wɔn ana? Sɛ wɔkyere po mu nam nyinaa ma wɔn a ɛbɛso wɔn ana?”
23 Na Awurade bisaa Mose se, “So Awurade basa yɛ tiaa dodo ana? Afei wubehu sɛ mʼasɛm yɛ nokware anaa ɛnyɛ nokware.”
24 Enti Mose fii Ahyiae Ntamadan no mu hɔ kɔkaa nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ nnipa no. Ɔboaboaa mpanyimfo aduɔson ano ma wotwaa Ahyiae Ntamadan no ho hyiae. 25 Na Awurade nam omununkum mu baa fam ne Mose kasae, na ɔfaa honhom a ɛwɔ Mose so no de guu mpanyimfo aduɔson no so. Bere a honhom no baa wɔn so kakra no, wɔhyɛɛ nkɔm mmere tiaa bi mu.
26 Nanso na mpanyimfo aduɔson no mu baanu a wɔfrɛ wɔn Eldad ne Medad da so wɔ wɔn atenae hɔ. Na bere a honhom no baa wɔn so wɔ hɔ no, wɔhyɛɛ nkɔm wɔ hɔ. 27 Mmerante bi tuu mmirika kɔbɔɔ Mose asɛm a asi no ho amanneɛ 28 na Nun babarima Yosua a na wɔayi no sɛ ɔnyɛ Mose boafo no ampene so, na ɔkae se, “Me wura Mose, ma wonnyae!”
29 Mose bisaa no se, “Me ho na woretwe ninkunu yi? Ɛkaa me nko a, na anka Awurade nkurɔfo nyinaa yɛ adiyifo a Awurade de ne honhom agu wɔn nyinaa so!” 30 Na Mose ne Israel mpanyimfo no san kɔɔ wɔn atenae hɔ.
31 Na Awurade bɔɔ ahum maa ɛde mmoko fi po mu beguu atenae hɔ ne ɛho mmaa nyinaa. Baabiara a obi bɛfa no, na nnomaa yi bi atu nenam asase ani bɛyɛ anammɔn anan. 32 Enti da mu no nyinaa, nnipa kyekyeree mmoko no bi kunkum wɔn awia ne anadwo ne nʼadekyee nso. Nea wannya bi no koraa na onyaa susukoraa ɔha! Mmoko buu so wɔ atenae hɔ nyinaa. 33 Na nnipa no fii ase wee mmoa no bi no, Awurade bo san fuw wɔn maa ɔde ɔyaredɔm kum wɔn mu fa kɛse no ara. 34 Enti wɔtoo beae hɔ din se Kibrot-Hataawa a nkyerɛase ne, “Akɔnnɔ ɔda” efisɛ wɔn a na wɔn ani bere nam na wɔn kɔn adɔ Misraim tena no na wosiee wɔn wɔ hɔ.
35 Ɔman no tu fii Kibrot-Hataawa hɔ kɔtenaa Haserot.